AK/Prabhupada 0028 - Buddha yɛ Nyame

The printable version is no longer supported and may have rendering errors. Please update your browser bookmarks and please use the default browser print function instead.


Lecture on Sri Isopanisad, Mantra 1 -- Los Angeles, May 3, 1970

Gargamuni: (ɔkenkan:)"Ɛye mfomso sɛ wobɛ dwene sɛ wogyae nam di a wo betumi abu afa ewiase mmara so a wonya asotwe. Nhabanma nso wɔ nkwa. Nkwa bi yɛ aduan nkwa foforo bi. Eyi yɛ abɔde nhyhyɛe. Ɛnsɛ sɛ obiara hoa hoa ne ho sɛ ɔnni nam enti. Nea ehia ne sɛ wobehu Awurade. Mmoa enni nimdeɛ a wɔde be hu Awurade nanso nipa wɔ saa nimdeɛ no.

Prabhupāda: Eyi ne asem no ti. Buddha asom fo no wɔnso wonni nam Buddha nkerɛkyerɛ no...... Nansa yi biribiara agyigya, nanso Buddha nkyerɛkyerɛ no ne botae ne sɛ abɔnefo be gyae mmoa kum. Ahiṁsā paramo dharma. Agya Buddha mmae no w'akyerɛ mu wɔ Śrīmad-Bhāgavatam ɛne Vedic kyerɛwsɔm no bebree mu. Sura-dviṣām. Ɔba bɛ dadaa mmonsamfo no. Mmonsamfo...Ɔyɛɛ nhyehyɛe bi de dadaa mmonsam fo no. Ɔyɛɛ dɛn dadaa wɔn? mmonsamfo no, wo tia Nyankopɔm mmara. Wonnye Nyankopɔn nni. Enti, Agya Buddha kyerɛɛ sɛ, "Yiw, Onyame biara nni hɔ. Nanso, monni m'asɛ no so." "Yaa, awura." Nanso ɔyɛ Nyame. Eyi yɛ nnadaa. Wonnye Nyame nni, nanso wogye Buddha di, sɛ Buddha yɛ Nyame. Keśava-dhṛta-buddha-śarīra jaya jagadīśa hare. Enti eyi ne nsonsonoe a ɛda ɔbonsam ɛne Nyame ɔsomfo ntam. Ɔsomfo no hu sɛnea Kṛṣṇa, Keśava, redadaa abɔnefo no. Ɔsomfo no te ase. Nanso, mmonsamfo no de, ɛyɛ wɔn sɛ, " Oh, y'anya ɔkandifo papa. Onnye Nyame nni." (Ɔserew) W'ahu? Sammohāya sura-dviṣām (SB 1.3.24). The exact Sanskrit word is stated in the Śrīmad-Bhāgavatam. Moahu, Wɔn a wɔakan: sammohāya, for bewildering sura-dviṣām. Sura-dviṣām kyerɛ sɛ nipa a wɔn ani bere Nyame akyidifo ana Vaiṣṇava fo. Wɔn a wonnye Nyame nni no, abonsamfo no, bere biara wɔn ani bere Nyame asomfo. Eyi yɔ abode ho mmara W'ahu agya yi. Agya abɛdan ne ba barima a w'adi mfe anum pɛ tanfo Nfomso bɛn na ɔyɛe? Ɔsom Nyame. Ɛno ara nen. Abarimaa, ɔnyɛɛ bɔne biara. Ne nfom ara ne sɛ, ɔtonton Hare Kṛṣṇa. Agya no ara tan ne ba no: "Monkum abɔfra yi." Enti sɛ agya nso betumi atan ne ba a, na wɔn a aka nso ɛ? Enti mo nna nhu sɛ, wo si wo bo sɛ wobɛsom Awurade a, ewiase nyinaa bɛtan wo. Ɛno ara nen. Nanso ɛsɛ sɛ wo ne wɔn bɔ so, esiane sɛ Nyame apaw mo sɛ ne nkoa. Mo asɛde ne sɛ mo bɛ kyerɛ wɔn kwan. Enti mo rentume nnyɛ. Te sɛ Awurade Nityānanda, Na w'apira nanso, ogyee Jagāi-Mādhāi. Mo nfa eyi nsi moani so. Berebi wɔ hɔ a nnadaa kakra bɛba mu. bere bi wɔ hɔ a mo be pira, nsɛm pii. Nea ehia ara ne sɛ nipa bɛsom Kṛṣṇa. Eyi ne yɛn botae. Ɔkwan biara so, yɛntwe asisifo yi mmra Kṛṣṇa nkyɛn.