AK/Prabhupada 0030 - Krishna regye n'ani kɛkɛ



Sri Isopanisad, Mantra 2-4 -- Los Angeles, May 6, 1970

"Awurade te n'ahenman mu de nanso, ne ho hare kyɛn adwene ho hare ne ho yɛ hare kyɛn nipa nyinaa a wɔretu mmirika. Anyame a wɔwɔ ahoɔden no mpo entumi mmɛn No. Ɔte faako nanso, Ɔwɔ tumi wɔ wɔn a wɔkyɛ mframa, osu. Ɔkyɛn wɔn nyinaa." W'akyerɛ eyi ase wɔ Brahma-saṁhitā mu: goloka eva nivasaty akhilātma-bhūtaḥ (Bs. 5.37). Kṛṣṇa, bere nyinaa ɔwɔ Goloka Vṛndāvana mmom, na onni hwee yɛ. Nea ɔyɛ ara ne sɛ ɔne ne dɔm regye wɔn ani Ne nnamfo mmabaa (gopīs), Ne nnamfo mmarima a ɔne wɔn hwɛ anantwi, Ne na N'agya Ahotɔ, ahotɔ mapa.Na ne dɔm no nso wɔn nyinaa wɔ ahotɔ mu koraa. Esiane sɛ ne dɔm no mu biara a asɛm bɛto no no, Kṛṣṇa yam hyehye no fa ɔkwan a obegye no ho Nanso ne dɔm no de, wonni ayɛm hyehye biara. "Oh, Kṛṣṇa wɔhɔ." Hwɛ. (Ɔserew) Ne dɔm no wonni ayamhyehye. Asɛm biara a ebesi biara no, mo kenkan wɔ Kṛṣṇa homa no mu - amanenyasɛm bebree. Mmerantewaa no, wɔne Kṛṣṇa, dabiara wɔde anantwi no kɔ adidi na wogoru wɔ pɔw no mu wɔ asu Yamunā,ano na Kaṁsa asoma bonsam bi se omme kum wɔn. Enti moahu, mo hu mfoni nso. Enti, wogye wɔn ani efisɛ wɔwɔ awerɛhyɛmu. Eyi nesunsum mu abrabɔ no.Avaśya rakṣibe kṛṣṇa viśvāsa pālana. Saa gyedi sɛ "Asɛm biara a ɛbɛto me no, Kṛṣṇa betwitwa agye me," eyi yɛ ahobrɛase."

Ahobrɛase wɔ mu ahorow asia Nea edi kan ne sɛ, yɛbegye nea ɛbɛboa ama yɛn Nyamesom adi mu; na nea ɛmmoa ma yɛn Nyamesom enni mu no y'atwe yɛn ho wɔ ho. Nea edi hɔ bio ne sɛ yɛne Awurade n'asomfo bɛffa yɔnko. Ɛte sɛnea Kṛṣṇa wɔ ayɔnkofo bebree no....wo betumi... Wore tu mpɔn wɔ Nyame mu no na wo rete wo ne no ayɔnkofa no ase Na sɛ wode woho hyɛn saa ayɔnkofa yi mu a, nea ɛtɔ so bio ne sɛ wobenya awerɛhyɛmu sɛ "Kṛṣṇa bɛbɔ me ho ban." Nokware, Ɔrebɔ obiara ho ban. Eyi yɛ nokware. Sɛ yɛwɔ nnadaa (māyā ) mu a y'adwene ne sɛ yɛrebɔ yɛn ho ban, yɛre hwɛ yɛn ho. Daabi. Eyi nni nokware.