AK/Prabhupada 0053 - Nea edi kan ne sɛ yɛbɛ te

The printable version is no longer supported and may have rendering errors. Please update your browser bookmarks and please use the default browser print function instead.


Lecture on SB 2.1.5 -- Delhi, November 8, 1973

Enti yɛn nso yɛyɛ prakṛti. Yɛyɛ Awurade n'ahoɔden no fa bi. Na esiane sɛ yɛde ewiase neɛma yɛ nea ehia yɛn no nti, ewiase nneɛma ho aba mfaso. Annyɛ saa de a, mfaso biara enni so, hwee. Nanso yɛn botae ne sɛ... W'aka eyi wɔ ha sɛ, esiane mprenpren ewiase nsɛm a abra yɛn no nti... Ewiase yi nnyɛ y'asɛm. Y'asɛm ne ɔkwan a yɛ bɛfa so afi ewiase yi mu. Eyi ne yɛn ahiasɛm. Sɛ w'anigye saa asɛde yi a, nkyerɛkyerɛmu no ni. Ɛne dɛn? Śrotavyaḥ kīrtitavyaś ca. Sɛ w'ante a, ɛbɛ yɛ dɛn na w'ate ase? Sɛ wote Awurade, Kṛṣṇa ase, na wote ase sɛ woyɛ Awurade ne fa bi a, ana Kṛṣṇa, ɛno na wobɛte wo gyina bea ase: Oh, yɛyɛ Awurade ne fa bi." Kṛṣṇa yɛ nipa nyinaa Agya, ṣaḍ-aiśvarya-pūrṇam, ndepa ahyɛ no ma. Ɛte sɛ abɔfra bɔdam fo a ɔnenam lɔɔre kwan so Sɛ ɔte ne ho ase sɛ "M'agya yɛ osikani ɔsan yɛ otumfo mapa , na dɛn nti na me nenam lɔɔre kwan so sɛ ɔbɔdamfo yi? Ɔkɔm de me, menni baabi a mɛda. Mekyin afi afi mu na mesrɛ ade." Na w'bɔ ne ho piriw. Wɔfrɛ eyi sɛ brahma-bhūta (BG 18.54) gyina bea. "Oh, mennyɛ honam dua yi. Meyɛ ɔkra, Awurade ne fa bi. Oh"

Eyi yɛ piriw bɔ. Saa piriw bɔ yi na yɛpɛ sɛ yɛ hwenhyan. Eyi ye adwuma titiriw ma adasamma, sɛ yɛ bɛ bɔ wɔn kɔkɔ. N'adwene ara ne sɛ "me yɛ ɔhonam dua yi. enti ɛsɛ sɛ me bɔ m'agyapade ho ban ewiase yi mu." Eyi yɛ sɛbe, nkwaseasɛm. Nimdeɛ ne Brahma-bhūta, ahaṁ brahmāsmi ahaṁ brahmāsmi "me yɛ Awurade fa bi. Awurade yɛ akra nyinaa agya. Me yɛ ne fa bi..."Ɛte sɛ nea sika kɔkɔɔ ne fa bi ne baabi a wotu sika kɔkɔɔ no Ebia na ɛsɛ asom ade ketewa bi, nanso ɛyɛ sika kɔkɔɔ. Saa ara, sɛ wosaw po nsu a, nkyene wo mu te sɛ po kakraa no ara. Saa ara, yɛa a yɛyɛ akra nkumaa a yefi Awurade mu no, yɛwɔ Awurade su no bi Ɔkwan bi so no yɛne Agya no yɛ biako. Adɛn nti na yɛpɛ ɔdɔ wɔ wiase yi mu? Esiane sɛ ɔdɔ wɔ Kṛṣṇa mu. Yɛ som Rādhā-Kṛṣṇa. Wɔn ne ɔdɔ nyinaa fare bae. Enti esiane sɛ yefi Awurade mu bae enti, yɛn nso yɛ pɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho Ɔbarima kyerɛ ne dɔ dema ɔbea, saa ara na ɔbea nso dɔ ɔbarima. Eyi yɛ nipa ho ade. Ɛnnyɛ ade foforo.Nanso ewiase dɔ nnyɛ ɔdɔ kann. Eyine yɛn haw. Sɛ yeyi yɛn ho fi ewiase nneɛma ho a na y'ayɛ ānandamayo 'bhyāsāt (Vedānta-sūtra 1.1.12), yɛn ani agye....Te sɛ Kṛṣṇa resaw.....Kṛṣṇa, wunhu no da sɛ..... W'ahu Kṛṣṇa mfoni no. Ɔne Kāliya ɔwɔ re ko no. Ɔresaw. Onsuro ɔsɔ no. Ɔresaw. Sɛnea ɔne gopī fo no saw wɔ rāsa-līlā mu no, saa ara na ɔne ɔwɔ no saw no. Esiane sɛ ɔyɛ ānandamayo 'bhyāsāt. Ɔyɛ ānandamaya, bere biara n'ani agye. Daa. Wo be hu Kṛṣṇa... Kṛṣṇa... Ɛte sɛ bere a ɔko re kɔso Kurukṣetra no. Kṛṣṇa ani agye. Arjuna nso de esiane sɛ ɔyɛ abɔde nti ne werɛ ahow nanso, Kṛṣṇa de ne werɛ nhow yɛ. N'ani agye. Awurade su ni. Ānandamayo 'bhyāsāt. Eyi ne sūtra no, wɔ Brahma-sūtra, mu no, "Awurade yɛ ānandamaya, daa n'ani agye, daa." Enti, sɛ wo nso wo san kɔ fie, ɔsoro ahenman mu a w'ani begye. Eyi ne yɛn haw.

Enti yɛ bɛ yɛ dɛn akɔ hɔ? Nea edi kan ne sɛ yɛ bɛte.Śrotavyaḥ. Tie Awurade ne n'ahenman ho nsɛm, sɛnea ɔyɛ ne nnwuma, sɛnea ɔwɔ anighe mu no. Tie eyi ho nsɛm. Śravaṇam. Wo bɛ te ase, "Oh, Awurade yɛ dɛ," eyi bɛ hyɛ wo nkuran ama wo nso w'adi asɛm yi ho adanse akyerɛ wiase aman nyinaa. Eyi yɛ kīrtanam. Eyi yɛ kīrtanam.