AK/Prabhupada 0065 - Obiara ani begye



Arrival Lecture -- Gainesville, July 29, 1971

Awura Ɔhɔho: So mo wɔ asɛde bi wɔ mo kuw yi mu ma nipa bi a wɔn ani gye Kṛṣṇa som ho nanso wɔmmɔ Hare Kṛṣṇa mpae yi adekyee ne adesae nyinaa?

Prabhupāda: Daabi, ɔkwan a yɛfa so som no te sɛ wode nsu agu dua ntini so no, ahaban ne dua mu no nyinaa benya nsu no bi na w'anyin ayɛ fɛfɛ. Nanso, sɛ wo de nsu no gu ahaban no nkutoo so a, ahaban no ne dua no nyinaa bewu. Sɛ wodi aduan gu wo yafunu mu a, nsatea, tiri nwi, ayorɔw ne nipadua no nyinaa benya aduan no mu ahoɔden no bi. Nanso, wode aduan no hyɛ wonsa mu na w'anfa amma yafunu no a, mfaso biara nni so. Enti sɛ Kṛṣṇa dɔ nni hɔ a mmoa a yɛde boa nipa no nyinaa ho nni mfaso biara W'ɔfa akwan horow bebree so resom adasa, Nanso wɔbrɛ gu esiane sɛ Kṛṣṇa dɔ no nni wɔn mu. Na wɔkyerɛ nipa nyinaa sɛnea wɔbɛ dɔ Kṛṣṇa a, obiara ani begye. Obiara a ɔbɛdɔm, nea ɔbɛte, nea ɔde n'ahoɔden bɛboa - obiara ani begye. Enti ɔkwan no nnyɛ den. Sɛ wodɔ Awurade a, wobɛdɔ obiara. Ɛte sɛ Kṛṣṇa somfo, esiane sɛ ɔdɔ Awurade nti, ɔdɔ mmoadɔma nyinaa. Ɔdɔ nnomaa, mmoa, obiara. Nanso ewiase dɔ kyerɛ sɛ wodɔ nipa bi nanso, wokum mmoa. Adɛn nti na wɔnnɔ mmoa? Esiane sintɔ nti. Nanso Kṛṣṇa somfo renkum aboa, ɔnhaw mmoa mpo. Eyi ne ɔdɔ ankasa. Sɛ wodɔ wo nua barima ana wo nua baa a,eyi nnyɛ ɔdɔ pa. Ɔdɔ pa kyerɛ sɛ wodɔ obiara. Saa ɔdɔ yi Kṛṣṇa som yi mu nkutoo na wobenya no.

Ɔhɔho Ababaa: Me nim sɛ w'akyidifo yi bi ne wɔn abusua adi mpapaa mu, wɔne wɔn awofo adi mpapaamu, ahyɛ wɔn awerɛhow, esiane sɛ awofo no nte ase Ɛdɛn asɛm na wo ka wɔ asɛm yi ho?

Prabhupāda: Abarimaa a w'adɔm Kṛṣṇa kuw no, ɔresom n'awofo, n'abusua ne ne man wɔ nokware mu sɛ w'andɔm Kṛṣṇa kuw yi a ɔsom bɛn na wɔde som wɔn awofo? Mpɛn pii wɔn mu akyekyɛ. Nanso, Prahlāda Mahārāja na ɔyɛ ɔsomfo mapa na n'agya de okyi Nyamesom koraa, eyi nti Nṛsiṁhadeva kum ne papa. Nanso bere a Awurade ka kyerɛɛ Prahlāda Mahārāja se ommisa nhyira no ne mmuae ne sɛ "Owura, mennyɛ oguadifo" ɛte sɛ m'ayɛ adwuma ama Wo na woretua me ka no. Me srɛ so." Asɛm yi sɔɔ Nṛsiṁhadeva ani papa: "Ɔsomfo pa ni." Nanso, ɔsomfo pa yi ara san bisaa Awurade sɛ, "M'awurade, me papa nnye Nyame nni, na w'ayɛ bɔne bebree, Enti mesrɛ sɛ wobegye me papa." Nṛsiṁhadeva buae no se, "Esiane wo nti M'agye wo papa dedaw. Ne bɔne nyinaa akyi, M'agye no esiane sɛ woyɛ ne ba nti. Ɛnnyɛ wo papa nko, na mmom wo papa ne papa kosi awo ntoatoa so ɛson, M'agye wɔn nyinaa. Enti, sɛ Vaiṣṇava bi pue wɔ abusua bi mu a, ogye ne papa ne awo ntoatoa so bebree. Enti eye ma abusua biara sɛ obi bɛsom Kṛṣṇa wɔ abusua no mu. Meka wo asɛm bi a asi. M'asuafo no mu biako, Kārttikeya, ne maame ani gye afekuw bɔ ho yiye enti mpɛn pii sɛ ɔpɛ sɛ ohu ne maame a, ne maame se " Tena ase. Mekɔ asaw kuw aba. Sɛnea wɔn ntam te ara ni. Eyi nyinaa akyi, esiane sɛ abrantewaa yi ɔyɛ Kṛṣṇa somfo nti, mpɛn pii odi Kṛṣṇa ho adanse kyerɛ ne maame. Bere a ne maame be wu no obisaa ne ba no se, "Wo Kṛṣṇa no ɔwɔ he?" Ɛhɔ ara na owui. Eyi kyerɛ sɛ bere a ɔrewu no ɔkae Kṛṣṇa na ɛhɔ ara onyaa nkwagye. W'aka asɛm yi wɔ Bhagavad-gītā mu, yaṁ yaṁ vāpi smaran loke tyajaty ante kalevaram (BG 8.6). Obiara a ɔbɛkae Kṛṣṇa bere a ɔrewu no, ne bra adi mu. Enti, maame yi, esiane ne ba a ɔdɔm Kṛṣṇa kuw no nti, onyaa nkwagye bere a w'annɔm Kṛṣṇa kuw no. Enti eyi ne mfaso no.