AK/Prabhupada 0071 - Nyame mma akwasampafo

Revision as of 15:47, 20 October 2018 by Vanibot (talk | contribs) (Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)


Room Conversation With French Commander -- August 3, 1976, New Mayapur (French farm)

Yɛyɛ Nyame mma a yɛn bra yɛ basabasa na yɛsɛe ade. Yɛyɛ Nyame mma, akyinnyegye biara nni ho, nanso mprenpren de, yɛyɛ basabasa. Y'asɛe yɛn bra, yɛyɛ basabasa. Enti Kṛṣṇa som no botae ne sɛ yɛbesiw basabasa yɛ yi ano. Na yɛde wɔn asan aba tebea papa mu, na wɔnsan wɔn akyi akɔ Agya no nkyɛn. Eyi ne Kṛṣṇa som no. Nipa yɛ basabasa, sɛ woka asɛm fa Awurade ho pɛ, wɔbɛserew, "Oh, dɛn ne nkwaseasɛm yi, Nyame." Eyi yɛ basabasa yɛ mapa. India yɛ kurow a efi tete wɔn ani gye Nyamesom ho. Mprenpren akannifo adwene ne sɛ India asɛe, nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔdwene Nyame ho - Wɔnnwene mpontu ho te sɛ Amerikafo ne Enyiresi abrɔfo. Enti eyi ne yɛn gyinabea, ɛnnyɛ den, yɛbetumi ayɛ biribi de aboa nipa nyinaa, ɛne sɛ yɛbɛbɔ Kṛṣṇa som yi ho dawuro Wɔn a wɔn ti bɛyɛ yie no, wɔbɛ so mu. Saa mmɔfra desɛefo basabasa yi, yɛwɔ nhwɛso bebree. Nhwɛso biako ne sɛ, ɛte sɛ yɛwɔ fam nnwo wonim nso sɛ wonya fam nnwo a wɔde kaa betu kwan na wɔn agyae apɔnkɔ a wɔde tu kwan Enti wɔbɛyɛ kaa bebree na wɔn asɛe fam nnwo no nyinaa.Eyi yɛ basabasa yɛ. Wowie a, na wosu. Na asa. Eyi na ɛre kɔso. Basabasayɛ. Ɛte sɛ abarimaa a ɔyɛ basabasa na ne papa agyaa no agyapade. Ɔsɛe no. Sɛnea wonya no saa ara na ɛbɛ sa, ɛno ara nen. Eyi yɛ basabasa yɛ. Ahoɔden kakra wɔ honam dua no mu, enti onya fiti ase di mpanyin agoru a, "Oh, ɔbesɛe ahoɔden no nyinaa." N'adwene ayɛ sɛ da mpan. Mfe dummien mfiti ase, obenyin adu mfe aduasa no na biribiara asa. Na n'ahoɔden asa. Yɛn mmɔfra ase - yɛnmmɔfra ase kyerɛ sɛ, mfe aduowɔtwe anaa mfe ɔha a atwa mu no - na kaa nni hɔ Ɛnnɛ, baabiara a wobɛkɔ no, wobehu kaa boro mpem mpem Eyi yɛ basabasa yɛ.Mfe ɔha a atwam kɔ no nakaa enni hɔ nanso wɔtenaa asomdwoe Mpenpren, sɛ kaa enni hɔ a wɔyɛ hwee a ɛnnyɛ yie Enti nneɛma a ɛho ahia ma nipa dua ne wiase asetena adɔɔso. Eyi yɛ basabasa yɛ Ɛna akannifo, a wɔhyɛ wɔn nkuran ma woye basabasa no, eyi yɛ akanni papa. Enti hena na ɔbɛka akyerɛ wɔn se, "Monnyae saa nsɛm hunu yi na mommɛdom Kṛṣṇa som yi," ɛnfa obiara ho Andhā yathāndhair upanīyamānās te 'pīśa-tantryām uru-dāmni baddhāḥ (SB 7.5.31). Eyi wɔfrɛ no ɔkannifo anifurae ni ɛne akyidi fo anifurae fo. Wonnim sɛ ɔbrasu mmara abra wɔn abien nyinaa. sɛnea ɔbrasu mmara yɛ adwuma ni. abra wɔn abien nyinaa. Wonni nimdeɛ Wonnim. Eyi yɛ nnɛɛmmafo anibuei ni. Sɛnea ɔbrasu mara yɛ adwuma ni. Sɛ ɛfa woho anaasɛ enfa wo ho no, ɛyɛ wɔn asɛm, nanso, ɔbrasu mmara no bɛyɛ adwuma. Prakṛteḥ kriyamāṇāni guṇaiḥ karmāṇi sarvaśaḥ (BG 3.27). saa asesafo yi, wonnim sɛnea ɔbrasu mmara bɛyɛ adwuma. Wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbedi ɔbrasu mmara yi so. Eyi yɛ abɔde nyansa, asesafo abɔde nyansa, a ɛrennyɛ adwuma, nanso woguso bɔ wɔn ho mmɔden. Eyi yɛ asesaa. Nkwaseasɛm. So abɔde nyansahufo nka saa daa? Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbenya anoyi ɔsesaafo, wontumi nnyɛ da. Saa asesasɛm yi rekɔso. Ɛna nnipa bɔ gye wɔn so, "Oh mo mmo, moayɛ ade." "Oh, mo kɔ ɔsram so." Nanso mmɔdenbɔ yi nyinaa akyi, "mfaso biara nni so." Ɛno ara nen. So wunim abasɛm no? Sakraman no? Ɔpɛe sɛ ɔbɛtew bobeaba, ohuruw, huruw, huruw. Annyɛ yie no, ose, "Oh, ennye. Ɛnnyɛ de, mfaso biara nni so." (serew). Enti saa ara na wɔyɛ. Sakraman a ohuruw huruw, ɛno ara. Enti yehu sɛnea saa asesaafo yi rehuruw huruw a mfaso biara nni so. (serew) Enti yɛbɔ nipa kɔkɔ sɛ wɔnntie saa sakraman abatamfo yi. Mo nnwen na monkae Kṛṣṇa . Eyi na ɛbɛma mo bra asi mo yiye.