AK/Prabhupada 0083 - Bɔ Hare Krishna mpae no na wo nsa bɛka biribiara a ehia wo

Revision as of 15:53, 20 October 2018 by Vanibot (talk | contribs) (Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)


Lecture on SB 7.9.11-13 -- Hawaii, March 24, 1969

Prahlāda Mahārāja se - y'aka saa asɛm yi dedaw - enhia nimdeɛ soronko biara Sɛ wobɛsɔ Awurade ani no de sukuu nimdeɛ soronko biara ho nhia Oh, ɛsɛ sɛ wotwa sukuu pɔn mu nsɔhwɛ, anaa sɛ ɛsɛ sɛ wowɔ sika tesɛ Rockefeller anaa Ford, anaa sɛ wobɛyɛ sɛɛ ana saa...Daabi. Ahaituky apratihatā. Sɛ wopɛ sɛ wodɔ Kṛṣṇa a, biribiara ensiw wo kwan Ɔkwan no abue. Nea ehia ara ne sɛ wobedi nokware. Ɛno ara nen Enti Kṛṣṇa bɛ prapra kwan ni mu ama wo. Nanso sɛ w'anni nokware dea, Kṛṣṇa māyā wɔ hɔ. obɛtwentwɛn w'anan mu berebiara. Ɛnnyɛ eyi, ɛnnyɛ eyi, ɛnnyɛ eyi. Enti, Prahlāda Mahārāja se "meyɛ abɔfra de, menni sukuu nimdeɛ biara, menni Vedas mu nimdeɛ biara, m'agya nsom Nyame, mensɛ na menfata Enti, nipa a wɔn koma mu tew na wɔn adwene mu abue, wɔn na wɔsom Awurade, wɔte Vedic nnwom, ne brāhmaṇafo, wɔn apɔw yiye Enti menni saa nimdeɛ no bi. Nanso, anyame akukudam yi nyinara asrɛ me sɛ Eyi kyerɛ sɛ Awurade ani wɔ me so. Annyɛ saa anka ɛyɛ dɛn na wɔsrɛ me? Enti nimdeɛ biara a mewɔ no me de bɔ afɔre ama Kṛṣṇa." Enti saa na Kṛṣṇa som yi te. nimdeɛ biara a wowɔ no eye fa ɛno ara fiti ase. fa saa nimdeɛ no som Kṛṣṇa Efisɛ, nimdeɛ titiriw ne anigye a wode bɛsom. Enti nya saa atenka no, ɛnnyɛ wiase nimdeɛ, ahoɔfɛ, ahonya, daabi saa nneɛma yi nyinaa, mfaso biara enni so. sɛ woyɛ osikani a, fa w'ahonya no som Kṛṣṇa Ɛno na eye.Ahonya ho nhia. Na w'atumi asom Kṛṣṇa.

Enti Prahlāda Mahārāja se, nīco ajayā guṇa-visargam anupraviṣṭaḥ pūyeta yena pumān anuvarṇitena. Afei obi bebisa se Prahlāda nso a n'agya nnye Awurade nni no ɛno nso ɛ? Saa akyinnye sɛm yi. Prahlāda ho tew, nanso akyinnye nti sɛ w'agya nsom Awurade anaa sɛ ohia buruburo wɔ w'abusua mu, nipa bɛka nsɛm bebree. Nanso, Prahlāda Mahārāja se, " sɛ mefiti ase, yi Awurade ayɛ a, me ho bɛtew." Sɛ meyi Awurade ayɛ a...Saa Hare Kṛṣṇa mpaebɔ yi, ɛtew nipa ho korakora Ɛnnyɛ sɛ medi kan atew me ho ansa na m'abɔ saa mpae yi. Daabi. Wode fiti ase bɔ ssaa mpae yi. Ɛno na woho bɛtew. Woho bɛtew. Bɔ mpae yi. Tebea biara a wowɔ mu no ɛnfa ho. Nokware ne sɛ, mefii Kṛṣṇa som yi ase no ɛnnyɛ sɛ ahotefo na ɛbae Monyinaa nim sɛ wɔn a wodii kan bae me nkyɛn no, wɔyɛ nipa a wɔannya ntetewee papa biara wɔ wɔn mmɔfra bere mu Sɛ wode toto India ntetew ho a, won ho ntew koraa. Enti ahotew no ɛno ne nea ɛwɔ he? W'anh? India ntetewee no efi mmɔfra bere mu. wɔkyerɛ abɔfra sɛnea woguare, twitwiw wɔn se anɔpa. Yiw. Mekae, bere a me ba barima a ɔto so abien no dii bɛyɛ mfe anan no, Ansa obedidi anɔpa biara no mebisa no, "ma menhwɛ wo se." Na ɔde nese akyerɛ me...., "Yiw". "Eye, watwitwiw wo se. Eye Na afei de w'adi n'anɔpa aduan." Enti, ntetew yi wɔ hɔ. Nanso aha, kurow yi mu, ntetewee no... ɛwɔ hɔ de nanso ɛnnyɛ papa biara. Enti ɛmfa ho. Tow Hare Kṛṣṇa. Begin Hare Kṛṣṇa.Fiti Hare Kṛṣṇa. ase. Na biribiara bɛba. Biribiara bɛba.