AK/Prabhupada 0087 - The Law of Material Nature

The printable version is no longer supported and may have rendering errors. Please update your browser bookmarks and please use the default browser print function instead.


Sri Isopanisad Invocation Lecture -- Los Angeles, April 28, 1970

Yiw, biribiara a ɛwɔ ewiase yi mu wɔ ne bere. Bere a yɛwɔ mu yi, nsesae ahorow asia bi wɔhɔ Nea edi kan ne awo, na afei onyini, na atenase, na afei awo, merɛw yɛ ne owu. eyi yɛ abɔde mu mmara saa nhwiren yi wɔwo no ketewaa, na anyin wɔ nnanu anaa nansa ntam. afei, ɛsow aba, na awu na ayera na asa (nkyɛn) sɛ wote hɔ yi. enti wɔfrɛ eyi se ṣaḍ-vikāra, nsakrae ahorow asia. enti saa nhyehyɛe yi, abɔde ho nyansapɛ rentumi nsesa no. Dabida. Eyi yɛ avidyā. Nnipa repre sɛ wɔbenya wɔn fawohodi. eyi nti bere bebree wɔka se abɔde ho nyansapɛ ho nimdeɛ bɛma nipadua yi atena ase afebɔɔ Russia fo taa ka saa asɛm yi. Enti eyi yɛ avidyā, asekyerɛ ne sɛ nea onni nimdeɛ wo ntumi nsiw abɔde ho mmara kwan da Eyi nti, Bhagavad-gītā akyerɛ mu sɛ, daivī hy eṣā guṇamayī mama māyā duratyayā (BG 7.14). ewiase abɔde ho akwan no, neaɛma titiriw abiɛsa na w'aka abom de ayɛ sattva-guṇa, rajo-guṇa, tamo-guṇa... Tri-guṇa. guṇa asekyerɛ sɛ hama. ɛte sɛ tampe hama, w'anwene no mmɛsa edi kan no yɛ ahama teaa, na afei, w'aka abiesa abom anwene no mmɛsa, na bio w'aka abieɛsa abom mu bio anwene, abiɛsa bio bɛka ho a na anya ahoɔden Enti nneɛma titiriw abieɛsa yi, sattva, raja, tamo-guṇa, adi afra. Bio, aba a ɛsow no nso adi afra. nea edi hɔ no nso adi afra. Enti ayɛ sɛ hama a w'anwene abɔso mpɛn aduowɔtwe baako. Enti, guṇamayī māyā, akyekyere wo mmɔho mmɔho Enti wogye woho fi ewiase nneɛma a akyekeyre wo yi a ɛnnyɛ yie. Akyekyere wo. Eyi nti w'ato ne din se apavarga.¥ Saa Kṛṣṇa som yi dwuma titiri a edi ne sɛ ɛbɛboa na w'afi saa pavarga tebea yi mu.

Nnɛra me kyerɛɛ pavarga yi ase dekyerɛɛ Gargamuni Saa pavarga yi ɛne India for 'a..b..d' wɔ twaka bi Wɔn a w'asua saa India 'abd" a wɔfrɛ no devanāgarī no. yɛwɔ devanāgarī 'abd' bi te sɛ, ka kha ga gha na ca cha ja jha na. saa enti yennya ade anum a ɛbomu yɛ nsensanee biako nea ɛtɔ so anum yɛ pa pha va bha ma. Enti, saa pavarga yi gyina hɔ ma pa. Nea edi kan koraa ne pa. Pa ase kyerɛ sɛ parava, nkugu. Obiara rebɔ ne ho mmɔden sɛ obedi nkunim nanso, yɛn nyinaa y'adi nkugo Nea edi kan yɛ pavarga. Pa ase kyerɛ sɛ parava. Na afei pha. Pha ase kyerɛ sɛ ahuru ɛte sɛ ɔpɔnkɔ a w'ayɛ adwuma den no, wobehu sɛn'anum po ahuru, saa ara na yɛn nso, sɛ yɛbrɛ a sɛ yɛyɛ adwuma den na yɛbrɛ a, tɛkrɛma no so wo na afi ahuru Enti, obiara reyɛ adwuma den sɛnea n'ani begye ewiase yi mu nanso, ɛyɛ nkogu pa, pha, ne ba. Ba ase kyerɛ sɛ afiase nea edi kan yɛ pa, nea ɛtɔ so abien yɛ pha, na afei afiase na ɛtɔ so abieɛsa. na afei, bha. Bha ase kyerɛ sɛ ɔhwe ana ehu. Na afei ma. Ma ase kyerɛ sɛ mrtyu, ana owu Enti, saa Kṛṣṇa som yi yɛ apavarga. Apa. A kyerɛ sɛ hwee. Pavarga, eyi nyinaa kyerɛ yɛn sɛ yɛwɔ ewiase sɛ wode a ka saa asɛmfua yi ho a, apavarga, eyi kyerɛ sɛ hwee