AK/Prabhupada 0090 - Systematic Management - Otherwise how ISKCON will be Done

The printable version is no longer supported and may have rendering errors. Please update your browser bookmarks and please use the default browser print function instead.


Morning Walk -- December 5, 1973, Los Angeles

Prabhupāda: Obiara dɔm Kṛṣṇa abusua de nanso, ɛsɛ sɛ yehu dwuma a akorɛankorɛ biara redi ama Kṛṣṇa. Ɛte sɛ nea obiara yɛ kurow ana ɔman ba no. Adɛn nti na wɔde dibia kɛse ma onipa bi?

Prabhupāda: Adɛn? Efisɛ w'ahu ne nnwuma pa.

Sudāmā: Eye.

Prabhupāda: Enti ɛsɛsɛ obiara som. Ennye sɛ wobɛka se "me ka Kṛṣṇa abusua ho nanso wonnyɛ biribiara mma Kṛṣṇa, eyi nnyɛ ade pa...

Sudāmā: Ennye.

Prabhupāda: Ennye. Eyi kyerɛ sɛ...ɛnkyɛ ne werɛ bɛsan afi Kṛṣṇa. Bio, ne werɛ befi.

Sudāmā: Nokware, ade biako a ɛka ho bio ɛyɛ duru yie. Nipa a ɛwɔ aha yi, esiane sɛ wɔdom Kṛṣṇa abusua no nti, esiane sɛ wɔn werɛ afi no nti, yɛde yɛn ho abɔ wɔn ho ama yɛn nso yɛn werɛ afi.

Prabhupāda: Yiw. Awerɛfi yɛ māyā.

Sudāmā: Yiw

Prabhupāda:Māyā nnyɛ hwee. Ɛyɛ awerɛfi. Ɛno ara nen. Enni nyinaso biara. Awerɛfi, enni nyinaso. Nanso ɛwɔ hɔ yi de, ɛhaw adwene.

Sudāmā: Asuafo yi bisa me sɛ bere bi wɔ hɔ wɔnmu bi nni anigye. So, ɛsɛ sɛ wɔkɔso som Kṛṣṇa bere a w'ani nnye ana? Meka kyerɛ wɔn sɛ awerɛhow mu mpo...

Prabhupāda: Nanso ɛsɛ sɛ wode w'abrabɔ yɛ nfantoho dema wɔn. Sɛ wɔanhu sɛ w'ani gye a ɛbɛyɛ dɛn na wɔadi w'akyi? Nhwɛso ye. Adɛn nti na wote baabi foforo?

Sudāmā: Mmom me...

Prabhupāda: ..bere a etwa to a meyaree, na menho nfa me koraa, enti mefii ha Ɛno nkyerɛ sɛ m'afi kuw yi mu Mekɔɔ India man mu kɔhomee. Ɛna, mebaa, London man mu. Ɛnsɛe hwee. Enti ɔyare bɛba nanso ɛnsɛ sɛ yefi kuw no mu. Sɛ meho nfa me wɔ ha a, mɛkɔ...Mewɔ nkorabata bebree. Wonfi wiase yi mu sɛ wokɔsa wo ho yare wɔ baabi Ɛsɛ sɛ wotena wiase yi mu. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wofi kuw yi mu? ...Śrī Narottama dāsa Ṭhākura.Ɛsɛ sɛ yɛne ausafo tena ase. Dɛn nti na megyaa m'abusua? Esiane sɛ wɔnnyɛ asuafo. Enti mebae Annyɛ saa a, me nkokora bere yi mu, anka meho bɛto me. Daabi, Ɛnsɛ sɛ yɛfa nipa a wɔnnyɛ asuafo yɔnko, sɛ wɔyɛ abusuafo ana obiara Ɛte sɛ Mahārāja Vibhīṣaṇa. Esiane sɛ ne nua nnyɛ osuani nti, ofii ne nkyɛn. Ogyaa ne hɔ. Ɔbaa Rāmacandra hɔ. Vibhīṣaṇa. Wonim saa asɛm no?

Sudāmā: Yiw.

Hṛdayānanda: Enti Prabhupāda, wɔaka se sannyāsī biara ɛsɛ sɛ ne nko tena, so eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔne asuafo nkutoo na ɛtena ana?

Prabhupāda: Hena....! Hefa na w'aka se ɛsɛ sɛ sannyāsī nkutoo tena?

Hṛdayānanda: Mekyerɛ sɛ, bere bi wɔho a yɛkenkan wɔ wo nhoma no bi mu.

Prabhupāda: Eh?

Hṛdayānanda: Yɛkenka wo wo nhoma no bi mu. So eyi kyerɛ sɛ asuafo nkutoo ana?

Prabhupāda: Eye sɛ sannyāsī nkutoo bɛtena. Nanso sannyāsī n'adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka nsɛmpa no.

Sudāmā: Eyi ne ade a mepɛ sɛ meyɛ no biribiara.

Prabhupāda: Eh?

Sudāmā: Mempɛ sɛ megyae nsɛmpa no ka ara da.

Prabhupāda: Nsɛmpa, ɛnnyɛ ade a wɔbɔ tirim yɛ Ɛsɛ sɛ wogyina nkyerɛkyerɛ a wo sɔfo akyerɛ wo no so na wo nso wo ka nsɛm pa no Ɛnsɛsɛ wobɔ wo tirim. Eyi ho hia Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo bi wɔ hɔ. Yehyɛ tumi bi ase. Yasya prasādād bhagavat.. Dɛn nti na wɔka saa? Babiara, adwuma mu, otumfo bi wɔ hɔ Enti ɛsɛ sɛ wosɔ n'ani. Eyi yɛ ɔsom Adwuma mu, ɔpanyin bi wɔ hɔ. Sɛ wo kwati no na woyɛ nea wopɛ a, "Yiw, mɛyɛ nea mepɛ," Sɛ w'ansɔ n'ani a, so wogyedi sɛ eyi yɛ ɔsom pa? Saa ara na, babiara, ɔpanyin wɔ hɔ. Enti ɛsɛ sɛ yɛsom. Ɛyɛ nnidiso. Sɛ obiara bɔ ne tirim bɔ ne bra a, basabasa yɛ besi.

Sudāmā: Yiw, ɛyɛ nokware.

Prabhupāda: Yiw. Sesei yɛn som yi yɛwɔ nkorabata wo ewiase afanan nyinaa. Yɛwo susum fam ɛne ɔhonam fam Eyi nnyɛ honam fam, ɛyɛ sunsum fam, ɛkyerɛ sɛ yebu kuw no nnidiso nnidiso annyɛ saa a, ɔkwan bɛn so na yebebu kuw yi? Ɛte sɛ Gauraundara atɔn efie yi na yenhu baabi a ɔde sika no afa. Eyi ani hwɛ he? W'ammisa obiara. Ɔtɔn fie no, sika no wɔ he, yennhu.