AK/Prabhupada 0092 - We Have to Train our Senses to Satisfy Krishna



Lecture on BG 2.20-25 -- Seattle, October 14, 1968

Obi biara a ɔwɔ ewiase yi mu no ewiase anigye akyekyere no Sɛ ɔwɔ ɔsoro anaa asase yi so Sɛnea mmoa pere sɛ wɔbɛ ma w'atenka anigye no, saa ara na nipa nso repere ewiase anigye Onipa yɛ dɛn? Yeye abɔde nimdefo, enti dɛn na yɛre yɛ yi? Ade koro yi ara. Adidi, nda, mpa mi agoru. Saa nneɛma yi nkraman nso re yɛ Enti, ewiase ha baabiara, ɔsoro ne asase nyinaa, ewiase akɔno wɔ baabiara Nyankopɔn ahenman mu pɛ na ewiase akɔnɔ enni Obiara a ɔwɔ hɔ repere sɛ ɔbɛsom Awurade. Ɛno ne... Ha yi de obiara repre ewiase anigye. Ewiase mmara ni. Eyi yɛ wiase abrabɔ. Bere a worepere sɛ wobegye w'ani ɔhonam fa mu no, na ewiase bra no ara na worebɔ no. mmom sɛ wobɔ bra a ɛbɛsɔ Krsna ani de a, ɛno ne wo sunsum mu abrabɔ. Ɛnnyɛ den. Nea wode begye w'ani no...Hrsikena hrsikesa-sevanam (CC Madhya 19.170). Eyi ne atuho akyɛ som no. Wowɔ atenka. Ɛsɛ sɛ woma w'atenka no anigye Atenka, ɛsɛ sɛ wohyɛ mu kena. Sɛ wobegye w'ani .....Nanso wonnim. Ɔkra a ewiase anigye dɔ ne kɔn no nnim sɛ ɔsom Krsna nokware mu a ɛno na ɛbɛma mo anigye Mfantoho koro yi ara. Ɛtesɛ nea wohwie nsu go dua ne ntini so Anaa, me nsatea yi, ɛka me honam dua ho, sɛ wode aduan ma yafunu a, nsatea no nyinaa mee. Yennim saa kokoaamu nsɛm yi Ɛyɛ yɛn sɛ anigye ne sɛ yɛbɛma yɛn atenka ewiase anigye. Krsna som kyerɛ sɛ nnyɛ w'adwene sɛ wobɛma w'atenka ewiase amigye Mmom bɔ mmɔden hyɛ Krsna anigye, eyi na w'ani begye. Eyi ne Krsna som no ho kokoamu sɛm. Wɔn a wɔnte ase no bisa sɛ, "Oh, adɛn nti na ɛsɛ sɛ me ma Krsna anigye? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ me yɛ adwuma ma Krhna adekyee ne adesaa? Ma mennyɛ adwuma mma ewiase fo." sɛ wore yɛ adwuma da mu nyinara ama Krsna no, wɔn de nea wɔre dwene ara ne sɛ, " hwɛ sɛbe nkwasea fo yi..." yɛwɔ nimdeɛ mapa. Yɛre yɛ adwuma den da mu nyinara ama yɛn ani agye, dɛn nti na wɔreyɛ adwuma ama Krsna?" eyi ne nsosonoe a ɛda ewiase ni ɛne Nyame somfo ntamu Nyame somfo no n'anisoade hu ne sɛ ɔbɛyɛ adwuma adesae ne adekyee ama Krsna a ɔren gyae Eyi ne Nyamesom Saa ara ewiase ni nso ɔyɛ adwuma ama ɔno ara n'atenka Eyi ne nsonsonoe a ɛwɔ ewiase ni ɛne Nyame som ni ntamu Enti, Krsna som no botae titiriw ne sɛ yɛbɛhyɛ y'atenka so na yɛde ayɛ adwuma ama Krsna Enti yɛn bra wɔ mfe mpem mpem a atwam no, nea y'ayɛ ara ne sɛ yɛbɛhyɛ y'atenka anigye Momma yɛnfa yɛn bra yi nto hɔ mma Krsna. Eyi ne Krsna som Mprenpren honam dua yi, y'anya honam dua mpɛn pii bere a atwam, yɛde ne nyinara asom yɛn ankasa yɛn ho. Afei de saa mprenpren honam dua yi de, nea ɛte biara ma me mmɔ me ho mmɔden Enti yɛn hwere biribiara. Mpo sɛ yɛhyɛ honam dua yi so a, yɛrenhwere hwee. Mommɔ moho mmɔden nsom Krsna; na biribiare bɛyɛ yie