AK/Prabhupada 0101 - Our Healthy Life is to Enjoy Eternal Life

Revision as of 16:02, 20 October 2018 by Vanibot (talk | contribs) (Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)


Press Conference -- April 18, 1974, Hyderabad

Ɔhɔho (1): Den ne Kṛṣṇa som yi botae titiriw?

Prabhupāda: Yiw, botae titiriw no ne sɛ... Daabi, menka no dɛn? Botae titiriw no ne sɛ sunsum wɔ hɔ na honam nso wɔ hɔ. Sɛnea yɛwɔ asase no saa ara na ɔsoro nso wɔ hɔ Paras tasmāt tu bhāvaḥ anyaḥ avyaktaḥ avyaktāt sanātanaḥ (BG 8.20). Ɔsoro wɔ hɔ afebɔɔ. Na honam wiase de ebetwam Yɛyɛ sunsum. Yɛ te hɔ afebɔɔ enti yɛn botae ne sɛ yɛbɛkɔ ɔsoro ahnenman mu ɛnnyɛ sɛ yɛbɛtenɛ wiase yi mu na y'asesa honam dua fi bɔne kɔ ɔsɛe mu anaa fi ɔsɛe mu kɔ papa mu Eyi nnyɛ yɛn botae. Eyi yɛ yare Abrabɔ pa ne sɛ w'ani begye afebɔɔ Yad gatvā na nivartante tad dhāma paramaṁ mama (BG 15.6). Hwɛ, ɛsɛ yɛn sɛ yɛde honam dua yi betu mpɔn sunsum mu ɛnnyɛ sɛ yebenya honam dua a bere bi ba a yɛbɛ sesa

Ɔhɔho (2): Saa mpuntu yi yebetumi anya no abrabzɔ biako yi mu anaa?

Prabhupāda: Yiw, abrabɔ biako mu, sɛ wopɛ no saa a Kṛṣṇa se

sarva-dharmān parityajya
mām ekaṁ śaraṇaṁ vraja
ahaṁ tvāṁ sarva-pāpebhyo
mokṣayiṣyāmi mā śucaḥ
(BG 18.66)

Yɛn bɔne nti na yɛsesa honam dua yi. Na, yɛbrɛ yɛn ho ase som Kṛṣṇa a, ntɛm pa ara wotu mpɔn wɔ sunsum mu

māṁ ca yo 'vyabhicāreṇa
bhakti-yogena sevate
sa guṇān samatītyaitān
brahma-bhūyāya kalpate
(BG 14.26)

Bere a wode wo bra bɛto hɔ ama Kṛṣṇa no , saa bere no ara wo bɔ tra honam tebea Brahma-bhūyāya kalpate. Yo tena sunsum tebea mu. Na, wo wu wɔ sunsum tebea mu a, wo bɛ kɔ ɔsoro