AK/Prabhupada 0105 - This Science Is Understood By The Parampara Disciplic Succession

The printable version is no longer supported and may have rendering errors. Please update your browser bookmarks and please use the default browser print function instead.


Lecture on BG 18.67 -- Ahmedabad, December 10, 1972

Osuani: Śrīla Prabhupāda, obi abisa sɛ wonni hɔ a hena na na ɔbɛ hwɛ wo som yi so?"

Prabhupāda: Nea obisaa saa asɛm no ɔno na ɔbɛ hwɛ so. (serew)


Indian ni aberante (5): So mewɔ ho kwan sɛ mebisa w'asuafo yi bi fa nhyehyɛe a w'ayɛ ho? sɛ Śrī Bhaktivedanta Prabhu, enni hɔ bio a n'akyi no hena na ɔwɔ hɔ Sɛ ɔbɛtoa wo nnwuma pa yi so: Hare Kṛṣṇa, Hare Kṛṣṇa.

Prabhupāda: W'akyerɛ eyi ase wɔ Bhagavad-gītā mu:

imaṁ vivasvate yogaṁ
proktavān aham avyayam
vivasvān manave prāha
manur ikṣvākave 'bravīt
(BG 4.1)

Nea edi kan, Kṛṣṇa kaa Kṛṣṇa som yi nkyerɛkyerɛ no kyerɛɛ n'abɔde a ɔhwɛ awia so no, na, nea ɔhwɛ awia so a wɔfrɛ no Vivasvān yi nso kyerɛɛ mu kyerɛɛ ne ba barima Manu. Na Manu kyerɛɛ mu kyerɛɛ ne ba barima Ikṣvāku. Evaṁ paramparā-prāptam imaṁ rājarṣayo viduḥ (BG 4.2). Enti saa nkyerɛkyerɛ yi ɔkwan a wɔfa so te ase ne sɛ ɔba betie afi n'agya nkyɛn Enti saa ara na me nyaa saa ntease yi fii me kyerɛkyerɛni mapa knyɛn Enti m'asuafo no mu biara a ɔbɛte ase no, ɔbɛkyerɛ ne suani, na yɛguso tɔ kɔ. Ɔkwankyerɛ no ni. Ɛnnyɛ ade foforo. Ɛyɛ ade dedaw yi ara. Nea ehia ara ne sɛ yɛbɛfa kwan treenee so akyerɛ mu akyerɛ amansan sɛnea y'ate afi yɛn akyerɛkyerɛfo adansefo a wodii kan no Enti Bhagavad-gītā akamfo sɛ,: ācārya upāsanam: " ɛsɛsɛ wo kɔ ɔkyerɛkyerɛfo nan so." Ācāryavān puruṣo veda. Botirimka remmoa wɔ saa kwan yi so Ɛnnyɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ wo kɛ wo kyerɛkyerɛfo nan so Enti, ɔkyerɛkyerɛfo anaa ācārya no w'ate asɛm no afi ne kyerɛkyerɛfo ano Enti Kṛṣṇa akamfo sɛ , tad viddhi praṇipātena paripraśnena sevayā: (BG 4.34) Ɛsɛ wo sɛ wo kɔ " ācārya no hɔ na wode ahobrɛase sua ade wɔ ne nkyɛn praṇipāta,-ahobrɛase." Ade mu no nyinaa gyina ahobrɛase so. Ye yathā māṁ prapadyante. Wo ntease so gyina w'ahobrɛase no so Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yɛbɛte Kṛṣṇa ase kora kora. Se y'ahobrɛase no yɛ kuma a yɛbɛte Kṛṣṇa ase kuma bi. Enti, ye yathā māṁ prapadyante. Egyina yɛn ahobrɛase so. Nea w'abrɛ neho ase kora kora no, ɔbɛte nkyerɛkyerɛ yi ase. na obetumi na ɔno nso adi ho adanse, Kṛṣṇa n'adom nti