AK/Prabhupada 0109 - We do Not Allow any Lazy Man



Lecture on SB 1.7.24 -- Vrndavana, September 21, 1976

Moreyɛ moadwuma fɛfɛ wo dharma kyerɛ sɛ w'asɛde Fa no sɛ woyɛ mfiri ho adwuma. Wo yɛ no yiye. Anaa woyɛ odunsi ni, ana woyɛ woara w'adwuma, ɛsɛ sɛ obiara yɛ biribi Wontumi mfa wonsa nhyɛ wo damirifa mu na wonsa nkɔ w'ano Sɛ mpo woyɛ gyata a ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma Na hi suptasya siṁhasya praviśanti mukhe mṛgāḥ. Saa na ewiase yi te. Se mpo woho yɛ den sɛ gyata a, wontumi nda Sɛ wodwene sɛ, "Meyɛ gyata, wura mu mmoadoma nyinaa hene. Ma me nda, aboa bi bɛba abewura m'anum." Daabi, ɛnnyɛ adwuma. Sɛ mpo woyɛ aboa a, ɛsɛ sɛ wo hwehwɛ aboa bi kyere no. Na w'atumi adidi Annyɛ saa a ɔkɔm bekum wo. Enti, Kṛṣṇa se, niyataṁ kuru karma tvaṁ karma jyāyo hy akarmaṇaḥ. "Ɛsɛ sɛ woyɛ w'adwuma." Śarīra-yātrāpi ca te na prasiddhyed akarmaṇaḥ. Mma ɛnnyɛ w'adwene sɛ....Ɔsesafo no be se sɛ, "Kṛṣṇa som yi wɔre kyerɛ nnipa sɛ wɔbegyaa wɔn asɛde. Wɔn ayɛ...." Daabi, eyi nnyɛ Kṛṣṇa's asɛm. Yɛmma onihaw fo biara ho kwan Ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma. Eyi in Kṛṣṇa kuw no. Eyi ne Kṛṣṇa asɛm. Niyataṁ kuru karma. Arjuna ampɛ sɛ ɔbɛko. W'ampɛ sɛ wɔdɛ awudi besusuw no. Kṛṣṇa amma no ho kwan. "Daabi, daabi, wontumi nnyɛ saa. Eyi yɛ wo mmerɛw yɛ." Kutas tvā kaśmalam idaṁ viṣame samupasthitam: Wore kyerɛ sɛ woyɛ ɔsesafo. Eyi yɛ anārya-juṣṭam. Saa nhyehyɛe yi, anārya, nnipa a wɔmpɔwee na wɔyɛ. NNyɛ saa." Eyi ne Kṛṣṇa..... Enti nnwene sɛ Kṛṣṇa kuw yi, wɔn a wɔyɛ Kṛṣṇa kuw mma no, wɔbɛyɛ anihaw asuasua Haridāsa Ṭhākura. Eyi nnyɛ Kṛṣṇa som Kṛṣṇa som kyerɛ sɛ, sɛnea Kṛṣṇa akyerɛ mu no, yɛ adwuma den damu no nyinaa...dɔn hwerew aduonu anan Eyi ne Kṛṣṇa som. Ɛnnyɛ sɛ wobɛyɛ anihaw, adidi ada. Daabi.

Enti eyi yɛ dharmasya glāniḥ. Nanso ɛsɛ sɛ wosesa sɛnea wohu nneɛma fa. Ewiase abrabɔ yi wo botae ne sɛ wobɛ hyɛ w'atenka anigye. Na Kṛṣṇa som kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wode saa adwene no yɛ adwuma saa ahoɛden no ara nanso, wobotae ne sɛ wobɛhyɛ Kṛṣṇa anigye Eyi ne sunsum mu abrabɔ. Ɛnnyɛ sɛ wobɛyɛ anihaw. Nsonsonoe no ne sɛ, sɛnea nhoma kyerɛwfo Kṛṣṇadāsa adi kan aka no ātmendriya-prīti-vāñchā tāre bali 'kāma' (CC Adi 4.165). Dɛn ne kāma? Kāma ase kyerɛ ne sɛ, obi botae ne sɛ ɔbɛhyɛ n'atenka anigye. Eyi ne kāma. Kṛṣṇendriya-prīti-icchā dhare 'prema' nāma. Na dɛn ne prema? Prema ase kyerɛ sɛ w'atu wo ho asi hɔ sɛ wonneyɛe nyinaa bɛsɔ Kṛṣṇa ani Adɛn nti na gopī fo no no wodi mu? Efisɛ wɔn botae ara ne sɛ wɔbɛma Kṛṣṇa ani agye Enti, Caitanya Mahāprabhu akamfo sɛ, ramyā kācid upāsanā vraja-vadhū-vargeṇa yā kalpitā. Wonni botae biara bio. Vṛndāvana ase kyerɛ sɛ, wɔn a wɔwɔ Vṛndāvana no... Sɛ w'ɔn asi wɔn bo sɛ wobɛtena Vṛndāvana de a, ɛsɛ sɛ wosi wɔn bo sɛ wobɛsɔ Kṛṣṇa ani. Eyi ne Vṛndāvana. Ɛnnyɛ sɛ "Me te Vṛndāvana na me gye m'ani." Ɛno nnyɛ vṛndāvana-vāsī. Saa abrabɔ no yɛ... Akwaku, nkaraman ne mprako nso bebree wɔ Vṛndāvana. So wo susuw sɛ wɔte Vṛndāvana anaa? Daabi. Obi biara a ɔpɛsɛ ogye n'ani wɔ Vṛndāvana no wɔbɛwo no sɛ ɔkraman, ɔprako anaa ɔkwaku Ɛsɛ sɛ wohu eyi. Enti obiara nnyɛ n'adwene sɛ ɔkɔ gye n'ani wɔ Vṛndāvana. Eyi yɛ bɛne kɛse. Bɔ woho mmɔden sɛ wobɛhyɛ Kṛṣṇa anigye