AK/Prabhupada 0110 - Become Puppet of the Predecessor Acarya

The printable version is no longer supported and may have rendering errors. Please update your browser bookmarks and please use the default browser print function instead.


Morning Walk -- April 19, 1973, Los Angeles

Svarūpa Dāmodara: Sɛ wɔte Śrīmad-Bhāgavatam a wɔn koma bɛsakra.

Prabhupāda: Ampa. Nnɛra obi de aseda maa yɛn asuafo yi bi " Yɛda mo ase sɛ mo kyekyɛ Bhāgavatam." Ɛnnyɛ saa? obi abisa?

Asuafo: Yiw, yiw. Tripurāri na ɔkaa saa. Tripurāri.

Prabhupāda: O Tripurāri nokware. Obi kaa saa? Tripurāri: Yiw nnɛra mmrante baanu tɔɔ Śrīmad-Bhāgavatam emu abien. Jayatīrtha: Ade mu no nyinaa?

Tripurāri: ahorow asia. Wokuta Bhāgavatam no wɔkaa sɛ: "Yɛda mo ase." Na wɔde hyɛɛ wɔn adesoa no mu na wɔretwɛn wim hyɛn bere a wɔn baanu no nyinaa kuta nhoma a edi kan no.

Prabhupāda: Yiw. Ɔnokwafo biara ani bɛsɔ yɛn kuw yi. Sɛ mokyekyɛ nhoma yi nyinaa no na moyɛ adwuma kɛse ama Kṛṣṇa. Ɔpɛe sɛ ɔka kyerɛ obiara se: sarva-dharmān parityajya mām ekaṁ śaraṇaṁ vraja (BG 18.66). ɔba, Enti obibiara a ɔboa saa dwuma di yi, sɛ, "Brɛ woho ase ma Kṛṣṇa no, Kṛṣṇa ani wɔ wo so. W'aka eyi wɔ Bhagavad-gītā mu ca tasmān manuṣyeṣu (BG 18.69). Adasamma nyinara mu no, obi biara enni hɔ a ɔda Ne koma so sɛ nea ɔka Ne nsɛm pa kyerɛ amansan Hare Kṛṣṇa.

Brahmānanda: Yɛyɛ wo nkoa kɛkɛ. Śrīla Prabhupāda wone nhoma yi nyinaa farebae.

Prabhupāda: Daabi. Yɛn nyinaa yɛ nkoa ma Kṛṣṇa. Me nso meyɛ akoa. Akoa. Eyi yɛ asuafo ntoatoaso. Ɛsɛ sɛ yɛdan yɛn ho nkoa. Ɛno ara nen. Sɛnea meyɛ akoa ma me sɔfo pɔn Guru Mahārāja, sɛ wo nso wobɛyɛ akoa a na nkunimdi aba. Yɛn nkunim di ne sɛ yɛbɛyɛ nkoa ama yɛn akandi fo. Tāṅdera caraṇa sevi bhakta sane vāsa. Sɛ wone asuafo bɛhwe abɔmu na w'ayɛ akoa ama akyerɛkyerɛfo a adi kan no. Eyi ne nkunim di. Enti yɛbɔ yɛn ho mmɛden sɛ yɛbɛyɛ saa. Kṛṣṇa kuw ne sɛ yɛbɛsom ɔkandifo. Ɛno ara nen. Harer nāma harer nāma... (CC Adi 17.21). Nnipa bɛba, Asɛm a yɛka no bɛtɔ nipa koma so. Ebedi mmere.

Svarūpa Dāmodara: Wɔkamfo kuw no sesei koraa sen sɛ wɔkamfo no mfe a atwam no.

Prabhupāda: Yiw, yiw.

Svarūpa Dāmodara: Wɔrenya ntease ama asɛm pa no.