AK/Prabhupada 0123 - Forced to Surrender - That is Special Favor: Difference between revisions

(Created page with "<!-- BEGIN CATEGORY LIST --> Category:1080 Akan Pages with Videos Category:Prabhupada 0123 - in all Languages Category:AK-Quotes - 1969 Category:AK-Quotes - Lect...")
 
(Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
 
Line 7: Line 7:
[[Category:AK-Quotes - in USA, Hawaii]]
[[Category:AK-Quotes - in USA, Hawaii]]
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- BEGIN NAVIGATION BAR -- DO NOT EDIT OR REMOVE -->
{{1080 videos navigation - All Languages|Akan|AK/Prabhupada 0122 - These Rascals Think, 'I am this body.'|0122|AK/Prabhupada 0124 - We Should Take Up the Words from the Spiritual Master as Our Life and Soul|0124}}
<!-- END NAVIGATION BAR -->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<div class="center">
<div class="center">
Line 15: Line 18:


<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
{{youtube_right|c4avWLAsE7g|Forced to Surrender - That is Special Favor -<br />Prabhupāda 0123}}
{{youtube_right|yQ3KsG0k3ys|Forced to Surrender - That is Special Favor -<br />Prabhupāda 0123}}
<!-- END VIDEO LINK -->
<!-- END VIDEO LINK -->


<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<mp3player>http://vaniquotes.org/w/images/690305LE.HAW_clip.mp3</mp3player>
<mp3player>https://s3.amazonaws.com/vanipedia/clip/690305LE.HAW_clip.mp3</mp3player>
<!-- END AUDIO LINK -->
<!-- END AUDIO LINK -->



Latest revision as of 16:13, 20 October 2018



Lecture-Day after Sri Gaura-Purnima -- Hawaii, March 5, 1969

Osuani: So, yebetumi asrɛ Kṛṣṇa se ɔnhyɛ yɛn ma yɛmmrɛ yɛn ho ase mma no ana?

Prabhupāda: Yiw, wobetumi asrɛ No. Na mpɛn bi wɔ hɔ a Ɔhyɛ yɛn. Ɔde wo kɔ tebea bi mu a, wonni baabiara kɔ gyesɛ wo brɛ woho ase ma Kṛṣṇa. Yiw. Eyi yɛ adɔe soronko. Eyi yɛ adɔe soronko.Yiw M'ɔkyerɛkyerɛfo panyin pɛe sɛ me ka nsɛmpa no, nanso manfa m'adwene amma no enti ɔhyɛe me. Yiw. Eyi yɛ osuahu a m'anya Na ɛnnyɛ me pɛ sɛ mede asɛmpaka nkutoo na ɛbɛyɛ m'adwuma, nanso na ɛyɛ me kyerɛkyerɛfo panyin ne pɛ. Na ɛnnyɛ me pɛ nanso, ɔhyɛɛ me. Eyi tumi si. Eyi yɛ adɔe soronko. Mere a na ɔhyɛ me no na m'adwene ne sɛ "Ɛdɛn asɛm ne nhyɛ yi? Ɛdɛn......? So m'ayɛ nfomso bi ana dɛn asɛm no?" Meho dwuruw me. Nanso bere tiawa bi mu no mehuu sɛ eyi yɛ adɔe kɛse a wɔada adi akyerɛ me. Wo ahu? Enti sɛ Kṛṣṇa hyɛ obi sɛ ɔmmrɛ ne ho ase mma no a, ɛyɛ adɔe kɛse. Nanso mpɛn pii no, Ɔnnyɛ sa. Nanso Ɔyɛ saa ma obi a w'atu ne no akyɛ Kṛṣṇa dwumadi. saa bere yi nso na onyaa no enni atenka biara de ma ewiase anigye. Wɔ saa tebea yi mu no Otumi yɛ saa " Saa ɔkwasea yi onnim sɛ ewiase afɛfɛde remma onipa anigye dabiara da, ɛna ɔrehwehwɛ M'adɔe. Enti ɔyɛ ɔkwasea. Enti ewiase agyapade ketewa biara a ɔde begye n'ani biara no, sɛe no. Eyi nti onni biribiara gyesɛ ɔdan n'ani de hwɛ Me." W'aka asɛm yi wɔ Bhagavad-gītā, er, Śrīmad-Bhāgavatam mu. Yasyāham anughṛnāmi hariṣye tad-dhanaṁ sanaiḥ. Kṛṣṇa se "Sɛ Mepɛ sɛ mema obi adɔe a, Me ka mo hyɛ ohia buruburoo mu. Ewiase nneɛma a ɔde gye n'ani no Megye ne nyinara." W'ahu? W'aka eyi wɔ Śrīmad-Bhāgavatam mu. Esiane sɛ ewiase mu ha no obiara repre sɛ n'adwuma betu mpɔn anaa sa ɔpɛpɛ ɔkwan bi so anya sika na ɔde agye n'ani. Nanso mpɛn bi wɔ hɔ a Kṛṣṇa mma adwuma no ntu mpɔn. So wopɛ eyi? (serew) Sɛ ɛba no saa a, onni biribiara yɛ gye sɛ ɔdan n'ani hwɛ Kṛṣṇa. W'ahu? Nanso mpɛn bi wɔ hɔ a, sɛ yɛn nnwuma ana yɛn sika sɛm yɛ basaa a, Yɛn werɛ how sɛ " Oh Kṛṣṇa abɔ me atirim ɔden sɛ mentumi nni dwuma yi." Nanso eyi yɛ n'adɔe soronko. Te asɛm yi ase saa.