AK/Prabhupada 0125 - The Society is so Polluted

Revision as of 16:14, 20 October 2018 by Vanibot (talk | contribs) (Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)


Lecture on SB 1.5.23 -- Vrndavana, August 4, 1974

Nipa a wɔn dibea sua sen sudra fo nyina. Wɔfrɛ wɔn pañcama fo. Wɔtɔ so anum. Wɔn a wodi kan, brāhmaṇa, abien, kṣatriya, abiɛsa, vaiśya, anan, śūdra, wɔn a aka nyinaa tɔ so anum. Wɔfrɛ wɔn caṇḍāla. Saa caṇḍāla fo yi... wɔn a wodi paa, prapra, siesie mpaboa ɛne......wɔda fam koraa Wɔ India man mu no, saa nnipa a wɔtɔ so anum yi nkutoo, wodi nam, prako, na mpo anantwi. Wɔtɔso anum Sesei ayɛ ahohoahoa. Nanso nnipa a enni mu nyinaa ɔtɔso anum. Woara hwɛ. Nea nea ɔtɔso anum de hoahoa ne ho no, mprenpren yi amanyɔfo na ɛde hoahoa wɔn ho Woahu? Enti sɛ wɔn a wɔtɔ so anum yi redi ɔman so a ɛbɛyɛ dɛn na ɔmanfo ani begye? Ɛnnyɛ yie. Eyɛdɛn na ntease aba amanfo ntam? Ɛnnyɛ yie. Nanso nea ɔtɔso anum yi mpo, Kṛṣṇa kuw yi betumi aboa atew ne ho. Enti saa kuw yi ho hia yiye. Esiane sɛ mprenpren yi wɔn a wɔtɔ so biako ne abien ho ayɛ na. Ebia wɔn a wɔtɔ so abieɛsa, anan anum ne asia de yɛbenya. Nanso akwangya wɔhɔ sɛ wɔbɛtew wɔn ho. Ɔkwan no ara ne Kṛṣṇa kuw yi. Obiara betumi anya ahotew. Māṁ hi pārtha vyapāśritya ye 'pi syuḥ pāpa-yonayaḥ (BG 9.32). Wɔfrɛ wɔn pāpa-yoni, w'awo wɔn wɔ abusua bɔne a ahotew enni mu mu. Pāpa-yoni. Kṛṣṇa se, ye 'pi syuḥ pāpa-yonayaḥ. ɛmma ho kwan mma pāpa-yoni yi enni wo nya. Māṁ hi pārtha vyapā..." Sɛ ɔde neho to me so a, na...." Saa akwangya yi wɔhɔ esiane sɛ Kṛṣṇa n'ananmusifo retwitwa agye wo Enti ɔhaw biara enni hɔ. Nea wohia ara ne sɛ wode woho betweri no. Ɛno ara nen. Awurade Caitanya Mahāprabhu bae sɛ ɔbedi saa akagyina mu yi "kɔ baabiara. "Āmāra ājñāya guru hañā tāra' ei deśa (CC Madhya 7.128). "kɔ". Ɔsoma Nityānanda Prabhu, Haridāsa Ṭhākura ɛne wɔn dɔm se wɔnkɔ di saa adanse yi. "Mesrɛ, mommɔ Hare Kṛṣṇa din. Monto Hare Kṛṣṇa nnwom yi. Mesrɛ mommerɛ moho ase mma Kṛṣṇa". Nnipa dɔm twa hyiae wɔ akwan no so. Nityānanda Prabhu ne Haridāsa Ṭhākura huu nnipa dɔm no wobisae, "So he fo na atwa ahyia yi?" "Daabi, anuanom baano bi, Jagāi ne Mādhāi, wɔhaw adwendwene yiye Wɔyɛ asabowfo, mmeapɛfo na wodi nam, na bere biara sɛ wɔhaw nipa asomdwoe ara ni." Ɛhɔ ara na Nityānanda Prabhu yɛɛ n'adwene se, "Adɛn na yenni kan mman saa mmerante yi nkwagye? Eyi bɛma w'atrontron m'aWurade no din. Wɔbɛ tron tron owura Śrī Caitanya Mahāprabhu din." Eyi ne osuani biara ne botae, sɛ ɔbɛ trontron n'ɔkyerɛkyerɛfo paramparā. Me trontron m'ɔkyerɛkyerɛfo, wo trontron w'ɔkyerɛkyerɛfo. Sɛ yɛyɛ saa a na yɛtrontron Kṛṣṇa. Saa tirimupɔw yi na Nityānanda Prabhu nyae, se "Adɛn nti na yenni kan nnye saa akra a wɔahwe ase yi?" Esiane sɛ Caitanya Mahāprabhu botae titiriw ne sɛ obegye akra a wɔahwehwe ase. Na...Na saa akra a w'ahwehwe ase yi w'adɔɔso wɔ ewiase yi mu.

patita-pāvana-hetu tava avatāra
mo sama patita prabhu nā pāibe āra

Narottama dāsa Ṭhākura abrɛ ne ho ase wɔ Śrī Caitanya Mahāprabhu nan ase. ose, "M'a Wurade, wo botae ara ne sɛ wobegye akra a wɔahwehwe ase no nkwa. Nanso, saa akra yi nyina me na metwa to koraa. Enti m'adesrɛde na edi kan. Mesrɛ wo gye me." Mo sama patita prabhu nā pāibe āra. "Wo botae ne sɛ wobegye akra a wɔahwe ase. Enti me na medi kan. Mesrɛ, gye me." Enti Kali-yuga yi mu, nnipa re brɛ. W'ahwehwe ase, wodi nam, nom nsa, wɔn nyinaa tɔso anum ne asia wɔ akra a wɔahwe ase mu. Wɔyɛ ahantan nanso wɔtɔ so anum, asia ne du, wɔmpɔwee koraa. Enti, m'ɔkyerɛkyerɛfo panyin se " ɔhotewfo biara entumi ɔntena ha. Bɔne ahyɛ ɔmanfo ma." Na....Nanso, akwangya wɔhɔ sɛ yɛbɛsom Caitanya Mahāprabhu. Esiane sɛ akra dodow no ara na ahwe ase no nti, akwangya papa wɔ hɔ sɛ yɛbɛsom Śrī Caitanya Mahāprabhu. Enti Śrī Caitanya Mahāprabhu botae titiriw ne sɛ obegye saa akra yi nkwa. Enti ɔkwan da hɔ sɛ wobɛsom Śrī Caitanya Mahāprabhu efisɛ Ɔpɛ sɛ ogye abɔnefo nkwa. Kṛṣṇa nso pɛ no saa ara. Yadā yadā hi glānir bhavati bhārata, dharmasya glānir bhavati bhārata. Kṛṣṇa nso ba...Eyi ne Awurade botae ne n'akwan. Ne ho pere no sɛ obegye asesafo a wɔresɛe wɔ ewiase ha. Esiane sɛ Kṛṣṇa yam hyehye no nti, ɔno ankasa ba. Ɔba sɛ osuani. Ɔba, ɔsoma ne ba kronkron Enti eyi ne Kṛṣṇa botae sɛ. obegye akra a w'ahwehwe ase no nkwa. Enti, eyi ne akwangya no. Saa yoginī ana, yoginaḥ fo yi wotu kwan kɔ ewiase aman nyinaa so. Osutɔbere mu pɛ na wɔhome. Ɛnnyɛ sa bere a aka no wodidi na wɔda nkutoo. Daabi. Esiane sɛ osutɔbere mu akwantu yɛ ɔhaw no nti abosom anan yi nkutoo Enti saa abosom anan yi mu no, baabiara a wɔbɛsoɛ no, Obiara a ɔbɛsom won biara benya nkwagye Adansedi biara enni hɔ. Nea wɔyɛ are ne sɛ wɔmma nipa kwan ma wɔsom, na akra a wɔahwe ase anya nkwa. Nanso ɛsɛsɛ woma w'ani da hɔ annyɛ saa a wobɛkɔ ɔsɛe mu. Sɛ wonya sunsum mu akwangya pa na woma nipa kwan ma wɔsom wo a, wogye wɔn nkwa. Ɛho nhia sɛ wɔbɛte ɔsom no ase. Ɛsɛsɛ osuani yɛ ɔbenfo. Enti obiara a obehu ɔsomfo no ɔbrɛ no ho ase so n'anan mu. Eyi ne nhyehyɛe no. Efisɛ woso ne nan mu a.. Mahat-pāda-rajo-'bhiṣekam. Sɛ obi adu susnum mu mpɛnpɛnso pa mu na.. ɛma nipa kwan ma wɔkɔ ne nan ase na w'ayɛ ɔsomfo. Eyi ne ɔkwan no.