AK/Prabhupada 0138 - God is Very Kind. Whatever You Desire, He Will Fulfill

The printable version is no longer supported and may have rendering errors. Please update your browser bookmarks and please use the default browser print function instead.


Ratha-yatra -- Philadelphia, July 12, 1975

Nwuraa ne Awuranom, medi kan ada mo ase nnipa dɔm a mo fi Philadelphia kurow pɔn mu. Mode akoma pa ne ahokeka ɛsom kuw yi. Me da mo ase paa. Ne titiriw, meda Amerika mmrante ne mmabaa a wɔre boa me no ase. sɛ wɔre boa ama m'abɔ Kṛṣṇa kuw yi ho dawuro wɔ ewiase atɔe aman so. Me sɔfo pɔn hyɛɛ me sɛ memmɔ Kṛṣṇa kuw yi ho dawuro wɔ atɔe nkurow mu. Enti, wɔ afe 1965 my na mebaa New York nea edi kan. Afei, wɔ afe 1966 New York aban gyee kuw yi too mu maa yɛn tumi krataa. na efi afe 1967 saa kuw yi atu mpɔn wɔ Amerika, Enyiresi, ne Kanada. Ebio, Pasifik po atɔe, Ɔstralia, na ewiase aman nyinaa.

Enti medi Kṛṣṇa kuw yi ho adanse kakra akyerɛ mo. Kṛṣṇa, saa din yi ase kyerɛ sɛ ade a ɛyɛfɛ. Kṛṣṇa twe obi biara bata ne ho ɛnnyɛ nipa nko mmoa, nnomaa, nnowa, ennua, nhwiren, nnuaba ne nsu. Eyi ne Vṛndāvana mfoni a meretwa akyerɛ mo. Eyi yɛ ewiase. Yenni ɔsoro ahenman mu mfoni biara ɔ ha.

Nanso, yɛbe tumi anya ɛho nimdeɛ kakra, nea ɛyɛ sunsum ne nea ɛyɛ ewiase ana honam mu ade Te nsonsonoe a ɛda ɔteasefo ne owufo ntam. Funu kyerɛ sɛ, ɔkra teasefo no afiri honam dua no mu kɔ, na ayɛ owufo, mfaso biara enni mu. Mmere tenten a ɔkra teasefo no te honam dua no mu no, honam dua no ho hia. Enti yehu sɛ biribi wɔhɔ a awu na biribi nso wɔ hɔ a ɛte ase, saa ara na ewiase ahorow wɔ hɔ honam ani wiase ne sunsum mu ewiase Yɛn akra ateasefo nyinaa, yefi sunsum wiase. Yemfi honam mu wiase ha Nanso mprenpren yi y'aba ewiase yi my na y'afa honam dua yi, na asɛm no ne sɛ yɛyɛ akra ateasefo de nanso, esiane sɛ yɛwɔ honam dua yi mu nti, yɛwɔ ɔhaw akɛse anan: awo, owu, yare ne onyin. Saa ɔhaw yi nyinaa bi bɛto yɛn. Ewiase yi mu, yenya honam dua biako na bere tiawa na aba awiei Ɛte sɛ ewiase ade biara. Wodeo fa w'ataade yɛ mfantoho. Wohy ataade sesei, nanso sɛ atetew na mfaso enni so bio a, na w'atow akyene ape foforo. Enti, saa honam dua yi yɛ ataade ma ɔkra teasefo no. Nanso esian sɛ yɛpɛ honam dua yi asɛm no nti, yɛpɛ sɛ yegye yɛn ani wɔ wiase yi mu, yenya honam dua ahorow ahorow. Bhagavad-gītā akyerɛ mu sɛ honam dua yi yɛ afiri. Bhagavad-gītā mu no w'akyerɛw se,

īśvaraḥ sarva-bhūtānāṁ
hṛd-deśe 'rjuna tiṣṭhati
bhrāmāyān sarva-bhūtāni
yantrārūḍhāni māyayā
(BG 18.61)

Enti yɛn akra teasefo, yɛ pɛ biribi. " Onipa susuw; Awurade dan nsusuwii no. Awurade yɛ ahumɔbɔ. Biribiara a yɛpɛ biara, ɔbɛyɛ ama yɛn. W'aka akyerɛ yɛn sɛ "Saa ewiase afɛfɛde yi remma yɛn anigye," nanso esiane sɛ yɛpɛ no nti. Enti, Awurade, Kṛṣṇa ama yɛn dipadua ahorow ahorow sɛ yɛde begye yɛn ani Eyi na wɔfrɛ no honam mu yare no. Ɔhonam dua yi, a nea yɛpɛ nti yɛre sesa no no, wɔfrɛ eyi se akɔsanba. Akɔsanba nhyehyɛe yi ma yɛfa honam dua ahorow bebree mu ansa y'aba nipa dua yi mu. Jalajā nava-lakṣāṇi sthāvarā lakṣa-viṁśati. Yɛfa honam dua ahorow 900,000 mu wɔ nsu mu. Saa ara, yɛfa honam dua 2,000,000 mu sɛ wura ne nnua. Saa ɔkwan yi so na abɔde nhyhyɛe de yɛn ba nipa dua mu. Sɛnea yɛbe hu yɛn tebea ankasa. Abcde ma yɛn saa akwan gya yi, "Afei dɛn na wopɛ sɛ woyɛ? Afei w'anya tebea a atu mpɔn. So wopɛ sɛ wo sian kɔ tebea a w'afiri mu no mu anaa sɛ wobɛkɔ ɔsoro atenae? Anaa wopɛ sɛ wokɔ Awurade, Kṛṣṇa nkyɛn ana wo bɛtena ha yi ara?" Akwan gya yi nyinaa wɔ hɔ. W'aka wɔ Bhagavad-gītā no mu.

yānti deva-vratā devān
pitṛn yānti pitṛ-vratāḥ
bhūtejyā yānti bhūtāni
mad-yājīno 'pi yānti mām
(BG 9.25)

Enti afei yɛ nea wopɛ. Wopɛ ɔsoro ahenman mu a wobeetumi akɔ. se wopɛ sɛ wotena ha, mfinimfini ha a ɔkwan da hɔ. Saa ara wo pɛ sɛ wo sian kɔ mmoa ne nnua tebea mu nso a, ɔkwan da hɔ ma wo Na wo pa sɛ wokɔ Awurade, Kṛṣṇa hɔ nso a ɔkwan da hɔ. Yɛ nea wopɛ. Enti nsonsonoe bɛn na ɛda ewiase yi, ebia, ɔsoro ana asase ana sunsum wiase mu? Sunsum wiase kyerɛ sɛ ewiase ha nneɛma a ewu na ɛsɛe no ebi enni hɔ. Biribiara yɛ sunsum, sɛnea m'adi kan aka akyerɛ mo no. Nnua, nhwiren, nnuaba, nsu ne mmoa, biribiara yɛ sunsum. Enti ɔsɛe biara enni hɔ. Biribiara a ɛwɔ ho te ase afe bɔɔ. Enti wopɛ sɛ wokɔ sunsum bea yi a, honam dua a yɛte mu yi ma yɛn saa akwangya no, na wopɛ nso sɛ wo kɔ so tena ewiase yi my nso a, ɔkwan da hɔ.