AK/Prabhupada 0152 - A Sinful Man Cannot Become Krishna Conscious

The printable version is no longer supported and may have rendering errors. Please update your browser bookmarks and please use the default browser print function instead.


Lecture on BG 1.31 -- London, July 24, 1973

Obiara, Ɔwareni biara pɛ sɛ n'ani gye, na n'aware sɔ na onya asase bi Bere bi a atwa mu no na mfiriduma enni hɔ. Asase. Wo pɛ asase, na wadua wo nnɔbae. Nokware, saa na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Akuraa ha nsase bebree da hɔ kwa, wonnua wɔn nnɔbae Wokunkum ananatwi na wɔdo wɔn nam. Enye. Gṛha-kṣetra.Wode ware (gṛhastha) na woara yɛ w'afuw na di wo nnɔbae, Gṛha-kṣetra. Na wo twa wo nnɔbae, na wo wo womma a, Gṛha-kṣetra-suta-āpta-vitta. Wɔ India man mu nkuraa no, ɛyɛ ade a ɛwɔ hɔ sɛ, mfuw wuranom a wɔyɛ ahiafo no, Okuano no enni nanwi a, ɔrenware. Jaru ne garu. Jaru yɛ ɔyere, na garu nso ase kyerɛ sɛ nantwi. Enti sɛ obi otumi yɛn nɛntwi no ɛsɛ sɛ otumi hwɛ ɔyere. Jaru ne garu. Esiane sɛ wo ware a, ɛnkyɛ, mmɔfra bɛba mu. Na, w'annya nufusu amma mmɔfra yi a wɔbɛfonfɔn, ɛ wonnya ahoɔden. Ɛsɛ sɛ wɔnom nantwi nufusu. Enti nantwi yɛ yɛn na. Esiane sɛ ɛna biako rewo mma no na ɛna biako nso rema nufu su. Enti obiara mma n'ani nsɔ nantwi esiane sɛ ɔma nufu su. Enti śāstra akyerɛ mu sɛ yɛwɔ ɛnanom baason. Ādau mātā, ɛna a mefi ne yɛm bae. Ādau mātā, ɔno ne ɛna no ankasa. Guru-patnī, ɔkyerɛkyerɛno yere nso yɛ ɛna. Ādau mātā guru-patnī, brāhmaṇī. Brāhmaṇa yere nso yɛ ɛna. Ādau mātā guru-patnī brāhmaṇī rāja-patnikā, ɔhenbea nso yɛ ɛna. Ādau mātā guru-patnī brāhmaṇī rāja-patnikā, afei dhenu. Dhenu yɛ nantwi. Ɔno nso yɛ ɛna. Na dhātrī. Dhātrī yɛ nɛɛse. Dhenu dhātrī tathā pṛthvī, afei, asase. Asase nso yɛ ɛna. Nipa bebree de nidi ma kurow a w'awo wɔn ato mu. Ɛno nso ye. Nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nantwi nso. Nanso wɔnhwɛ wɔn na. Enti wɔyɛ abɔneyɛfo. Ɛsɛ sɛ wonya asotwe. Ɛsɛ sɛ akokoakoko, ɔhaw ne ɔkɔm ba. Sɛ nipa yɛ bɔne a, asotwe bɛba. Wokwati a ɛnnyɛ yie. Enti Kṛṣṇa wɔ ɔhaw ahorow nyinaa ano aduru. Ɛkyerɛ nipa sɛnea wɔbegyae bɔne yɛ. Esiane sɛ ɔbɔneyɛfo rentumi nsom Kṛṣṇa Sɛ wopɛ sɛ wodɔm Kṛṣṇa kuw yi a ɛsɛ sɛ wogyae bɔne yɛ