AK/Prabhupada 0153 - By Literary Contribution, One's Intelligence is Tested



Interview with Newsweek -- July 14, 1976, New York

Asɛmbisafo: So wobetumi ati nneɛma abiɛsa yi so bio - adidi, nna ne mpa mu agoru Na kyerɛ me mmara ana afutu pɔtee a wode bɛma nipa fa nneɛma yi ho nnipa a wohwehwɛ sunsum mu nimdeɛ de abɔ wɔn bra wɔ nneɛma yi ho

Prabhupāda: Yiw. Yiw, ɛwɔ yɛn nhoma no mu. Yɛn nhoma no. Ɛnnyɛ nsɛm a wode sima biako bɛte ase.

Asɛmbisani: Me te ase sɛ wo nna yɛ kakraa bi. Woda dɔnhwerew abiɛsa ana anan anadwo biara. So wo susuw sɛ saa na ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sunsum mu mpuntu da?

Prabhupāda: Yiw, saa na Gosvāmīfo no bɔɔ wɔn bra. Ewiase ha birbiara ho enhia wɔn adidi, nda, mpa mu agoru, ne banbɔ, eyi mu biara annyɛ wɔn ahiasɛm Wɔn de ara ne sɛ wɔsom Kṛṣṇa

Asɛmbisani: Wɔyɛ dɛn?

Rāmeśvara: Kṛṣṇa ana Awurade adwuma nkutoo Bali-mardana: Odi akyerɛkyerɛfo akukudam a adi kan no anammɔn so.

Asɛmbisani: M'ate ase, nea ehia me mpo ne sɛ adɛn nti na... So w'ahwehwɛ mu ahu sɛ dɔnhwerew abiɛsa ana anan na ɛsɛ sɛ obiara da?

Bali-mardana: Nea ɔpɛ abisa ne sɛ...adɛn nti na woda dɔnhwerew abiɛsa ana anan pɛ? So w'adu saa tebea no mu?

Prabhupāda: Ɛnnyɛ obiara na onya no sa. Woredɔ sunsum mu asukɔ no na ɛno nso reba. Sɛ wopa woho fi ewiase akɔnnɛde ho a. Eyi ne susuw dua no.

Asɛmbisafo: Enti w'adu saa mpɛnpɛnso no...

Prabhupāda: Daabi, Menkasa mfa me ho, nanso susuwdua no nen. Bhaktiḥ pareśānubhavo viraktir anyatra syāt (SB 11.2.42). Wore tu mpɔn wɔ bhakti mu no, sunsum mu abrabɔ no, na wiase anigye refi w'ani so.

Asɛmbisafo: So wosusuw sɛ nnipa horow a ɛwɔ ewiase yi mu da nsow ana? Nea mekyerɛ ne sɛ so nsonsonoe da ebia India fo ne Enyiresi Aurokyiri fo mu ana? Sɛ won mu bi wɔhɔ a wɔsom Kṛṣṇa kyɛn ebi ana?

Prabhupāda: Daabi, onimdefo biara betumi asom Kṛṣṇa M'akyerɛ eyi ase dedaw sɛ, obi a onni nimdeɛ no ɔrentumi nsom Kṛṣṇa Enti akwangya no wɔ hɔ ma obiara. Nanso nimdeɛ gu ahorow. Enyiresi ne Amerika fo wɔ nimdeɛ nanso wɔn nimdeɛ no wɔde pa ewiase akɔnɔ India nso de wɔde wɔn nimdeɛ no pɛ sunsum mu akwankyerɛ Enti nhoma a ɛkyerɛ sunsum mu akwan bebree wɔ hɔ Ɛte sɛ Vyāsadeva. Vyāsadeva yɛ ɔwarefo Nanso na ɔte kwae mu, nso hwɛ neɛ w'akyerɛw de agyaw nkyirimma Obiara betume anya daeso pa. Enti nea onipa yɛ de boa nimdeɛ nkɔso no, ɛno na wɔde susuw ne nimdeɛ Nipa akɛse bi tesɛ abɔde mpɛnsɛnpɛnsɛm mu fo, anyansafo, nhoma a wɔakyerɛw no na wɔde kae wɔn, ɛnnyɛ sɛ wɔyɛ nipa agram bi.