AK/Prabhupada 1059 - Obibiara ne Awurade wɔ ayɔnkofa bi

Revision as of 16:33, 20 October 2018 by Vanibot (talk | contribs) (Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)


660219-20 - Lecture BG Introduction - New York

Berebiara a obi bɛyɛ Awurade akoa no, Ɔne Awurade anya ayɔnkofa Eyi yɛ asɛm tenten a ɛyɛ duru nanso, yebetumi aka no tiawa Awurade ne ne somfo biara wɔ ayɔnkofa wɔ akwan anum so Asimfobi tumi som Awurade a w'ahokeka ano nnyɛ hyew Asomfo ne Awurade ayɔnkofa no ahokeka no ano yɛ hyew Awurade ne n'asomfo bi ayɔnkofa no yɛ adamfo fa mu Ebinom fa Awurade yɔnko sɛ Agya, Na ebinom nso fa Awurade sɛ ɔdɔfo.

Enti Arjuna ne Awurade nkitahodi no yɛ adamfo fa. Awurade betumi ayɛ adamfo. Nokware ne sɛ saa adamfofa yi ne ewiase adamfo fa bɔ abira ayɔnkofa yi de ɛtra ade nyinaa so Ɛnnyɛ obiara na obetumi ne Awurade anya saa adamfo fa yi Obiara ne Awurade wɔ nkitahodi bi saa nkitahodi yi bedi mu a egyina atuhoakye som so Mprenpren yi yɛn werɛ afi Awurade ebio, yɛn werɛ afi ss yɛ ne Awurade wɔ ayɔnkofa mapa bi ɔteasefo biara a, wɔkan no ka atease fo mpem mpem ho no obi biara ne Awurade wɔ ayɔnkofa bi Wɔfrɛ ayɛnkofa yi se Svarūpa. Atuhuakyɛ som nkutoo na yɛbetumi de akanyan saa Svarūpa yi Saa tebea yi w'ato din se svarūpa-siddhi, tebea mu pɛrepɛreyɛ Enti Arjuna yɛ ɔsomfo a ɔne Awurade faa yɔnko

Enti, wɔde Bhagavad-gītā nkyerɛkyerɛ yi maa Arjuna na, ɔkwan bɛn so na Arjuna soo mu? Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ eyi nso. Ɔkwan a Arjuna faa so gyee Bhagavad-gītā no w'akyerɛ wɔ Ti Du no mu Sɛ:

arjuna uvāca
paraṁ brahma paraṁ dhāma
pavitraṁ paramaṁ bhavān
puruṣaṁ śāśvataṁ divyam
ādi-devam ajaṁ vibhum
āhus tvām ṛṣayaḥ sarve
devarṣir nāradas tathā
asito devalo vyāsaḥ
svayaṁ caiva bravīṣi me
(BG 10.12-13)
sarvam etad ṛtaṁ manye
yan māṁ vadasi keśava
na hi te bhagavan vyaktiṁ
vidur devā na dānavāḥ.
(BG 10.14)

Nti Arjuna se, metiee Bhagavad-gītā wɔ Awurade hɔ wiei no, ogyee Kṛṣṇa too mu sɛ paraṁ brahma, Awura mu Awura Brahman. Ɔkra teasefo biara yɛ Brahman, Nanso ateasefo nyinaa wura ana Awurade no Akra ateasefo nyinaa wura. Na, paraṁ dhāma. Paraṁ dhāma ase kyerɛ sɛ ade nyinaa benya ahomegye wɔ Ne mu. Na, pavitram. Pavitram ase kyerɛ sɛ Ne ho tew Na N'abodi biako ne puruṣam. Puruṣam ase kyerɛ sɛ anugyewura śāśvatam, śāśvata ase kyerɛ sɛ fiti mfiase, ɔno ne Odikanfo divyam, ɔtra ade nyinaa; devam, Awura mu Awura ajam, wɔnwo no; vibhum, odi mu, ɔkyɛn ade nyinaa.

Obi adwene mu bɛyɛ no naa kakra sw, esiane sɛ Kṛṣṇa yɛ Arjuna yɛnko no nti ɔkeka nsɛm yi akyerɛ n'adamfo Nanso, Arjuna pɛ sɛ oyi nipa adwene firi saa nsusuwii yi ho ɔkyerɛ neɛ akukudam binom susuw fa Awurade ho. Ose, w'agye Awurade Śrī Kṛṣṇa ato mu sɛ Awura mu Awura ɛnnyɛ ɔno Arjuna nkutoo, na mmom akunini bino tesɛ Nārada, Asita, Devala, Vyāsa. Eyinom nyinaa yɛ Veda nimdeɛ no mu akunini ācāryafo nyinaa agye no ato mu Enti Arjuna se "Nea W'aka akyerɛ me no no nyina ara no, Megye to mu sɛ ɛyɛ nokware turodoo."