AK/Prabhupada 0003 - Ɔbarima nso yɛ ɔbea



Lecture on SB 6.1.64-65 -- Vrndavana, September 1, 1975

tām eva toṣayām āsa
pitṛyeṇārthena yāvatā
grāmyair manoramaiḥ kāmaiḥ
prasīdeta yathā tathā
(SB 6.1.64)

Enti n'ani bɔɔ ɔbea yi so akyi no, sɛ akɔnɔ bɔne ahyɛ n'adwene ma ara nen, adekyee ne adesae nyinaa. Kāmais tais tair hṛta-jñānāḥ [Bg. 7.20]. Sɛ akɔnɔ bɔne fa obi nomum a, ɔhwere ne nyansa korakora. Akɔnɔ bɔne ahyɛ yɛn wiase yi nyinaa ma. Ewiase ni. Na esiane sɛ akɔnɔ bɔne ahyɛ me ma na, wonso ahyɛ wo ma enti, yɛn nyinaa, eyi nti, sɛ m'annya nea mekɔn dɔ, na sɛ wo nso w'annya nea wokɔn dɔ a, ɛhɔ ara, na m'adan wo taanfo, wo nso w'adan me tamfo. Sɛ woretu anammɔn pa mpoa a mebu m'ani gu so. Saa ara na wonso wobu w'ani gu anammɔn pa biara a metu so. Ewiase nen, anibere, akɔnɔ bɔne, kāma, krodha, lobha, moha, mātsarya. Eyi ne ewiase yi fapem Enti ɔbɛyɛɛ...

Ntetewee no ne sɛ na ɔresua asofodi. śamo, dama, nanso w'antumi antu mpɔn esiane akɔnɔ bɔne a wanya wɔ ɔbea ho nti Eyi nti Vedic amammere kyerɛ sɛ, ɔbea yɛ hintidua wɔ hohom anammɔn kwan so. Amammere no nyinaa kyerɛ akwan a yɛbɛ fa so agyae... ɔbea ...ɛnnyɛ w'adwene sɛ ɔbea nko ara ne ɔbea. ɔbarima nso yɛ ɔbea. Momma ɛnnyɛ moadwene sɛ ɔbea na w'apo no na ɔbarima de wɔmpoo no, dabi. ɔbea kyersɛ sɛ nea wɔde no gye woanni, na ɔbarima kyerɛ sɛ nea ogye n'ani. Enti, saa ntease yi yɛnnye nto mu koraa. Sɛ mehu ɔbea biako na me de no gye m'ani a, saa bere no me yɛ ɔbarima. Saa ara na sɛ ɔbea nso hu ɔbarima. foforo bi de no gye n'ani a, ɔbea ko no nso yɛ ɔbarima. ɔbea kyersɛ sɛ nea wɔde no gye woanni, na ɔbarima kyerɛ sɛ nea ogye n'ani. Eyi nti obiara a onya atenka bi sɛ obe gye n'ani no, wɔfa no sɛ ɔyɛ ɔbarima . Enti ɔbea ne ɔbarima nyinaa gyina hɔ ma.... Obiara reyɛ nhyehyɛe, ɔkwan bɛn so na mɛfa agye m'ani? Eyn ti, ɔyɛ puruṣa. Annyɛ saa de a, ɔbea o, ɔbarima o, yɛn nyinaa yɛ prakṛti, jīva. Eyi yɛ ataade ba a y'afa ahyɛ.