AK/Prabhupada 0005 - Prabhupada abrabɔ a wɔabɔ no tɔfa sima abiɛsa



Interview -- September 24, 1968, Seattle

ɔsembisafo: So wo betumi aka w’abakosɛm kakra akyerɛ me? mekyerɛ sɛ hefa na wokɔɔ sukuu, na ɔkwan bɛn so na wobɛyɛɛ Kṛṣṇa okyidifo?

Prabhupada: wɔwoo me wɔ Calcutta na ɛhɔ nso na mekɔɔ sukuu. Culcutta yɛ me fie. wɔwoo me afe 1896, na m’gya pɛ m’asɛm yiye, eyi nti me sukuukɔ kaa akyi kakra, Eyi nyina akyi no, mekɔɔ ntoaso sukuu mfe awotwe. Mfitiase sukuu mfe anan, ntoaso sukuu mfe awotwe, Sukuu pɔn mfe anan. Eyi akyi na mekɔdɔm Gandhi amanyɔ kuw, national movement. Nanso, meti yɛɛ yie sɛ mehyiaa me sofo pɔn, Guru Mahārāja wɔ afe 1922 mu. Efi saa bere no besi nnɛ, m’ani agye saa som yi ho, Nkakra nkakra me twee me ho fii aware ne abusuasɛm ho. Mewaree wɔ afe 1918 mu, bere a madi mfe abiesa wɔ skuupɔn mu no. enti, mewoo me mma. Na meyɛ me ara m'adwuma. ɛna me baa ahomegye fii awaresɛm mu wɔ afe 1954 mu. eyi akyi, medii sigya a na obusuani biara nni me ho. ɛna me baa ahomegye korakora fii awaresɛm mu wɔ afe 1959 mu. afei mefii ase kyerɛw nhoma. me nhoma a edi kan no medaa no adi wɔ afe 1962 mu, na mekyerɛw nhoma atɔ so abiɛsa wiei no, na mesii mu bae wo kurow mu wɔ afe 1965 mu. Me be duu ha wɔ ɛbɔ bosom afe 1965 mu. Efi saa bere no mebɔ me ho mmɔden sɛ mɛbɔ Krsna som yi ho dawuru akyerɛ America, Canada ɛne enyiresi aburokyiri fo nyinaa. Nkakrankakra asore no renyin M’asuafo nso guso redɔɔso. Ma menhwɛ nea metumi ayɛ.

ɔsɛmbisafo: ɔkwan bɛn so na wofae bɛyɛɛ osuani? ɔsom bɛn na wodɔmee, ansana wobɛ yɛɛ osuani?

Prabhupada: ɛno na medii kan ka kyerɛɛ wo no, gyedi. M’adamfo bi na ɔtwee me kɔɔ ɔsɔfo panyin hɔ. Na bere a me ne me sɔfo kasae no, menyaa meho ntease. efi saa bere no na aba no afifi yi.