AK/Prabhupada 0008 - Krishna se "Me yɛ abɔde nyinaa Agya"



Janmastami Lord Sri Krsna's Appearance Day Lecture -- London, August 21, 1973

Enti, annyɛ koraa de, nnipa atitiriw nyinaa, ahotewfo, ɛne sunsum mu akyerekyerefo, ācāryafo, wɔagye saa sunsum mu nimdeɛ yi ato mu fefe koraa, ɛna yɛn de yedi ho agoru yi. ɛnnyɛ sɛ saa śāstras kyerɛw kronkron ne akwankyerɛ yɛ Indiafo Hindu fo anaa sɛ brāhmaṇa fo nkutoo de. Daabi. ɛwɔ hɔ ma obi biara. Efise Krishna asi so dua:

sarva-yoniṣu kaunteya
sambhavanti mūrtayaḥ yaḥ
tāsāṁ mahad brahma yonir
ahaṁ bīja-pradaḥ pitā
(BG 14.4)

Kṛṣṇa se "me yɛ abɔde nyinaa agya." Enti, ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbe ma yɛn asomdwoe ne anigye. ɛte sɛ nea agya no pɛ sɛ ne ba benya asetena pa na n'ani gye no; sa ara na Kṛṣṇa nso pɛ sɛ yɛn nyinaa ani gye na yenya asetena pa. Enti ɔba bere ano. (BG 4.7) Yadā yadā hi dharmasya glānir bhavati. Eyi ne botae a Kṛṣṇa de sian ba asase yi so no. Eyi nti wɔn a wɔye Kṛṣṇa, nkoa, Kṛṣṇa, n"asomfo no, wonni Kṛṣṇa som no mu akoten. wɔnso Kṛṣṇa som no mu yiye. Eyi ne Caitanya Mahāprabhu botae.

āmāra ajñāya guru hañā tāra ei deśa
yare dekha, tare kaha, 'kṛṣṇa'-upadeśa
(CC Madhya 7.128)

Kṛṣṇa-upadeśa. Di asɛm a Kṛṣṇa aka wo Bhagavad-gītā mu no ho adanse. Eyi yɛ India ni biara n'asede. Caitanya Mahāprabhu se.

bhārata-bhūmite manuṣya janma haila yāra
janma sārthaka kari para-upakāra.
(CC Adi 9.41)

Enti Indiafo, ɛse India fo sɛ wɔyɛ para-upakāra. ɛnsɛ sɛ Indiafo yɛ asisifo. Eyi nnyɛ Indiafo amamere. India aboakosem nyinaa kyerɛ para-upakāra. Bere bi a atwam no, na nipa fi ewiase afanan nyinaa ba India besua Nyamesɛm. Yesu Kristo mpo kɔɔ hɔ. Ebi fi China ne amanɔne bae. Eyi ye abakɔsɛm. ɛna yɛn werɛ afi yɛn ara yɛn agyapɛade. Eyi yɛ atirim ɔden. Ekuw kakraa tesɛ Kṛṣṇa nimdeɛ kuw yi abɔ apete wiase afanan nyinaa, Nanso India fo tirim yɛden, yɛn aban tirim yɛ den. Wɔani nnye ho. Eyi yɛ awerɛhowsɛm ma yɛn. Nanso ɛye Caitanya Mahāprabhu ahiasem. Ose, India ni biara, bhārata bhūmite manuṣya janma, sɛ w'awo no onipa yi de, ɔma Vedic nkyerɛkyerɛ yi nnyɛ nnyinaso mma no na ɔnfa mmɔ ɔbra pa. Na onni nkyerɛkyerɛ yi ho adanse wɔ wiase afanan nyinaa. Eyi ne para-upakāra no. Enti India betumi aye. Wɔre yɛ dedaw po. Enyiresi aborokyiri fo ɛne America mmerante yi, wodi nkyerɛkyerɛ yi ho adanse... Dabiara menya nkrataa dodow a edi adanse sɛ nkyerɛkyerɛ yi yɛ mfaso de ma wɔn. Nokware asɛm ni. ɛma owufo nya nkwa. Enti me srɛ Indiafo ne titiriw, ɔdeefo, Mesrɛ wo mmoa de ama kuw yi, na mpo, bɔ mmɔden ma wo ne ankoreankore biara bra ensi yiye. Eyi ne Kṛṣṇa botae, eyi nti na Kṛṣṇa bae. Meda mo ase papaapa.