AK/Prabhupada 0015 - Ɛnnyɛ me ne honam yi



Lecture on BG 9.34 -- New York, December 26, 1966

Ade asia na edi adanse sɛ ɔkra no wɔ hɔ. Onyini yɛ emu biako a ɛho hia yiye. Enti onyini.Sɛ ɔkra no epue fi honam dua yi mu pɛ, onyini to betwa. Sɛ abɔfra wu a, oh, onyini enni hɔ bio. Oh, awofo no bɛka se ɛho enhia bio. Tow kyene. Sa ara, Awurade Kṛṣṇa de mfantoho a edi kan maa Arjuna. Ose, " Ma ɛnnyɛ w'adwene sɛ, honhom yi a ɛwɔ honam dua yi mu, a ɛno nti honam dua yi renyin fi mmɔfra bere rekɔ abarimaa so, abarimaa kɔ mmerante bere de reko nkokorawa bere mu. Enti, sɛ honam dua yi ho enni mfaso bio a, nea etwa ara ne sɛ, nhonhom no begyaa honamdua no ato hɔ" Vāsāṁsi jīrṇāni yathā vihāya (BG 2.22). ɛtesɛ nea y'agyaw ataade dedaw ato hɔ na yɛafa ataade foforo no, Sa ara, yegye honam dua foforo. Nanso, ɛnnye honam dua foforo a yɛpɛ yebenya. Egyina abɔde mmara so. Egyina abɔde mmara so. Wo rentumi nka bere a wobewu no, nea wobɛdwene ho. Wobetumi aka, merekyerɛ sɛ ankorɛankorɔɛ biara. nhyehyɛe yi wɔ hɔ. Yaṁ yaṁ vāpi smaran loke tyajaty ante kalevaram (BG 8.6). Bere a wobe wu no, nea wo dwene ho no, nea wodwene ho no na ɛkyerɛ honam dua foforo a wobenya. Enti ɔbadwema biara, a n'adwene mu da hɔ no, Onnya ntease se, ɛsono me na ɛsono me honamdua yi. Nea edi kan. ɛsono me na ɛsono me honam dua yi. Eyi na afei ɔbɛte n'asɛde ase. Oh, honhom yi, n'asɛde ne den?

N'asɛde ne sɛ, w'akyerɛ mu wɔ Bhagavad-gītā mu. Eti akron, nkyekyɛmu a etwa to no, asɛde no yɛ man-manā bhava. Wo dwene biribi ho. Obiara, a ɔwɔ honamdua biara, yɛ dwene biribi ho. W'annwene bere tiawa bi a, wo rentumi ntena. ɛnnye yie. Enti eyi ne asɛde no. Dwene Kṛṣṇa ho. Dwene Kṛṣṇa ho. ɛse se wo dwene biribi ho. Enti, mfomso bɛn na ɛwo hɔ sɛ wo bɛ dwene Kṛṣṇa ho? Kṛṣṇa yɛ ade bebree, nhoma bebree kasa fa ne ho, ɛne nea ɛkeka ho. Kṛṣṇa ba ha. Ye wo nhoma bebree. Sɛ wopɛ sɛ wodwene Kṛṣṇa ho a, yɛbetumi ama wo nhoma bebree sɛ wode donhwerew aduonu anan mpo kenkan dabiara a wo renkenkan nwie na w'awu. Enti, sɛ wo bɛ dwene Kṛṣṇa ho, ɛno ara dɔɔso. Dwene Kṛṣṇa ho. Man-manā bhava. Oh, metumi adwene wo ho.

ɛte sɛ obi a, ɔresom ne wura bi. Oh, bere biara ɔdwene ne wura no ho. Oh, sɛ dɔnkoron bɔ me wɔ ha a mewura bo befuw. N'adwendwene no gyina botae pɔtɛɛ bi so. Saa adwendwene yi remmoa. Eyi nti na Ose, bhava mad-bhaktaḥ. "Fa ɔdɔ fa dwene me ho". Sɛ owura no, sɛ, mekyerɛ sɛ sɛ, Se akoa no dwene owura no ho a ɔdɔ nni hɔ. ɔredwene sika ho. "Efi sɛ, dɔn koron bɔ na menni adwuma mu a, Oh, mɛka akyi, mɛhwere dollar abien" Enti ɔrennwene owura no ho, ɔredwene n'akatua ho. Enti saa adwenedwene yi remmoa wo. Enti Ose, bhava mad-bhaktaḥ. "Bedi m'akyi". ɛno na ɛbɛma w'adwendwene adi mu." Na dɛn ade ne bhakti yi? Mad-bhaktaḥ.

Atuhoakye. Atuhuakye kyerɛ ɔdɔ. Mad-yājī. Yɛ adwuma bi fama Awurade. ɛtesɛ nea yɛwɔ adwuma bi di bere biara wɔ ha no. Bere biara a wobɛ ba ha no wobɛ hu sɛ yɛreyɛ adwuma bi. Enti y'apɛ adwuma bi. Dwene Kṛṣṇa ho.