AK/Prabhupada 0019 - Nea wore tie biara no di ho adanse kyerɛ afoforo



Jagannatha Deities Installation Srimad-Bhagavatam 1.2.13-14 -- San Francisco, March 23, 1967

Sɛ, wopɛ sɛ wohu me su anaa biribi fa me ho a, wobetumi abisa afi wo yɔnko bi hɔ, "Oh, Swamiji suban te dɛn?" Ebia ɔbeka biribi kakra akyerɛ wo, fa ma ho. Nanso sɛ m'ankasa me ka me ho asɛm kyerɛ wo a, "Sɛ mete ni, "ɛno na edi mu". Eyi na edi mu. Enti wopɛ sɛ wohu Onyankopon a, worentumi mmɔ wo tirim, ana wontena ase ɛnnwenwene ho wonko wo tirim. Eyi remmoa efisɛ, wo honam dua yi enni mu. Enti ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa? Tie fi ɔno anksa nkyen. Enti w'asian aba abɛka Bhagavad-gītā. Śrotavyaḥ:"Wode tie". Śrotavyaḥ and kīrtitavyaś ca. Sɛ wotie, na wotie wɔ Kṛṣṇa kuw yi adesua ahorow no a, na wowerɛ fi a, oh, eyi de ɛnnyɛ fɛ. Eyi remma wo ntu mpɔn. Enti yɛbɛyɛ no dɛn? Kīrtitavyaś ca: "Nea woate biara no, wo nso ka kyerɛ afoforo". Eyi na ɛyɛ papa. Eyi nti y'atintim Back to Godhead (San kɔ ɔsoro ahenman mu). Asuafo wɔ ho kwan sɛ, nea wɔte biara no wɔnkyerɛw no saa ara pɛpɛɛpɛ. Kīrtitavyaś ca. ɛnnyɛ sɛ wore tie nko. "Oh, m'atie atie mfe ɔpepepem; nanso, mente ase" -esiane se wontonton edin no enti, wonni nea woate no ho adanse nkyerɛ afoforo. ɛsɛsɛ nea woate no woka kyerɛ afoforo. Kīrtitavyaś ca. śrotavyaḥ kīrtitavyaś ca dhyeyaḥ. Na w'annwene ne ho a, wobɛyɛdɛn akyerɛw na w'aka? Wore tie biribi afa Kṛṣṇa ho; ɛsɛ sɛ wo dwene ho, na afei w'atumi adi ho adanse. Anyɛ sa a, worentumi. Enti, śrotavyaḥ kīrtitavyaś ca dhyeyaḥ and pūjyaś ca. Na afei monsom. ɛno nti ehia sɛ mobɛsom Awurade wo ne saa tebea yi mu. ɛsɛ sɛ yɛdwene ho, ɛsɛ sɛ yedi ho adanse, ɛsɛ sɛ yɛ te, ɛsɛ sɛ yɛsom, pūjyaś ca... Afei, yɛn ara bere a yɛpɛ mu ana? Daabi. Nityadā: taa yɛ no, berebiara, berebiara. Nityadā, eyi ne kwan no. Enti obiara a obefa saa ɔkwan yi so no ɔbete Agya ɔnokwafo no ase. Eyi ne asɛm pɔtɛɛ a wɔaka no Śrīmad-Bhāgavatam mu.