AK/Prabhupada 0032 - Nsɛm a mewɔ ka no m'aka ne nyinaa wɔ me nhoma no mu



Arrival Speech -- May 17, 1977, Vrndavana

Prabhupāda: Enti me ntumi nkasa. M'agugow yiye. Na ɛsɛ sɛ mekɔ baabi tesɛ Chandigarh nanso, m'anny ankɔ efisɛ m'ahoɔden to retew koraa. Enti, mepɛe sɛ mɛba Vṛndāvana. Sɛ mewu a, mɛpɛ sɛ mewu wɔ ha. Enti, menni ade foforo biara ka. Nea mewɔ me ka nyina ara m'aka wɔ me nhoma no mu. Afei, mo mmɔ mmɔden nte ase na montoa so Sɛ mete ase anaa m'awu, ɛnfa ho. Sɛnea Kṛṣṇa te ase afebɔɔ no Saa ara na akra nso te ase afebɔɔ. Nanso, kīrtir yasya sa jīvati: "Nea w'ayɛ Awurade adwuma no, ɔbɛtena afebɔɔ." Enti w'akyerɛ mo sɛnea mobɛsom Kṛṣṇa. Kṛṣṇa ka yɛn ho yi di yɛbɛtena afebɔɔ. Yɛn nkwa yɛ afebɔɔ. Na hanyate hanyamāne śarīre (BG 2.20). Nhonam dua yi betwam akɔ. Ɛmfa ho. Ɔhonam dua yi de ebetwam akɔ Tathā dehāntara-prāptiḥ (BG 2.13). Enti monsom Kṛṣṇa na montena afebɔɔ. Meda mo ase.

Asuafo: Jaya (Nkunim)!