AK/Prabhupada 0043 - Bhagavad-gita ne nyinasosɛm kunini no



Lecture on BG 7.1 -- Sydney, February 16, 1973

Prabhupāda:

(mayy āsakta-manaḥ pārtha)
yogaṁ yuñjan mad-āśrayaḥ
asaṁśayaṁ samagraṁ māṁ
yathā jñāsyasi tac chṛṇu
(BG 7.1)

Asɛm yi wo behu no Bhagavad-gītā mu. ɔkwan a mobɛ tu mpɔn wɔ saan Kṛṣṇa som yi, Nyame som. Bhagavad-gītā no, mo mu faa kɛse no ara saa kyerɛw kronkron yi din. ɛyɛ nimdeɛ nkyerɛkyerɛ noma bi a abɔ apete ewiase nyinaa. Kurow biara mu, Bhagavad-gītā wɔ hɔ. Enti Bhagavad-gītā ne Kṛṣṇa som no botae a edi kan. Kṛṣṇa som a yedi ho adanse yi, ɛyɛ Bhagavad-gītā. Ɛnny sɛ y'abɔ yɛn tirim aka biribi no. Kṛṣṇa som yi wɔhɔ fi bere a wɔbɔɔ ewiase, Nanso, mfe apem anum a atwa mu no, bere a na Kṛṣṇa wɔ asase yi so no, Ɔno ankasa kyerɛɛ Kṛṣṇa som yi mu, Ɛna w'agyaw ne nkyerɛkyerɛ yi ama yɛn, eyi ne Bhagavad-gītā. Nanso, Bhagavad-gītā yi. abenfo ni asɔfo bi abu no anim tia. Wɔn a wonnye ntom sɛ Awurade wɔ ne honamdua, anaa wɔn a wonnye Awurade enni no, wɔa bɔ wɔn tirim akyerɛ Bhagavad-gītā kwan bi so, sɛnea wɔara wɔpɛ Afe 1966 mu bere a mebaa Amerika man mu no, Amerikani awuraa bi bisaa me se, menkyerɛ no Bhagavad-gītā bi a w'akyerɛw no brɔfo mu na ɔnkɔkan. Nokware sɛm ne sɛ m'antumi ankanfo emu biara amma no, esiane sɛ nkyerɛkyerɛmu a w'ama no wɔ hɔ no nni nnyinaso papa biara. Eyi hyɛɛ me nkuran ma me kyerɛw Bhagavad-gītā Sɛnea ɛte no. Mprenpren yi de, Macmillan adwuma kuw a w'agye din nhoma tintim mu atintim Bhagavad-gītā, Sɛnea ɛte no. Na eyi ama yɛn ho asɛpɛw yɛn yiye. Te tintim Bhagavad-gītā Sɛnea ɛte no wɔ afe 1968 mu, nhoma kumaa bi Wɔde baa guaso no anso tɔ koraa. Macmillan kuw no ɔpanyin a ɔhwɛ aguadi so no de too gua sɛ yɛre tɔn yɛn nhoma yi no, ebi nso de wɔntɔ. Ɛnkyɛɛ biara, afe 1972 mu no, y'atintim Bhagavad-gītā Sɛnea ɛte no, nhoma mu no nyinaa. Na Macmillan kuw no atintim nhoma mmako mmako mpem aduonum. Abosom abiɛsa ntam no w'atɔn ne nyinaa. Sesei wɛbe tintim foforo bio.