AK/Prabhupada 0048 - Aryan Anibuei



Lecture on BG 2.2-6 -- Ahmedabad, December 11, 1972

Anārya-juṣṭam,"ɛho nni nfaso biara de ma nea onim abrabɔ yi botae." Āryan. Āryan ase kyerɛ sɛ mpɔntu. Enti sɛɛ awerɛhow a ɛhyɛɛ Arjuna ma wɔ ako no mu no ɛfata nea ɔnnyɛ Āryan ni. Bhagavad-gītā akyerɛ Āryan anibue ase Ade nyinaa so tumfo asi nneɛma anan bi so gyinae Sɛnea y'adi kan akyerɛ mu no, harmaṁ tu sākṣād bhagavat-praṇītam (SB 6.3.19). Ɛsɛ sɛ yɛte Nyamesom ho akwan nyinaa ase. "Ɛyɛ Awurade na ɔde ama." Onipa dasani rentumi mmɔ ne tirim nnyɛ Nyamesom ho nhyehyɛe biara. Enti, saa Āryan nkɔsɔ nhyehyɛe yi, yɛ cātur-varṇyaṁ mayā sṛṣṭaṁ guṇa-karma-vibhāgaśaḥ (BG 4.13). Kṛṣṇa se, "Ɛyɛ Me na medaa no adi sɛ ɛbɛboa nipa abrabɔ." Brāhmaṇa, kṣatriya, vaiśya, śūdra. Na Arjuna bɔ kṣatriya anaa asraafo abusua. Enti ɛnfata Āryan nhyhyɛe sɛ ɔrenko. Sɛ obi a ɔka ɔhene asraafo ho bɛ guan ako bere de, ɛnfata. Sɛ kṣatriyafo kɔ ako a, ɛnnyɛ bɔne sɛ wɔbekum nipa. Saa ara, brāhmaṇa nso, mmere bi wɔ hɔ a wɔde mmoa bɔ afɔre; Eyi ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ bɔne. Ɛnnyɛ mmoa afɔrebɔ no botae sɛ nipa bedi mmoa no. Ne botae ne sɛ wɔbɛsɔ Vedic mpae ana mantra ahwɛ. Sɛ brāhmaṇafo a wɔbɔ afɔre no, wɔ bɔ mpae no ne kwan so ana, saa nsɔhwɛ yi, wɔde aboa no bɔ afɔre na ebio w'ama no honam dua foforo. Mmoa afɔrebɔ ho nkyerɛase ni. Bere bi wɔ hɔ a wɔde mpɔnkɔ anaa nanwi na ɛbɔ afɔre no. Nanso w'abra saa aafɔrebɔ yi nyinaa wɔ Kali-bere (Kali-yuga) yi mu. Esiane sɛ yājñika-brāhmaṇafo anaa sɛ asɔfo abenfo a wɔtumi yɛ saa afɔre yi, wɔase atɔre. W'abra mmoa afɔrebɔ nyinaa wɔ saa bere yi mu.

aśvamedhaṁ gavālambhaṁ
sannyāsaṁ pala-paitṛkam
devareṇa sutotpattiṁ
kalau pañca vivarjayet
(CC Adi 17.164)

Aśvamedha afɔre, gomedha safɔre, sannyāsa, ɛna afɔre a wɔbɔ de pɛ ɔba efi devara anaa, okunu nua barima kumaa hɔ, w'abra saa afɔre yi nyinaa saa bere a yɛwɔ mu yi.