AK/Prabhupada 0051 - Adwene bosoo ntumi nte nea ɛwɔ honam dua yi akyi ase



Interview with Newsweek -- July 14, 1976, New York

Ɔsɛmbisani: So, wo gyedi sɛ berebi bɛba a Kṛṣṇa asɔre kuw yi begye din ewiase afanan nyinaa?

Prabhupāda: Eyi rennyɛ yie. Ɛwɔ hɔ titiriw de ma wɔn a w'adwene mu dɔ. Enti, kuw yi yɛ nimdeɛfo kuw.

Ɔsɛmbisani: Nanso wɔn a wɔyɛ nimdefo no..

Prabhupāda: Obi a onni nimdeɛ no..Ontumi nte ase. Enti yɛnsusuw sɛ obiara wɔ saa nimdeɛ no. Kṛṣṇa ye bhaja se baḍa catura. Obi a onni nimdeɛ ntumi nte Kṛṣṇa som yi ase efisɛ ɛyɛ asɛm foforo koraa na emu dɔ yiye. Nnipa dɔm no ara na wodi ɔhonam akɔnɔ akyi. Eyi tra honam dua akɔnɔ koraa. Enti obi a n'adwene mu nnɔ no ntumi nte nsɛm a ɛtra honam dua yi so ase. Enti ɛnnyɛ obiara na ɔbɛte Kṛṣṇa som yi ase. Ɛnnyɛ yie.

Ɔsɛmbisani: Wɔde nsɛm bebree ato gua a, ɛfa osuahu wɔ nipadua ne nipa su pɛrepɛreyɛ (genetics) ho.

Prabhupāda: Dɛn ne nipa su pɛrepɛre yɛ (genetic)?

Ɔsɛmbisani: Dɛn ne nipa su ho nkankɔ?

Bali-mardana: Nnɛra na y'edi abɔde nyansapɛ osuahu wɔ nipa su ho adesua mu. Wɔ pɛ sɛ wɔte nipa su bi ase, sɛnea wɔbɔɔ honam dua ne adwene na wɔ sesa no.

Prabhupāda: Eyi, y'ayɛ dedaw...Nhoma no wɔ he?

Rāmeśvara: Svarūpa Dāmodara nhoma no.

Prabhupāda: Yiw. Fa bra.

Rāmeśvara: Ɛden ne w'asɛmbisa no?

Ɔsɛmbisani: M'asɛm no ne sɛ..... Wo di kan kaa sɛnea wɔde abɛɛfo nnade, ɛna sɛ nipa kuw bi wɔ baabi a...

Prabhupāda: Nhoma no nni ha? Monhu?

Ɔsɛmbisani: Ma mimmisa wo. Sɛ wɔ tumi fa abɛɛfo kwan so boa nipa nkankɔ a, Nea merekyerɛ ne sɛ, nnipa dodow no ara wɔ nimdeɛ, hena ne nimdeɛ fo....?

Prabhupāda: Nimdeɛ fo no,....Sɛ onipa te ase sɛ ɔnnyɛ honam dua yi mmom ɔyɛ ɔkra a - ɔte honamdua yi mu a..... Ɛte sɛ nea wowɔ ataade baako. Ɛsono wo na ɛsono w'ataade no...Wonnyɛ ataade no. Obiara betumi ate ase. Wo te honam dua yi mu. Saa ara, onipa a ɔte ase sɛ ɔnnyɛ nipa dua yi -na ɔte nipa dua yi mu no... Eyi obiara betumi ate ase efisɛ se ɔhonam yi wu a, dɛn ne nsonsonoe? Esiane sɛ ɔkra teasefo a ɔwɔ ɔhonam no mu afi honam no mu kɔ no nti, yɛfrɛ honam dua no se efunu.

Ɔsɛmbisani: Nanso, nimdeɛfo bi wɔ hɔ a wonni sunsum mu osuahu biara, mpo, nipa bi a wɔte ase sɛ wonnyɛ honam dua yi, anaasɛ honam dua yi nnyɛ nipa dua yi awu ena biribi foforo bi wɔ hɔ. Dɛn nti na saa nipa yi wonni sunsum mu ntease?

Prabhupāda: Sɛ onipa nte asɛm tiatiaa yi ase, sɛ ɔnnyɛ honam yi a, na ɔne sɛbe aboa yɛ pɛ. Eyi ne sunsum mu ntease a edi kan. Sɛ ɔdwene sɛ ɔyɛ nipa dua yi a, na ɔne aboa yɛ pɛ.

Rāmeśvara: N'asɛm bisa no ne sɛ... Yɛnfa no sɛ obi wɔ gyedi sɛ owu akyi nkwa wɔ hɔ, ɛna ebia ewiase nsusuwee mu no ɔwɔ nimdeɛ papaa pa. Dɛn nti na........?

Prabhupāda: Daabi, ewiase nimdeɛ ɛnnyɛ nimdeɛ. Ewiase susuw dua no ne sɛ "me ne honam dua yi. Meyɛ Amerika ni. Me yɛ India ni, meyɛ sakraman, meyɛ ɔkraman, meyɛ nipa." Eyi yɛ ewiase ntease. Sunsum mu ntease no tra ewiase ntease yi, sɛ "Ɛnnyɛ me ne honam dua yi." Na, sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden na ɔte saa sunsum mu nkyrɛase yi ase a, na ɔwɔ nimdeɛ. Annyɛ saa de a, ɔnnyɛ onimdeɛfo.

Ɔsɛmbisani: Enti, eyi kyerɛ sɛ....

Prabhupāda: W'akyerɛ mu sɛ wɔyɛ mūḍha. Mūḍha ase kyerɛ sɛ afunpɔnkɔ. Enti eyi ne ntease a edi kan, ɛne sɛ ɛnsɛsɛ onipa susuw sɛ ɔno ne nipa dua yi.

Ɔsɛmbisani: Ntease bɛn bio na ɛwɔ hɔ eyi akyi?

Prabhupāda: Ɛte sɛ ɔkraman. Ɔkraman ntease ne sɛ ɔyɛ honam dua yi. Sɛ onipa nso dwene sɛ ɔyɛ honam dua yi a - na nsonsonoe biara enni onipa no ɛne ɔkraman no ntɛm.

Ɔsɛmbisani: Ntease bɛn bio na ɛwɔ hɔ eyi akyi?

Bali-mardana: Sɛ wo te ase sɛ wonnyɛ nipa dua yi a, na dɛn bio?

Prabhupāda: Ha! W'abisa nyansa sɛm. Na ɛsɛ sɛ onipa hwehwɛ mu hu sɛ "Me bra a mebɔ yi nyinaa no ɛyɛ honam yi nti. Saa de a ɛdɛn ne m'asɛde? " Eyi ne asɛm a Sanātana Gosvāmī bisae sɛ "W'ayi me afi ewiase nnwuma mu. Afei, ma minhu m'asɛde." Eyi nti na ɛsɛ sɛ onipa kɔ sunsum mu ɔkyerɛkyerɛfo nkyɛn, na ɔkɔ sua na ɔte n'asɛde ase. "Sɛ ɛsono me na ɛsono me honam dua yi de a, na ɛdɛn ne m'asɛde? Efisɛ adekyee ne adesae nyinaa me brɛ nyinaa yɛ ɔhonam yi nti. Me didi, di mpanyin goru, bɔ me ho ban - eyi nyinaa yɛ honam dua yi ahiasɛm. Sɛ ɛnnyɛ me ne honam dua yi de a, na dɛn na ɛsɛ sɛ me yɛ?" Eyi ne nimdeɛ.

Rāmeśvara: Enti wo se, " sɛ wo hu sɛ wonnyɛ honam dua yi a na ɛdɛn bio? Prabhupāda se nea edi hɔ ne sɛ wobɛ hwehwɛ nea ɛyɛ w'asɛde nea obetumi akyerɛ so w'asɛde no ɛne ɔkyerɛkyerɛfo a w'aben sunsum mu.

Ɔsɛmbisani: Sɛ wobɛkenkan ɔkyerɛkyerɛfo no ne nhoma a w'akyerɛw.

Bali-mardana: Sɛ wo bɛkɔ n'anan so, and...

Puṣṭa Kṛṣṇa: Prabhupāda edi kan akyerɛ mu sɛ mprenpren honam dua a yɛte mu yi, yɛwɔ nnwuma pii yɛ. Yɛyɛ adwuma, di mpanyin goru, didi, da, bɔ ban - ade bebree. Eyi nyinaa yɛ ɔhonam dua yi ho nti. Nanso, se ɛnnyɛ me ne honam dua yi a, na dɛn ne m'asɛde? dɛn na ɛsɛ sɛ me yɛ? Enti nea edi hɔ no ne sɛ. sɛ onipa nya saa ntease yi a, na ɛsɛ no sɛ ɔkɔgye nkyerɛkyerɛ wɔ ɔkyerɛkyerɛfo nkyɛn. Tu mpɔn na nya ntease fa w'asɛde ho. Eyi ho hia yiye.

Prabhupāda: Mpo, adidi, nna, mpanyin goru ne banbɔ hia ma sɛ yɛbenya akwan kyerɛ afi ɔkyerɛkyerɛfo nkyɛn. Fa adidi yɛ mfantoho, yehia nimdeɛ fi obi a w'asua na ɔwɔ adidi ho nimdeɛ, nnuan mu ahoɔden a ehia ma honam dua no...enti nimdeɛ ho hia. Nna nso, ehia me nimdeɛ. Enti nea ɛfa honam dua ho nyinaa hia ma sɛ yɛbenya nimdeɛ afi afoforo nkyɛn. Enti sɛ, ɔtra honam dua yi a- ɔte ase sɛ "mennyɛ honam dua yi; me yɛ ɔkra teasefo" - Enti, saa ara, ɛsɛ sɛ osua efi nea onim nkyɛn.