AK/Prabhupada 0057 - Sɛ wobɛ siesie wo koma mu



Lecture on SB 6.1.34-39 -- Surat, December 19, 1970

Revatīnandana: Bere biara yɛhyɛ nipa nkuran sɛ wɔbɛ bɔ Hare Kṛṣṇa mpae yi, ɛnnyɛ sa?

Prabhupāda: Yiw. Ɛnoara ne ɔkwan a wɔfa so nya Nyame dɔ wɔ saa bere y mu. Sɛ wobɔ saa Hare Kṛṣṇa mpae yi a wo...... Wobɛnya ntease mapa na mpo wobenya, obenya sunsum mu nimdeɛ no. Sɛ koma no mu ntew a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛte sunsum mu nimdeɛ. Saa nhyehyɛe yi nyinaa - brahmacārī, gṛhastha, vānaprastha - ɛyɛ ɔkwan a wɔ fa so nya ahotew. Na bhakti nso yɛ ɔkwan a nipa betumi atew ne ho, vidhi-bhakti. Nanso, sɛ ɔde ne ho hyɛ Huni som mu nso a, otumi tew ne ho. Tat-paratve... Sarvopādhi... Sɛ ɔte ase sɛ ɔyɛ Kṛṣṇa akoa afebɔɔ a, ne ho bɛtew. Ne ho bɛtew. Sarvopādhi ase kyerɛ sɛ ɔnnyɛ......Sarvopādhi. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbeyi ne upādhi, ne tebea, Sɛ "meyɛ Amerika ni," "meyɛ India ni," "me fi ha," "me fi hɔ." Enti sɛ wofa ɔkwan yi so yi wo ho fi saa wiase tebea yi mu kora kora a, na afei nirmalam. Ɔyɛ nirmala, ne ho tew, korɔgyee. Nanso ɔtoa so tena ne tebea dedaw no mu na ɛyɛ no sɛ "me fi ha" "me yɛ sɛɛ." a ɔdasɔ wɔ ..... Sa bhaktaḥ prakṛtaḥ smṛtaḥ. (nkyɛn) Tena ase yiye, ɛnnyɛ saa. Sa bhaktaḥ prakṛtaḥ smṛtaḥ. Arcāyām eva haraye... Enti saa ɔkwan yi so, sɛ wɔde wɔn ho hyɛn Huni som mu a, arcāyāṁ haraye yat-pūjāṁ śraddhāyehate, sɛ woyi wɔn koma mu som yiye a, nanso, tad bhakteṣu cānyeṣu,nanso,onni te ma de ma afoforo fo anaa, onnim tebea a ɔsomfo wɔ mu, na sa bhaktaḥ prakṛtaḥ smṛtaḥ: Wɔfrɛ no osuani a ɔdaso wɔ ne wiase tebea mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛtew yɛn ho so fi ewiase nsɛmnsɛm ho ɛkɔ tebea a ɛtɔ so abien no mu, ɛhɔ na yɛbɛte asuafo ase, Hena na ɔnnyɛ osuani, Dɛn ne Awurade, hena na onnye Awurade enni? Saa nyiyimu yi wɔ hɔ. Na, paramahaṁsa tebea mu de, nyiyimu saa enni hɔ. Ohu obiara som Awurade. Ɔntan obiara, onhu biribiara, obiara. Nanso eyi yɛ tebea foforo. Ɛnsɛ sɛ yɛsuesua, nanso, yɛbehu sɛ paramahaṁsa tebea ne nea edi mu koraa. Yɛyɛ adansedifo yi de ɛsɛ sɛ yɛtumi da nsɛm adi...tesɛ nea me ka kyerɛɛ aberante yi, "tena ase sɛɛ. Nanso paramahaṁsa renka. Paramahaṁsa de, ohu sɛ ne nyinaa ye." Ohu ade. Nanso ɛnsɛ sɛ ye suasua paramahaṁsa. Esiane sɛ, yɛyɛ adansedifo nti, yɛyɛ akyerɛkyerɛfo, ɛnsɛ sɛ yɛsuasua paramahaṁsa. Ɛsɛ sɛ yɛka nokware, yɛkyerɛ ɔkwan pa no.

Revatīnandana: Prabhupāda, wo kyɛn paramahaṁsa koraa.

Prabhupāda: Me nsen wo. Me nsen wo.

Revatīnandana: Wo ho yɛ fɛ paa. Wo yɛ paramahaṁsa nanso, woredi adanse akyerɛ yɛn.

Prabhupāda: Daabi, mensen wo. Meyɛ abode nyinaa mu kumaa koraa. Me bɔ me ho mmɔden kɛkɛ sɛ me di me sɔfo pɔn asɛm so. Ɛno ara nen. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ obiara ne botae. Bɔ wo ho mmɛden sɛ wobedi asɛm yi so. Eyi ne nokware kwan a wɔnam so tu mpɔn wɔ sunsum mu. Ebi a na obi sua koraa, Nanso, sɛ odi asɛm a w'aka akyerɛ no no so a, ɔyɛ ɔkronkron ni. Ebi a osua de nanso, esiane sɛ odi asɛm a w'aka akyerɛ no no so pɛpɛɛpɛ no nti, ɔyɛ ɔkronkron ni. Saa na asɛm no te.