AK/Prabhupada 0059 - Mma wo werɛ emfi wo botae titiriw



Lecture on BG 2.14 -- Mexico, February 14, 1975

Asembisa no ne sɛ "sɛ me yɛ ɔkra a menwu de a adɛn nti na amanenya sɛm to me wɔ m'abrabɔ mu yi? Dɛn nti na wɔhye me sɛ minwu?" Saa asɛmmisa yi yɛ nyansa sɛm, sɛ "sɛ me kra te ase daa de a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ me tena ewiase honam dua a obewu, wɔbɛso no, obe nyini na ɔbɛyare mu?" Enti, Kṛṣṇa akyerɛ mu sɛ, saa tebea yi a ɛyɛ mmɔbɔ yi, wiase honam dua yi na ɛde brɛ yɛn Wɔn a wɔyɛ karmī fo, ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔn botae ne sɛ wobegye w'ani no Wɔfrɛ wɔn karmī fo. karmīfo no daakye asɛm ɛnfa wɔn ho; nea wɔhwehwɛ ara ne mprenpren nea mede begye m'ani ɛte sɛ abɔfra a n'awofo ani enni ne ho, obegoru da mu no nyinaa daakye asɛm ɛnfa ne ho, adesua biara enni mu Nanso, honam dua yi de, sɛ yɛyɛ anyansafo de a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya honam dua a ɛrenfa owu,awo,onyin ne yare ɛmmrɛ yɛn bio.

Enti, Kṛṣṇa som no botae ne sɛ yebedi saa nkyeerɛkyerɛ yi ho adanse abɔ no dawuru akyerɛ adasa nyinaa. Obi bebisa sɛ, "sɛ me de me ho bɔ afɔre ma Kṛṣṇa som yi a, ɛbɛyɛ dɛn na m'asetena mu nneɛma nkakrankakra a ehia me no mensa aka?" Saa asɛm bisa yi ho mmuae wɔ Bhagavad-gītā no mu se, obi biara a ɔde ne ho to hɔ ma Kṛṣṇa kuw yi no, nea ehia no biara, Kṛṣṇa bɛhwɛ Kṛṣṇa rehwɛ obiara adifi ne ne fie ba so. Eko yo bahūnāṁ vidadhāti kāmān: " Saa adasamma nyinaa agya yi rehwɛ obiara so de nea ehia ma wɔn." Enti osuani a ne botae ne sɛ ɔbɛsan akɔ n'agya fie ɔsoro ahenman mu de, hwee renhia no. Nya awerɛhyɛmu yi. Kṛṣṇa ahyɛ bɔ wɔ Bhagavad-gītā mu. teṣāṁ satata-yuktānāṁ yoga-kṣemaṁ vahāmy aham: (BG 10.10) "Ɔsomfo a ɔde ne bra ato hɔ ama m'adwuma no, Mɛhwɛ sɛ nea ehia no biara Mede bɛma no." Nhwɛso biako ne sɛ Kṛṣṇa som yi yɛwɔ biayɛ ɔha, asɔre fi biara asuafo bɛyɛ aduonu-anum kɔpem bɛyɛ ahanu ne aduonum te hɔ. Yɛnnyɛ adwuma biara a ɛde sika pɔtee biara brɛ yɛn, bosom biara yɛde aburokyiri dollar mpem awotwe na ɛhwɛ beae ahorow no nyinaa Kṛṣṇa adaworoma hwee nhia yɛn; yɛn nsa ka biribiara. Ɛtɔ dabi a ɛyɛ nipa nwowa sɛ "Nkurɔfo yi nnyɛ adwuma, wɔnnyɛ adwuma biara, ɛno ara ne sɛ wɔto Hare Kṛṣṇa.So wɔyɛ dɛn didi?" Enti eyi ɛnnyɛ asɛm biara. Sɛ Nyame adom nti nnyinamoa ne nkraman didi a, Nyame adom no nti N'asomfo nso bɛtra ase asomdwoe mu. Asɛm biara enni hɔ, nanso sɛ obi adwene yɛ no naa kakra sɛ "Mede me bra ato hɔ ama Kṛṣṇa som yi, nanso neɛma bebree ho hia a menni," nipa saa ana yɛn nyinaa mpo, mmuae no ne sɛ mātrā-sparśās tu kaunteya śītoṣṇa-sukha-duḥkha-dāḥ: (BG 2.14) "Saa yawdi ne anigye yi tesɛ awɔw bere ne awia bere." Awɔbere nsu ma yawdi, nanso ɔpɛ bere nsu ma anigye. Enti dɛn ne nsu gyinabew? Ɛma anigye anaa awerɛhow? Ɛnnyɛ emu biara, mmom bere biara no nsu ka honam no a na ayɛ sɛ ɛma yawdi ana anigye. Saa yawdi ne anigye yi w'akyerɛ mu wɔ ha: "ɛba na ɛkɔ. Emu biara ntena afebɔɔ. Āgama apāyinaḥ anityāḥ ase kyerɛ sɛ "Ɛba na ɛkɔ; enti ɛntena hɔ afebɔɔ." Enti Kṛṣṇa atu yɛn fo sɛ, tāṁs titikṣasva bhārata: " pene so." Na mmom ne nyinaa mu no ɛmma wo werɛ emfi wo botae, Kṛṣṇa som no. Mma wiase yaw ne anigye yi nhaw wo.