AK/Prabhupada 0061 - Honam dua yi yɛ kotoku a ɔhonam, dompe ne mogya edi mu akoten



Northeastern University Lecture -- Boston, April 30, 1969

M'adɔfo mmrante ne mmabaa, meda mo ase sɛ moahyia mu wɔ ha. Yɛbɔ Kṛṣṇa som yi ho dawuro esiane sɛ kuw yi ho hia yiye ewiase nyinaa, na ɔkwan a wɔfa so som no nso nnyɛ den. Eyi ne mfaso no. Nea edi kan, bɔ mmɔden te honhom tebea no ase. Yɛn abrabɔ yi mu, obiara wɔ tebea bi mu Enti nea edi kan ne sɛ yebe gyina honhom tebea no mu. Na ɛho nhia sɛ yɛbɛ da adwene honhom tebea ho. Bhagavad-gītā ti abiɛsa, wobehu sɛ yɛwɔ ewiase abrabɔ tebea ahorow. Nea edi kan yɛ indriyāṇi parāṇy āhur... (BG 3.42). Sanskrit, indriyāṇi. Nea edi kan abrabɔ a ne botae ne ɔhonam akɔnɔ. Yɛn a yɛwɔ wiase yi mu nyinaa wɔ ɔhonam tebea yi mu. Me susuw sɛ meyɛ India ni. Wo susuw sɛ woyɛ Amerika ni. Obi resusuw sɛ , "Me yɛ Russia ni." Obi resusuw sɛ meyɛ biribi foforo." Enti obiara susuw sɛ :meyɛ honam dua yi." Eyi yɛ tebea biako. Tebea yi wɔfrɛ no atenka tebea efisɛ yɛwɔ ɔhonam mu yi de' Yesusuw sɛ anigye ne sɛ yebedi wiase akonɔ akyi. Ɛno ara nen. Anigye kyerɛ honam akɔnnɔ esiane sɛ nipa dua kyerɛ sɛ atenka. Enti, indriyāṇi parāṇy āhur indriyebhyaḥ paraṁ manaḥ (BG 3.42). Awurade Kṛṣṇa se, ewiase abrabɔ yi de, anaasɛ ohonam abrabɔ yi, yɛn atenkaa no titiriw da adi. Eyi rekɔ so saa bere yi. Ɛnnyɛ saa bere yi efiti bere a wɔbɔɔ ewiase yi. Eyi ne yɛn yare. sɔ "Meyɛ honam yi" Śrīmad-Bhāgavata se yasyātma-buddhiḥ kuṇape tri-dhātuke sva-dhīḥ kalatrādiṣu bhauma ijya-dhiḥ (SB 10.84.13), Sɛ "obiara a ɔwɔ honam dua tebea mu no, sɛ "meyɛ honam dua yi" no, Ātma-buddhiḥ kuṇape tri-dhātu. Ātma-buddhiḥ ase kyerɛ sɛ ɔhonam ne nnompe tebea. Eyi yɛ kotoku. Ɔhonam dua yi ye kotoku a honam,mogya,dwonso,agyanan na afɛfɛde wɔ mu. W'ahu? Nanso yesusuw sɛ " Meyɛ kotoku a nnompe, honam agyanan ne dwonsɔ wɔ mu. Eyi ne yɛn ahoɔfɛ. Ɛne yen biribirara Aborɔborɔ sem dɛdɛ bebree wɔ hɔ.Yɛn bere sua. Nanso, mɛ ka mo aborobora sem biako, aberante bi tenaa ase, a ohyiaa awura fɛfɛ bi a n'ani gye neho. Awura ne ampeme so nanso ɔbarima yi de obisaden kɔɔ sɔ see awura yi pe India nso de, mmabaa no wɔhwɛ wɔn ho so yiye Enti ɔbea yi ampene. Enti ɔkaa se, "Eye m'ahu, m'apene so. Nnawɔtwe akyi bra. Ɔhyɛɛ sɛ, "saa bere yi wode bra" Enti aberante no ani gyee Nnawɔtwe mu nyinaa, awura yi nom afase duro Adekyee ne adessaa na ogya ne nan, na ɔfe. na saa agyanan ne ɛfe yi nyinaa ɔboaa ano bonsua bi mu Enti bere no soe no, aberante yi baa, na aketesia no te aboboa no ano Aberante to bisaa, "osimasi wɔ he?" Obuae se, "me ni" "Daabi, daabi. ɛnnyɛ wo. Wo ho nnyɛ fɛ. Ɔno de na neho yɛfɛ. Ɛsono wo." "Daabi, ɛyɛ me ne awuraa no, nanso, m'ayi m'ahoɔfɛ no agu bonsua bi mu. "Dɛn nen?" Ɔkyerɛɛ no: "ahoɔfɛ no eni, agyanan ne fe yi. Ɛno ni" Nokware, obiara betumi anya ahoɔfɛ - sɛ ogya n'anan mpɛn abiɛsa ana anan a, na biribira asesa.

Enti, m'asɛm ne sɛ, sɛnea w'aka wɔ Śrīmad-Bhāgavatam mu no, wɔnfa w'ani nto saa honam dua abrabbɔ yi so. Yasyātma-buddhiḥ kuṇape tri-dhātuke (SB 10.84.13).