AK/Prabhupada 0068 - Ɛsɛ obi biara sɛ ɔde ne nsa yɛ adwuma



Lecture on SB 6.1.45 -- Laguna Beach, July 26, 1975

Nitai: " Abrabɔ yi, onipa biara wo nnwuma ahorow sɛ ɛfa som ho anaa ɛnfa som ho, sɛ wobɛtoa so adi saa dwuma yi abrabɔ foforo mu, onipa koro nwuma no dodow wobenya wonnwuma so akatua."

Prabhupāda:

yena yāvān yathādharmo
dharmo veha samīhitaḥ
sa eva tat-phalaṁ bhuṅkte
tathā tāvad amutra vai
(SB 6.1.45)

Enti nkyekyɛmu a yɛ y'adi kan aka ho asɛm no, dehavān na hy akarma-kṛt. Obiara a ɔwɔ honam dua yi ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ adwuma. Honhom mu honam dua nso ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma honam dua yi nso ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma Efisɛ adwuma no nyinasosɛm ɛne ɔkra no - ɔkra no te ase no - nti ɔwɔ biribi yɛ. Ɔkra teasefo kyerɛ sɛ ahokeka wɔ hɔ. Awuma wɔ hɔ. Ontumi ntena ase nka nensa nhyɛ ne damirifa mu. Bhagavad-gītā akyerɛ mu sɛ, " Bere biara nna hɔ kwa." Eyi ne ɔkra no nyinasosɛm Enti nwuma no guina nipa dua no so. Ɔkraman retu mirika, saa ara na onipa nso retu mirika. Nanso ɛyɛ onipa sɛ esiane sɛ ɔde afiri retu mirika no nti n'ani abue. Wɔn nyinaa retu mirika, nanso onipa wɔ honam dua bi. a obetumi de ayɛ afiri de atu ne mirika no. N'adwene ne sɛ "esiane sɛ me mirika no ano yɛ hyew sen ɔkraman mirika no nti m'ani abue. Eyi yɛ wiase nnɛmafo adwene. Onnim Den nsonsonoe na ɛda mirika a wotu akwansin aduonum and akwansin anum ana kwansin ɔpenum ana ɔpepe num mirika. Ewim so. Hare biara a wo bɛ kɔ no ɛnnɔso. Ɛnnɔso.

Enti eyi nnyɛ abrabɔ, sɛ, "Esiane sɛ me ho yɛ hare sen ɔkraman no nti, m'ani abue."

panthās tu koṭi-śata-vatsara-sampragamyo
vāyor athāpi manaso muni-puṅgavānāṁ
so 'py asti yat-prapada-sīmny avicintya-tattve
govindam ādi-puruṣaṁ tam ahaṁ bhajāmi
(Bs. 5.34)

Yɛn hare yi....mfaso bɛn na ɛwɔ hare yi so? Esiane sɛ yɛ pɛ sɛ yedu baabi nti na saa hare yi. Enti y'ani kyerɛ Govinda, Viṣṇu hɔ. Ɛna na te viduḥ svārtha-gatiṁ hi viṣṇu. Wɛ de mirika, obiara ne hare nko nanso, wonnim bea a wɔrekɔ. Odwontofo kunini bi a ɔwɔ yɛn man mu, Rabindranath Tagore, w'akyerɛw anwensɛm bi -m'akan - bere a na ɔwɔ London enyiresi baurokyiri man mu no. Enti mo kurow yi mu, kaa tu mirika wɔ ha yiye. Enti, ɔdwomtofo Rabindranath Tagore susuw sɛ, "Saa Aborɔfo yi, wɔn kurow yi sua, nanso wɔde aperepere bɛtɔ po mu. Asɛm a ɔkae ni. Adɛn nti na wɔpere saa? Enti saa ara, yɛ de aperepere rekɔ abonsamkurow mu. Eyi ne yɛn dabea, esiane sɛ yennim bea a yɛre kɔ. Sɛ minnim bea a merekɔ na me pere a, dɛn asɛm na ebesi? Awiei no yɛ abusude. Ɛsɛ sɛ yehu nea enti a yɛ pere. Ɛtesɛ asuten a ɛresen ahoɔden so, nanso ɛrekɔ po mu. Sɛ asuten nya du po mu a w'awie n'akwantu. Saa ara, ɛsɛ sɛ yehu bea a yɛrekɔ. Bea a yɛre kɔ ne Viṣṇu, Awurade nkyɛn. Yefi Awurade mu na aba. Nanso mprenpren de y'ahwe ase wɔ asase yi so Enti y'abrabɔ botae ara ne sɛ yɛbɛsan akɔ fie, Awurade fie. Eyi ne bea a yɛrekɔ. Bea biara nni baabi bio. Enti yɛn Kṛṣṇa som yi rekyerɛ sɛ " Montwe moadwene nsi abrabɔ yi botae so." Ɛden ne abrabɔ yi botae? "Sɛ yɛbɛsan akɔ fie, Awurade fie. Mprenpren, yɛn ani kyerɛ abonsamfie Eyi nnyɛ bea a yɛ hwehwɛ akɔ no. Momma yɛnfa y'ani nkyerɛ Awurade fie." Eyi ne yɛn botae.