AK/Prabhupada 0074 - Adɛn nti na wo we mmoa



Lecture on BG 4.21 -- Bombay, April 10, 1974

Bhagavad-gītā akyerɛ biribiara mu. Bhagavad-gītā anka se "Monnom mframa." Daabi. Bhagavad-gītā se, annād bhavanti bhūtāni (BG 3.14). Anna. Anna ase kyerɛ sɛ bɛtɛm. Bɛtɛm ho hia. Annād bhavanti bhūtāni. Bhagavad-gītā anka se "monnidi. Mo nhome mframa na monnyɛ yoga. "Daabi". Na mmom ɛnsɛ sɛ yedidi boro so saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛbuada Wɔfua eyi so. uktāhāra-vihārasya. Nnidi mma no mboro so saa ara nni abuada. Ɛna, nirāśīḥ. Nirāśīḥ kyerɛ sɛ mma w'ani mmere wiase afɛfɛde. Mprenpren yɛrepere wiase anigye Eyi ho nhia. Sɛ wopɛ sɛ wo bra si wo yiye a, eyi ne tapasya no. Onipa biara pɛ biribi nanso ɛnsɛ sɛ yɛn ani bere ewiase nneɛma Obiara wɔ ho kwan sɛ odidi, mmoa mpo saa ara. Obiara wɔ ho kwan. Nanso esiane sɛ yɛn ani bere wiase anigye ma ne boro so nti, Yɛn mma mmoa ho ntɔ wɔn mmom, yekum mmoa no na yedi. Eyi ho nhia. Wɔfrɛ eyi se nirāśīḥ. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wodi mmoa? Ɛnkyerɛ anibuei. Sɛ aduan nni hɔ a, aborigine fo wɔ ho kwan sɛ wodi mmoa, esiane sɛ wonnim kua yɔ Nanso sɛ adasamma ani bue a, wɔbetumi ayɛ kua fɛfɛ ama nnɔbae bebree aba wɛbetumi ayɛn anantwi, sen sɛ wobe kum anantwi adi wɔn nam Wobenya nufusu bebree yebetumi de nufusu ne bɛtɛm ayɛ nnuan horow bebree. Enti enhia sɛ yɛn ani bɛbere wiase anigye ama aboro so. W'akyerɛ mu sɛ, kurvan nāpnoti kilbiṣam. Kilbiṣam kyerɛ sɛ bɔne nsunsuanso. Kilbiṣam Enti sɛ yɛn ani ammere antra nea ehia yɛn a, yennya asotwe biara, yɛnnyɛ bɔne, Kurvan api, mpo yɛn adwuma yɛ mu. Yɛn adwuma yɛ mu, sɛ yɛboa pa ana yɛn hyɛda, yɛ bɛyɛ bɔne berebiara, Nanso woyɛ w'adwene sɛ wobɛnya asetena pa a, ɛne kurvan nāpnoti kilbiṣam. Yɛn bra yi, bɔne biara ɛmmata ho. Annyɛ saa a, yɛwɔ asotwe. Nanso wonnye nni, mpo sɛ wohu sɛ nnipa dɔm no ara na wɔre brɛ wɔn abrabɔ mu. Wofi he na ɛba, nkwa ahorow 8,400,000 no? Abɔde bebree rehu amanne wɔn abrabɔ mu. Mmoa de wonnim. Nanso yɛn nipa de ɛsɛ sɛ yehu nea enti a amanehunu wɔ abrabɔ mu. Ɛyɛ māyā nnadaa no bi. Ebi te sɛ Ɔprako a n'asetena nyinaa wɔ efi mu no, odi agyanan nanso, ɛyɛ no sɛ n'ani agye ma ɔfa ho yɛ kakraa. Sɛ obi anygye a, "M'ani agye." ne honam tɔ so. Enti wobehu mprako yi na wɔn ayɛ akɛse, na dɛn na wodi? wodi agyanan na wɔte efi mu. Nanso wɔdwene sɛ wɔn ani agye." Eyi yɛ māyā nnadaa. Obiara a amanehunu ahyɛ n'abrabɔ ma, esiane māyā nnadaa nti, ɔdwene sɛ ne ho atɔ no, ɔte yiye. Nanso onipa a n'adwene mu da hɔ no, a ɔwɔ gyinabea pa no, ohu sɛ ɔwɔ amanne mu enti nnadaa wɔhɔ, nanso nimdeɛ ne afekuw papa bɔ, na onya nkyerɛkyerɛ fi kyerɛw kronkron śāstra, guru ne ahotefo hɔ a, ɔbɛte n'brabɔ botae ase na w'abɔ ne bra yiye. Enti Kṛṣṇa, kyerɛ yɛn sɛ nirāśīḥ, ɛho nhia sɛ onipa benya ani di akyiri a ɛho nni mfaso, na ɛboro nea ehia no so. Wɔfrɛ eyi se nirāśīḥ. Nirāśīḥ. Nkyerase foforo ne sɛ nea n'ni mmere wiase akɔnnɔ Sɛ onim sɛ "mennyɛ honam dua yi a," Eyi betumi ayɛ yie. Meyɛ ɔkra. Nea ehia me sɛ metu mpɔn honhom nimdeɛ mu." Na w'ayɛ nirāśīḥ. Eyi yɛ nneɛma a ehia ma tapasya, ahohyɛso. Nipa werɛ afi. Wonnim ahohyɛso Na nipa abrabɔ botae ni Tapo divyaṁ putrakā yena śuddhyet sattvaṁ yena brahma-saukhyam anantam (SB 5.5.1). Eyi ne śāstra no nkyerɛkyerɛ. Ahohyɛso ho hia ma nipa abrabɔ. Na ahohyɛso... Enti, Vedic abrabɔ mu no, ɔbra ahyase ne ahohyɛso. brahmacārī, brahmacārī, Wɔde osukuuni kɔ gurukula sɛ onkɛsua brahmacarya. Eyi yɛ ahohyɛso. Ɛnnyɛ ɔbra a ɔpɛ. Sɛ ɛbɛda famu, ɔbe kyinkyin afi afi mu asrɛsrɛ ade ama guru. Nanso wɛmmerɛ ho Esiane sɛ wɔyɛ mmɔfra nti, wɔde daa nkyerɛkyerɛ yi fi wɔn ase a, na akokwaw wɔn. Wɔfrɛ mmea nyinaa se, "Mama." "Mama, kyɛ me ade." Na wɔsan ba guru hɔ. Nea wɛn asrɛ no nyinaa yɛ guru de. Eyi ne brahmacārī abrabɔ no. Eyi yɛ ahohyɛso. Tapo divyam (SB 5.5.1). Eyi yɛ Vedic anibuei, Sɛ wɔbɛtetew mmɔfra wɔ wɔn mmɔfrabere mu wɔbɛ ma wɔn ahohyɛso ntetewee, brahmacarya. Ɛnsɛ sɛ brahmacārī hu ɔbea. Mpo sɛ ne guru yere yɛ ababaa a, ɛnsɛ sɛ ohu ne guru yere no. Eyi yɛ mmara. Mprenpren brahmacarya wɔ he? Brahmacārī nni hɔ. Kali-yuga ni. Ahohyɛso enni hɔ