AK/Prabhupada 0077 - Wo betumi anya adesua afi mpɛnsɛnpɛnsɛn mu,nkyerɛkyerɛ ne adesua mu



Ratha-yatra -- San Francisco, June 27, 1971

Kṛṣṇa se, wɔn a wɔtaa som Kṛṣṇa da mu nyinaa no... tesɛ asuafo yi, a wɔdɔm Kṛṣṇa fekuw yi, bere biara wɔsom Kṛṣṇa. Eyi yɛ Kṛṣṇa som yi botae titiriw. Saa Ratha-yatra afahyɛ yi yɛde da koro na ɛhyɛ, sɛnea dabi Monyinaa mobetumi asom Kṛṣṇa ama ayɛ yie. Enti nea ehia ara ne sɛ mode saa nkyerɛkyerɛ yi bɛbɔ mo bra daa nyinaa, sɔnea owu bere so a wobetumi akae Kṛṣṇa, na wo bra asi wo yie. Saa dwuma di yi ho hia. yaṁ yaṁ vāpi smaran loke tyajaty ante kalevaram (BG 8.6). Nea ɛte biara, yebewu agya honam dua hi hɔ. Nanso bere a yɛre wu no, sɛ yɛkae Kṛṣṇa a, amonom hɔ ara yɛbɛkɔ Kṛṣṇa hɔ Kṛṣṇa wɔ baabiara, nanso Kṛṣṇa san wɔ atrae soronko bi a, wɔfrɛ hɔ Goloka Vṛndāvana. ntease no ne sɔ ɔhonam dua yi, honam dua asekyerɛ biako nso ne atenka atenka yi akyi, adwene wɔ hɔ, ɛno di atenka no so adwene akyi no nyansa na ɛwɔ hɔ yenni asɛm yi ho nimdeɛ nanso sɛ yɛsɔ bhakti-yoga yi hwɛ a, nkakrankakra yɛbɛte ase sɛ yɛnnyɛ honam dua yi nhoma sua mu akunini ne abɔde ho nyansa pɛ mu nimdefo mpo wɔnso wosusuw sɛ ɛyɛ wɔn ne nipa dua yi Obiara redwene sɛ, " me ne honam dua yi," eyi yɛ mfomso. Yɛnnyɛ honam dua yi. Mɛkyerɛ mu kakra. Honam dua kyerɛ sɛ atenka, nanso adwene di saa atenka yi so' adwene yi nso nyansa na odi so, ɛna nyansa yi ɔkra no na odi so. Monni saa nimdeɛ yi. Ewiase nyinaa, suapɔn biara nni hɔ a wɔkyerɛ nimdeɛ a ɛfa ɔkra no ho. nanso sɛ yɛbɛte nipadua yi ase yiye a saa nimdeɛ yi ho hia yie. Ɛnsɛ nipa sɛe ne bere sɛ aboa, sɛ obedidi, ada, adi awaresɛm ɛne agyapade ho banbɔ . ɛsɛ sɛ nipa de ne nimdeɛ soronko hwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ate nipa dua yi ase "hena ne me? meyɛ ɔkra." Sɛ yenya ntease sɛ "meyɛ ɔkra a," saa adwene sɛ me ne honam dua yi, adi nipa nya bebree ewiase yi mu yɛdwene sɛ "meyɛ India ni, "wo dwene sɛ woyɛ Amerika ni, "ɔno nso dwene biribi foforo. Nanso yɛn nyinaa yɛ biako. Yɛyɛ akra ateasefo. Yɛyɛ Kṛṣṇa, Jagannātha nkoa daa nyinaa.

Enti ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron koraa. Ɛnnɛ da yi Awurade Kṛṣṇa, bere a ɔbaa asase yi so no, Ɔkɔɔ afahyɛ bi ase wɔ bea a wɛfrɛ hɔ Kurukṣetra no, Na Kṛṣṇa, ne ne nua barima Balarāma, ɛne ne nua bea Subhadra, baa nsrahwɛ wɔ Kurukṣetra agoprama so Saa Kurukṣetra asase yi da so wɔ India man mu. Dabi sɛ mokɔ India man mu a mobehu sɛ Kurukṣetra asase no wɔ hɔ. Enti saa Ratha-yatra afahyɛ yi yɛde kae bere a Kṛṣṇa ne ne nuanom kɔbɔɔ nsra wɔ Kurukṣetra no. Enti Awurade Jagannātha, Awurade Caitanya Mahāprabhu, Onyaa anigye ma ne boroso ma ɔkɔɔ Rādhārāṇī tebea mu, Enti saa bere no n'adwene ara ne sɛ, "Kṛṣṇa, san bra Vṛndāvana." Enti na ɔsaw wɔ Ratha-yatra no anim, na wobɛte ase sɛ Sɛ wo kenkan nhoma a y'atintim yi bi a, Nhoma no mu biako a w'ato din se Awurade Caitanya nkyerɛkyerɛ. Saa nhoma yi ho hia yiye. Se wopɛ osuahu wɔ Kṛṣṇa som yi ho a yɛwɔ nhoma bebree. Wobetumi ayɛ mpɛnsɛnpɛnsen mu. Na mpo wompɛ sɛ wosua ade fa som yi ho a, wode bɔ Hare Kṛṣṇa mpae yi nkakra nkakra biribiara bɛda adi ama w'ahu, na wobenya ntease mapa wɔ wo ne Kṛṣṇa nkitahodi ho. Meda mo ase sɛ moaba abɛboa ama yahyɛ fa yi. Afei momma yɛn nto Hare Kṛṣṇa nnwom no na yɛne Jagannātha Swami nto santen. Hare Kṛṣṇa.