AK/Prabhupada 0082 - Krishna wɔ baabiara



Lecture on BG 4.24 -- August 4, 1976, New Mayapur (French farm)

Osuani: Yɛka se Kṛṣṇa te nipa akoma mu.

Prabhupāda: Kṛṣṇa wɔ baabiara.

Osuani: Ɔwɔ hɔ onipa anaa?

Prabhupāda: N'ahoɔden mu. Ɛne ne nipadua nso. Onipa rentumi nfa n'ani yi nhu nanso yebenya atenka ama ahoɔden no. Monkyerɛ asɛm yi mu yiye. Enti sɛ yenya ntease sɛ biribiara yɛ brahma a, sarvaṁ khalv idaṁ brahma... Osuani a w'atu mpɔn no, onhu biribiara gye sɛ Kṛṣṇa.

Osuani: Śrīla Prabhupāda, aso nsonsonoe be wɔ ewiase ahoɔden ne sunsum mu ahoɔden mu anaa?

Prabhupāda: Yiw. Nsonsonoe bebree wɔ hɔ. Mfanto ho no ne anyinam kanea. Nneɛma bebree reyɛ adwuma, ahoɔden ahorow. Saa kasa afiri yi mpo ɛde anyinam ahoɔden na ɛyɛ adwuma. Anyinam ahoɔden koro y ara. Enti, Kṛṣṇa se ahaṁ sarvasya prabhavaḥ (BG 10.8). Ɔno ne biribiara ahyɛase.

Osuani: W'akyerɛ mu wɔ Bhagavad-gītā mu se onipa bɛsesa ne honam dua yi nanso yennhu sɛ obibini ana oburoni, nanso ade bi wɔ hɔ a ɛnsesa, Biribi wɔ hɔ a ɛnsesa wɔ bere a honam dua yi de ɛsesa. Ɛyɛ dɛn na yehu sɛ, onipa dua no reseasa fi mmerante bere mu kɔ nkokora bere nanso yehu sɛ ɛyɛ nipa koro no ara.

Prabhupāda: Enti sɛ wo tu mpɔn a wobehu sɛ nsonsonoe nni tuntum ne fitaa ntam. Ɛte sɛ nhwiren a ɛrefifi, kɔla bebree Enti ne nyinaa fii beae biako. Enti, nsonsonoe enni mu, nanso sɛ ɛbɛyɛ fɛ no nti, kola bebree wɔ mu. Kɔla ason na ɛka bom yɛ awia, na efi saa kɔla ason yi mu kɔla bebree fi mu ba, ne farebae yɛ kɔla biako nanso, kɔla bebree fi mu ba Moate ase ana?

Osuani: Śrīla Prabhupāda, sɛ Kṛṣṇa na ɔbɔɔ biribiara na biribiara kotow Kṛṣṇa a, aso yebetumi aka se biribi ye anaasɛ ennye anaa?

Prabhupāda: Papa nni hɔ na bɔne nso nni hɔ. Ɛyɛ yɛn adwene na ɛma yɛ susuw saa. Nanso wo hwɛ mu yie a, ewiase ha papa biara enni ha