AK/Prabhupada 0085 - Culture of Knowledge Means Spiritual Knowledge



Lecture on Sri Isopanisad, Mantra 9-10 -- Los Angeles, May 14, 1970

"Anyansafo akyerɛkyerɛ yɛn sɛ sunsum mu nimdeɛ so ade yɛ biako Na ewiase nimdeɛ nso ɛso ade yɛ biako Enti nnɛra yɛ kyerɛkyerɛɛ sɛnea ewiase nimdeɛ so ade no te Na sɛnea sunsum mu nimdeɛ nso so ade te. nimdeɛ kyerɛ sɛ sunsum mu nimdeɛ. Eyi ne nimdeɛ papa. nimdeɛ a ɛma ewiase ahotɔ anasɛ nimdeɛ a ɛbɔ ɔhonam dua yi ho ban no yɛ ewiase nimdeɛ Esiane sɛ, anamɔn biara a wobetu wɔ honam dua yi banbɔ ho no, wobenya ɛso mfaso pɛpɛɛpɛ. Ɛno ne dɛn? Janma-mṛtyu-jarā-vyādhi (BG 13.9). Wontumi mmɔ honam dua yi ho ban emfi awo ne owu ho, ɛne ɔyare ne onyini. Enti nipa sɛe wɔn bere hwehwɛ ewiase nimdeɛ nanso bere biara wohu sɛ ɔhonam dua yi resɛe owu nkrataa no wɔ kyerɛw no awo bere. Eyi yɛ asɛm nokware. Enti wontumi nsakra nipadua yi bɔbew. Ɛsɛ sɛ wofa honam dua yi nsunsuanso no sɛnea ɛte no ara. eyi ne awo,owu, onyini ne yare enti.

Bhāgavata akyerɛ mu sɛ, yasyātma-buddhiḥ kuṇape tri-dhātuke (SB 10.84.13). nneɛma titiriw abiesa na ɛbɔ mu yɛ honam dua yi: ahɔre, bɔnwoma ne mframa Eyi ne Vedic nkyerɛkyerɛ ɛne Āyurvedic ayaresa Honam dua yi yɛ kotoku a ahɔre, bɔnwoma ne mframa na wɔde anwene. Sɛ onipa du ne mpanyin bere mu a mframa a edi ɔforosan wɔ honamdua no mu no entumi mmɔ yiye: eyi enti, akwakoraa benya ahotutu, ɛne nnyarewaa ahorow bebree. Enti, Bhāgavata kyerɛ sɛ, "nea w'afa bɔnwoma, ahɔre ɛne mframa a aka abom sɛ ne honam dua no, ɔyɛ yoma." Eyi yɛ asɛm nokware. Sɛ yegye tu mu sɛ bɔnwoma, ahɔre, ne nframa a aka abomu yɛ me honam dua a .... Enti nimdefo, abɔde nyansa mu nimdefo mapa, so eyi kyerɛ sɛ ɔyɛ bɔnwoma, ahɔre ne nframa? Daabi. Eyi yɛ nfomso. Ɛsono ɔno na ɛsono saa bɔnwoma ana ahɔre ana nframa. Ɔyɛ ɔkra. Na esiane ne karma nti ɔda saa ɔdom akyɛde yi adi. Enti wɔnte saa karma mmara yi ase. Adɛn nti na nipa go ahorow?