AK/Prabhupada 0089 - Krishna's Effulgence is the Source of Everything



Lecture on BG 4.24 -- August 4, 1976, New Mayapur (French farm)

Osuani Frenchni: Sɛ Kṛṣṇa ka se "menni wɔn mu a, na ɔpɛ akyerɛ dɛn"?

Prabhupāda: Huh? "Menni wɔn mu efisɛ wontumi nhu nea ɛwɔ hɔ Kṛṣṇa wɔ hɔ, nanso wontumi nhu No. Wosua. Mfantoho bi ne sɛ. Awia wɔ ha. Obiara ani tua. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ awia no wɔ ha. W'ate ase? Awia wɔ ha, ase kyerɛ ne sɛ Awia no ahoɔden wɔ ha. Wote awia no nka a ɛno nkyerɛ sɛ "W'aso awia no mu." Awia ahoɔden wɔ awia no ankasa mu, nanso awia no nni n'ahoɔden no mu. Sɛ awia nni hɔ a n'ahoɔden nso nni hɔ. Nanso wobetumi aka se awia ahoɔden no ɛno ara ne awia no. wɔfrɛ eyi se acintya-bhedābheda, ɛyɛ ade biako nanso ɛsan nso yɛ ade foforo. Ɛnam awia ahoɔden so na yɛte awia no nka, Nanso sɛ wotumi abɔ ɛwura awia no mu a wobetumi ahyia nyame a ɔhwɛ awia so no. Nokware ne sɛ. awia ahoɔden no fi abɔde a ɔte awia no mu no ne honam dua mu. W'akyerɛ saa asɛm yi ase wɔ Brahma-saṁhitā mu, yasya prabhā prabhavato jagad-aṇḍa-koṭi (Bs. 5.40). egyina Kṛṣṇa ne.... W'ahu Kṛṣṇa n'ahoɔden. Ɛno ne ade nyinaa farebae. Saa ahoɔden a abɔ apete ewiase nyinaa no, ɛno ne brahmajyoti no sunsum ne ewiase abɔde nyinaa fi ne mu na ɛba. Na Ɔda ne ho adi wɔ saa abɔde yi nyinaa mu. Nokware,ne farebae no ne Kṛṣṇa.