AK/Prabhupada 0094 - Our Business is to Repeat the Words of Krishna



Lecture on BG 1.20 -- London, July 17, 1973

Obiara a onni Nyamesuro rentumi nte Onyankopɔn ase. Y'abɔ saa asɛm yi so mpɛn bebree

yeṣāṁ tv anta-gataṁ pāpaṁ
janānāṁ puṇya-karmaṇām
te dvandva-moha-nirmuktā
bhajante māṁ dṛḍha-vratāḥ
(BG 7.28)

Pāpīs, abɔnefo rentumi nte ase Wɔdwene sɛ "Kṛṣṇa yɛ Bhagavān enti me nso meyɛ Bhagavān Ebia ɔyɛ nipa hunu bi ana sɛ obi a w'agye din Enti, ɔyɛ onipa. Me nso meyɛ onipa. Enti adɛn na mennyɛ Nyame? Eyi ne abhaktas, wɔn a wɔn ndi Krsna akyi ene abɔnefo no wɔn gyinabew Enti obiara a obese sɛ ɔyɛ Onyankopɔn biara no monte ase sɛ ɔyɛ onipa bɔnefo Sɛ wohwɛ n'abrabɔ mu a wohu sɛ ɔyɛ onipa bɔne fo Eyi na wɔde hyɛ wɔn nso. Annyɛ saa a obiara be se sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Obiara nni hɔ. onipa treneefo biara rentumi. Onim "Hena ne me? Meyɛ onipa hunu bi kwa. Adɛn nti na me de meho toto Awurade ho?" Enti wɔagye wɔn abodin sɛ asesafo.

Sɛnea w'aka no wɔ Śrīmad-Bhāgavatam mu no, śva-viḍ-varāhoṣṭra kharaiḥ (SB 2.3.19). W'akyerɛw asɛm yi wɔ he? Uṣṭra-kharaiḥ, saṁstutaḥ puruṣaḥ paśuḥ Ewiase yi mu, yɛwɔ nipa dɔm bebree a wɔagye abodin saa nipa kunini yi, nipa bebree na wɔkamfo wɔn Enti, Bhāgavata akyerɛ mu sɛ, obiara a ɔnsom Nyame no, onipa biara a ɔntrontron Awurade din Hare Kṛṣṇa no, asesafo behu no sɛ ɔyɛ okunini nanso ɔyɛ sɛbe, aboa. Aboa. Enti, śva-viḍ-varāha-uṣṭra-kharaiḥ. " Enti adɛn na mofrɛ no okunini? Ɔyɛ sɛbe, aboa. Y'adwuma yi yɛ den yiye nanso nea yɛyɛ no nsɔ nipa ani. Nea yɛse ne sɛ, obiara a ɔnsom Awurade birara no, ɔyɛ ɔsesafo. Nea yɛka ni. Yɛn asɛm yi ano yɛ yaw nanso ɛsɛsɛ yɛ ka ara. Sɛ yehu sɛ ɔnsom Nyame pɛ yebu no ɔsesafo. Yɛn ntan wɔn. Yɛka efisɛ Kṛṣṇa na ose. Sɛ yɛsom Kṛṣṇa de a, etwa sɛ yɛka nea Kṛṣṇa aka. Ɛno ara nen. Dɛn na ɛda nsew wɔ Kṛṣṇa nsiananmu ɛne nea onsi Kṛṣṇa anan mu? Kṛṣṇa nsiananmu no bese nea Kṛṣṇa aka. Ɛno ara nen. Ɔyɛ Kṛṣṇa ne nsianan mu. Enhia sɛ wobenya nimdeɛ soronko biara. Nea wohia ara ne sɛ nea wɔaka no wobe si so dua. Sɛnea Kṛṣṇa aka no, sarva-dharmān parityajya mām ekaṁ śaraṇaṁ vraja (BG 18.66). Enti obiara a w'agye saa asɛm yi ato mu no, sɛ, "me de meho to Kṛṣṇaso a, ade nyinara besi me yiye," no Saa onipa no yɛ Kṛṣṇa nsianan mu. Ɛno ara nen.

Enhia nimdeɛ soronko biara. Nea ehia ara ne sɛ wobegye nea Kṛṣṇa aka no ato mu. Sɛnea Arjuna se no, sarvam etaṁ ṛtam manye yad vadasi keśava: (BG 10.14) "Me dɔfo Kṛṣṇa Keśava, nsɛm a w'aka no megye ne nyinara to mu, a merensesa hwee. Eyi ne osuani. Enti wɔaka akyerɛ Arjuna se, bhakto 'si. Eyi ne osuani botae. Adɛn na nipa hunu tesɛ me na me de me to toto Kṛṣṇa ho? Eyi ne soronko a ɛda osuani ɛne nea ɔnsom Awurade. Onyame suro ni no nim sɛ " me yɛ Kṛṣṇa ne fa kumaa bi, mesua koraa. Kṛṣṇa yɛ ankorɛ. Saa ara ne me nso meyɛ ankorɛ. Nanso, sɛ yɛhwɛ Ne tumi na yɛde to me tumi ho a, me sua koraa." Saa ntease yi na ɛsɛ sɛ yenya fa Kṛṣṇa ho. Ɛnnyɛ den koraa. Nea ehia ara ne se yɛbɛ di mokware, na y'agyae bɔne yɛ. Nanso, ɔbɔnefi no de ɔrente N'ase da. Ɔbɔnefo no bɛka se, "Oh, Kṛṣṇa yɛ nipa, saara me nos meyɛ nipa. Adɛn nti na mennyɛ Nyame? Ɔyɛ Onyame? Daabi, me nso meyɛ Onyame. Wo yɛ Onyame, obiara yɛ Onyame. Sɛnea Vivekanda aka no, Adɛn nti na worehwehwɛ Awurade akyi kwan? So wunhu anyame bebree a wɔnenam akwan nkyɛn?" W'ahu? Eyi ne nea onim wɔ Onyame ho. Eyi ne n'asuahu fa Onyame ho Ɛna w'abɛyɛ onipa kunini: "Oh, ohu obiara sɛ ɔyɛ Onyame." Eyi yɛ sɛbe, nkwaseasɛm, asesaasɛm yi rekɔ so ewiase afanan nyinaa. Nipa nnim Awurade, nea ɛyɛ Awurade tumi no, wonnim. Wɔnte Awurade ase. Wogye nipa hunu bi to mu sɛ ɔyɛ Awurade. Mprenpren yi , nea ɛrekɔso ni. Ɔsesaafo bi aba. Ose ɔyɛ Awurade. Enti ayɛ ade a wɔde di fɛw. Nanso wonni nyansa biara sɛ wɔbɛdwene sɛ "Mese meyɛ Awurade; ahoɔden bɛn na me wɔ? Enti eyi yɛ anwowa sɛm. Ɛyɛ anwowa sɛm. Sɛ obi ɛndi Awurade akyi a, ɔrente Awurade ase dabiara da. Kṛṣṇa akyerɛ wɔ Bhagavad-gītā mu ɔkwan a onipa bɛfa so ahu no. Bhaktyā mām abhijānāti yāvān yaś cāsmi tattvataḥ (BG 18.55). Atuhuakyɛ so nkutoo, tiatiaa. Anka Obetumi aka se, "Nimdeɛ mapa" ana "yoga kwan so" ana "sɛ wobɛyɛ adwuma" na w'atumi ate m'ase Daabi, w'anka no saa. Enti, karmifo, jñānī fo, yogafo, wɔn nyinara yɛ asesafo. Wontumi nte Kṛṣṇa ase. Asesafo nkutoo. Karmīfo yɛ asesafo, saa ara na jñānī fo nso yɛ asesafo ɛna yogafo nsu yɛ asesaafo mapa. Ɛno ara nen.