AK/Prabhupada 0103 - Never Try to Go Away From the Society of Devotees



Lecture on CC Adi-lila 7.91-2 -- Vrndavana, March 13, 1974

Narottama dasa Thakura aka ato hɔ se, "awo ntoa toa so" Esiane sɛ ɔsomfo de, ɛnnyɛ n'adwene sɛ ɔbɛsan akɔ fie, ɔsoro ahenman mu. Daabi. ɛnfa ho baabi a ɔwɔ. Ne botae ara ne sɛ ɔbɛ tron tron Awurade. Ɛnnyɛ osuani no botae sɛ ɔbɛ to nnwom na w'asaw kɛkɛ na w'ayɛ ne Nyame dwuma a ɛde no bɛkɔ Vaikuntha ana Goloka Vrndavana, ɔsoro ahenman mu. Ɛno yɛ Krsna ne pɛ. "Sɛ ɛyɛ ne pɛ a ɔbɛ fa me akɔ." Yɛde Bhaktivinoda Thakura nso bɛyɛ mfantoho: iccha yadi tora. Janmaobi yadi more iccha yadi tora, bhakta-grhete janma ha-upa mora. Osuafo no mpae ara ne sɛ... Ɔmmɔ mpae nsrɛ sɛ Krsna "mesrɛ fa me kɔ w'ahenman mu." Daabi. " Sɛ ɛyɛ wo pɛ sɛ wɔbɛwo me ato asase yi so bio a, eye, Nea me srɛ ara ne sɛ ma wɔnwo me nto osuani bi fie. Ɛno ara nen. Sɛnea me werɛ remfi wo da." Osuani mpae ara ni. Efisɛ...Hwɛ sɛ abɔfra yi. N'agya ne ne na yɛ asuafo Enti bere bi a atwa mu no na ɔyɛ osuani Efisɛ eyi yɛ akwan gya a efi Yɛn mmɔfra yi nyinaa, wɔn a wɔn awofo yɛ asuafo no, wɔn afiri yiye papaa pa. Efi wɔn mmɔfra ase, wɔte Hare Krishna mpae kukudam yi Wɔn ne asuafo hwe bɔ bu, ne wɔn to nnwom saw. Sɛ wɔboa pa anaa wo di nokware mfa ho. Enti wɔyɛ mmɔfra bi a wɔn afi yie Sucinam srimatam gehe yoga-bhrastah-sanjayate (BG 6.41). Enti wɔnnyɛ mmɔfra bi ara kwa Saa mmɔfra yi, bere biara no, wɔhwehwɛ asomfo ayɔnkofa wɔtow Hare Krsna na wɔba yɛn nsrahwɛ. Enti wɔnnyɛ mmɔfra bi ara kwa. bhakti-sange vasa. Eyi yɛ akwangya papa, bhakti-sange vasa. Enti yɛn Krsna som kuw yi ɛyɛ bhakti-sange, asuafo kuw. Nnyi wo ho mfiri kuw yi mu dabiara da. Nnyi wo ho mfiri kuw yi mu dabiara da Ebia na nsɛmsɛm kakra wɔhɔ de. Nanso monsie sie mo ntam. Saa nwom to ne asaw a asuafo kuw yi ye gu so yi, ɛsom bo yiye. Adanse wɔ hɔ, na asomfo akukudam adi ho adanse.

tandera carana-sevi-bhakta-sane vasa
janame janame mora ei abhilasa

ase kyerɛ sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛsan n'akyi akɔ.. Eyi nnyɛ ne botae. " Sɛ ɛyɛ Krsna ne pɛ a, Krsna bɛma me kwan. Eyi yɛ asɛm foforo. Annyɛ saa de a, ma menkɔ so saa ara. Sɛ me ne asuafo bɛfa yɔnko na m'ato nnwom asaw, eyi ne me botae. Eyi na ehia. Ɛnnyɛ ade foforo biara. anyabhilasa. Anyabhilasita-sunyam (Brs. 1.1.11). Enhia koraa sɛ ɔsomfo benya botae biara aka eyi ho. sɛ ' Ma me ne asuafo nkutoo na ɛntena na me mmɔ Hare Krsna mpae kunini yi." Eyi ne yɛn bra.

Me da mo ase paa.