AK/Prabhupada 0106 - Take The Lift Of Bhakti To Krishna Directly



Lecture on BG 18.67 -- Ahmedabad, December 10, 1972

Enti,mama vartmānuvartante ase kyerɛ sɛ ma yɛnfa Amerika adan atenten nnyɛ mfantoho Abansoro a ɛtoa so ɔha ne anum. Megyedi sɛ eyi ne nea wosii nkyɛe Fa no sɛ wore foro akɔ adan a ɛwɔ soro koraa. Na antwere wɔ hɔ. Enti obiara repere aforo akɔ soro adan no mu. Nanso ebinom aforo antweri mmaako mmako bɛyɛ du Ebinom nso aforo bɛyɛ mmako mmako aduonum anaa ɔha Nanso ɛsɛ sɛ wɔforo atwere no bɛyɛ mpem abien. Enti antwere yi yɛ ade koro. Mama vartmānuvartante. Esiane sɛ botae no ara ne sɛ wobɛforo adu soro adan no mu Nea w'aforo aduonum no wɔ soro sen nea w'aforo du no Nea w'aforo aboro ɔha no nso wɔ soro kyɛn nea w'aforo aduonum no. Enti, saa ara akwan no yɛ ahorow ahorow. Ne nyinara nnyɛ pɛ. Wɔn nyinaa wɔ botae biako, karma, jñāna, yoga, bhakti, nanso bhakti ne nea ɛkyɛn ne nyinaa na ɛwɔ soro koraa Efisɛ wofa bhakti kwan no so a ɛno na wobɛte Kṛṣṇa ase. Ɛnnyɛ karma, jñāna, yoga. Ɛnnyɛ yie. Worebɔ wo ho mmɔden sɛ wobenya wo botae no nanso Kṛṣṇa se, bhaktyā mām abhijānāti (BG 18.55). W'anka se, fa jñāna, ana karma, ana yoga yoga kwan so" Daabi. Wobɛkɔ w'anim nanso worente ase. Nanso sɛ wobɛhu Kṛṣṇa de a ɛne bhakti. Bhaktyā mām abhijānāti yāvān yaś cāsmi tattvataḥ (BG 18.55). Eyi ne ɔkwan no. Enti, mama vartmānuvartante ase kyerɛ sɛ "Obiara repre aba Me nkyɛn nea n'ahoɔden betumi Nanso nea w'asi ne bo sɛ ɔbɛte M'ase no de, ɔkwan tiawaa.. Ɛtesɛ antweri no, nanso ebi nni kurom ha, wɔ Europe ne Amerika aburokyiri man mu no, antwri wɔ hɔ saa ara na abaefo lift nso wɔ hɔ Enti nea wode bɛ foro antweri no akɔ soro no de fa abaefo lift yi. Ɛde wo bɛdu sima biako ntɛm Enti, wofa bhakti lift yi a, amonomu hɔ ara wone Kṛṣṇa be hyiam mpu ne mpu Eye sen sɛ wobɛforo antweri. Adɛn na woforo antweri? Enti Kṛṣṇa se, sarva-dharmān parityajya mām ekaṁ śaraṇaṁ vraja: (BG 18.66) "Brɛ wo ho ase ma me. W'awie Adɛn nti na wobrɛ aforo antweri?