AK/Prabhupada 0111 - Follow the Instruction, Then You are Secure Anywhere



Morning Walk -- February 3, 1975, Hawaii

Osuani (1): Śrīla Prabhupāda, ɛhe na obi nya ne tumi fi?

Prabhupāda: Tumi no fi ɔkyerɛkyerɛfo kunini (guru) hɔ.

Osuani (1): Daabi, minim sa, nanso ɛfa sɛ ne daa daa abrabɔ, ɛnnyɛ sɛ odi mmara akɛse anan no so na ɔbɔ ne mpae. Ɔyɛ nneɛma ahorow pii dabiara. Sɛ ɔnte asɔrefi a ɛhe na onya saa ahoɛden yi fi?

Prabhupāda: Mente ase. Tumi no ne guru. Wote ase.

Bali Mardana: De ma biribiara.

Jayatīrtha: Fa no sɛ me yɛ adwuma gye akatua, na mete me fie, nanso mentua me ntotoso du du. Enti saa dwuma a meredi yi, so saa adwuma a mereyɛ yi ɛhyɛ guru tumi ase anaa?

Prabhupāda: Ɛno asaa no na wonni guru asɛm so. Nokware no ni.

Jayatīrtha: Enti na dwuma a medi da mu no nyinara no sɛ mendi guru mmara no so no nti ɛyɛ kwa?

Prabhupāda: YIw. Sɛ wannni guru mmara sɛm no sa a wo hwe ase ntɛm. Eyi ne ɔkwan kyerɛ no. Annyɛ saa a adɛn nto na wo to dwom se yasya prasādād bhagavat-prasādo? Ɛyɛ m'asɛde sɛ mɛsɔ guru ani. Annyɛ saa a mendu baabiara Enti sɛ wompɛ sɛ wobedu baabiara de a ɛnode enni mmara sɛm no so sɛnea wopɛ no biara. Na mmom wo pɛ sɛ wonya gyina bea pa de a, di guru mmara no so pɛpɛɛpɛ.

Osuani (1): Sɛ yɛkenkan wo nhoma no a yɛte wo mmara no nyinaa ase.

Prabhupāda: Yiw. Ɔkwan biara so, di mmara sɛm no so. Eyi ho hia. DI mmara sɛm no so. Baabiara a wowɔ biara, ɛnfa ho. Wowɔ banbɔ. Di mmara sɛm no so. Baabiara a wowɔ biara, ɛnfa ho. Wowɔ banbɔ. Sɛnea meka kyerɛ mo no, manhu me Guru Mahārāja ammoro naafua do me bra nyinaa nanso, me dii ne mmara sɛm so. Na meyɛ ɔwareni, mantena asɔre fi. Enti m'asɔrefo binom susuw sɛ "Momma no nhwɛ Bombay asɔre yi so, eyi, eyi ..." Nanso Guru Mahārāja sɛ, daabi, eye sɛ ɔbɛtena ne fi. Eyi ye, Mere pa mu no ɔbɛyɛ neɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ."

Devotees: Mo! Haribol!

Prabhupāda: Saa na ɔkae. Saa bere no na mennim nea Ɔhwehwɛ . Nokware, na menim sɛ ɔpɛ sɛ me ka nsɛmpa no.

Yaśodānandana: Mesusuw sɛ wayɛ ama no atra so.

Asuafo: Mo! (Jaya), Prabhupāda! Haribol!

Prabhupāda: Yiw mayɛ ama no atra so esiane sɛ medii me Guru Mahārāja nsɛm no so pɛpɛɛpɛ, ɛno ara nen. Annyɛ saa de a menni ahoɔden biara. Mennyɛɛ nkonyaa biara. Meboa? Mammɔ fam agudi biara? (serew) Nanso, mewɔ asuafo papa a wɔkyɛn gurufo a wɔbɔ fam agudi.