AK/Prabhupada 0115 - My Business is Only to Convey the Message of Krishna



Lecture -- Los Angeles, July 11, 1971

Enti ɛyɛ me anigye sɛ mmerante yi reboa me na m'abɔ Kṛṣṇa nkyerɛkyerɛ yi ho dawuro, na Kṛṣṇa behyira wɔn. M'ahoɔden sua. Me botae ara ne sɛ mɛbɔ Kṛṣṇa asɛm no ho dawuro. Ɛtesɛ ɔsomafo a n'adwuma ara ne sɛ ɔde kyerɛw homa bɛkɔ bea a ɛsɛ sɛ ɛkɔ. Asɛm a ɛwɔ kyerɛw nhoma no mo no de ɛnnyɛ n'asɛm. Nsunsuanso no ne sɛ....nea wɔde kyerɛ nhoma no soma kɔmaa no no kenkan nhoma no wie a, ɔbɔ tirim pɔw bi eyi nnyɛ ɔsomafo no asɛm. Saa ara na me nso me botae ne sɛ nea m'sua afi m'ɔkyerɛkyerɛfo nkyɛn no, Mɛbɔ ho dawuro sɛnea ɛte, a menfa me de nka ho. Eyi ne me botae. Eyi ne m'asɛde. Sɛnea Kṛṣṇa kae no saa ara na ɛsɛ me sɛ meka no pɛpɛɛpɛ. Sɛnea Arjuna kae, na yɛn akyerɛkyerɛfo sii so dua, sɛnea Awurade Caitanya kae no na m'ɔkyerɛkyerɛfo, Bhaktisiddhānta Sarasvatī Gosvāmī Mahārāja aka no. Saa ara, wode saa adwene mu pɔw yi so Kṛṣṇa som yi mu a, na sɛ mpo wosan bɔ ho dawuro kyerɛ wo man fo a, nea ɛte biara no, ɛbɛsow aba pa, efisɛ w'anfa wo de anka ho. Ahantan biara enni mu. Asisi nni mu. Eyi yɛ sunsum mu dwuma di. Fa bɔ wo bra na di ho adanse. Wo bra besi wo yiye.