AK/Prabhupada 0126 - Only For the Satisfaction of My Spiritual Master



Lecture on BG 4.18 -- Delhi, November 3, 1973

Osuani ɔbea: So w'aka se sɛ yedi dwuma bi a, ɛsɛ sɛ yɛsɔhwɛ sɛ dwumadi no sɔ Kṛṣṇa ani anaa? Na dɛn ne saa sɔhwɛ yi?

Prabhupāda: Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ani sɔ a na Kṛṣṇa nso ani asɔ. Mo to saa dwom yi dabiara. Yasya prasādād bhagavat-prasādo yasyāprasādān na gatiḥ kuto 'pi. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ani sɔ a na Kṛṣṇa nso ani asɔ. Mo to saa dwom yi dabiara. Eyi ne sɔhwɛ no.

Sɛ n'ani ansɔ a, ɔkwan biara enni hɔ. Ntease yi yɛ tiawa. Fa no sɛ woyɛ abrɔfo dwuma no, wo panyin pɛɛ ne adwumayɛfo a ɛwɔ bea hɔ no nyinaa ti Enti obiara yɛ adwuma sɛ ɛbɛsɔ ɔpanyin no ani ana ɔpanyin a ɔwɔ hɔ no, ntease no ne sɛ ɔno nso bɛsɔ adwuma no mu panyin korakora no nso ani Ɛnnyɛ den. Wo panyin pɛɛ, Kṛṣṇa, nsiananmu no, ɛsɛ sɛ wo nnwuma sɔ n'ani. Yasya prasādād bhagavat-prasādo yasya. Eyi nti ehia ma ɔkwankyerɛ a efi ɔkyerɛkyerɛfo nkyɛn. Kṛṣṇa nam ɔkyerɛkyerɛfo no so na ɔma akwan kyerɛ. W'akyerɛ saa asɛm yi mu wɔ Caitanya-caritāmṛta mu. Guru-kṛṣṇa-kṛpāya. Guru-kṛṣṇa-kṛpāya. Enti guru kṛpā, guru adɔe, yɛ kṛṣṇa adɔe. Enti sɛ wo nnwuma sɔ wɔn nyinaa ani a, na ɔkwan no mu ada hɔ. Guru-kṛṣṇa-kṛpāya pāya bhakti-latā-bīja (CC Madhya 19.151). Na yɛn som no adi mu. Enti w'anhyɛ saa asɛm yi nso wɔ Gurvaṣṭaka no mu? Yasya prasādād bhagavat-prasādo yasyāprasādān na gatiḥ kuto 'pi.

Saa som yi me fitii asɛ esiane sɛ ɛno ne ade a ɛbɛsɔ m'ɔkyerɛkyerɛfo ani Ɛyɛ n'aniso adehu. Ɛyɛ Caitanya Mahāprabhu pɛ sɛ saa som yi bɛtrɛw aman nyiaa so. Enti ɔhyɛe m'anuanom no bi...na ɔpɛe sɛ... Ɛnnyɛ sɛ ɔhyɛɛ wɔ po, na ɛyɛ ne pɛ. Ɔsomaa m'anuanom asɔfo no bi amanɔne sɛ wɔnkɔbɔ ɔsom yi ho dawuru, Nanso w'anni nkunim. Ɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra fie. Enti me sii me bo sɛ, "M'anyin de nanso ma menkɔ sɔ nhwɛ." Enti me botae ara ne sɛ mɛsɔ me kyerɛkyerɛfo ani. Enti ɛnam mo mmoa so. Nkunimdi reba. Eyi yɛ yasya prasādād bhagavat-prasādaḥ. Sɛ yɛde nokwaredi di yɛn akyerɛkerɛfo akwankyerɛ so a, Kṛṣṇa ani bɛsɔ na Kṛṣṇa bɛboa ama y'atu mpɔn.