AK/Prabhupada 0128 - I Will Never Die



Press Conference -- July 16, 1975, San Francisco

Asɛmbisafo: W'asuafo wɔ Amerika man mo dodow yɛ ahe? Mate sɛ wɔn dodow yɛ bɛyɛ mpem abien. So eyi yɛ nokware ana?

Prabhupāda: Wɔbetumi aka no sa.

Jayatīrtha: Mmom, yɛn dodow ewiase nyinaa yɛ mpem du. Dodow a ɛwɔ Amerika man mu ha de yɛnnim

Asɛmbisafo: Mekyerɛw mo kuw yi ho asɛm mfe anum ni. Saa bere no na mo dodow wɔ Amerika kurow mu ha ano si mpem abien.

Prabhupāda: Yɛ renya dɔm.

Asɛmbisafo: Mo renya dɔm?

Prabhupāda: Oh, yiw. Saa pɛpɛɛpɛ.

Jayatīrtha: Nea mekae ne sɛ yɛn dodow ewiase nyinaa yɛ mpem du.

Asɛmbisafo:Yiw, m'ate ase. So w'adi mfe ahe?

Jayatīrtha: Śrīla Prabhupāda, ɔpɛ sɛ ohu mfe dodow a w'adi.

Prabhupāda: Aka ɔbosom baako na m'adi mfe aduɔwɔtwe.

Asɛmbisafo (2)Mfe aduɔwɔtwe?

Prabhupāda: Mfe aduɔwɔtwe.

Asɛmbisafo: Dɛn na ebesi......

Prabhupāda: Wɔwoo me afe 1896 mu, woara bu.

Asɛmbisafo: Sɛ wo wu a hena dɛn na ebesi wo kuw yi mu wɔ Amerika man mu ha?

Prabhupāda: Menwu dabiara da.

Asuafo: Mo ne kasa! hari bol! (serew)

Prabhupāda: Me te ase wɔ me nhoma a m'atintim mu, enti mo bɛ kenkan.

Prabhupāda: Wore sie sie obi a obe si w'ananmu ana?

Prabhupāda: Yiw, m'ɔkyerɛkyerɛfo panyin wɔhɔ. Ne mfoni wɔ he? Ɛyɛ me sɛ ɛno ni.

Asɛmbisafo: Adɛn na Hare Kṛṣṇa kuw yi montow mo ho ngu kurow mu nnyɛ ɔyɛkyerɛ?

Prabhupāda: Yɛboa amansan mpuntu kkɛn obiara. Nnipa n'ɛyɛ sɛbe nkwaseafo ne asesaafo Yɛre kyerɛ wɔn Nyamesom pa. Yɛboa amansan yiye. Yɛbɛ siw awudi nyinaa ano kwan. Dwuma bɛn na modi ma amansan? Sɛ mobɛboa ama nnipa a ɛnom nnuru bɔne ne awudifo adɔɔso. Eyi mmoa amansan mpuntu. Amansa adwuma ne sɛ nnipa benya asomdwoe, anibuei, nimdeɛ, Nyamesuro. Eyi ne adwuma pa. Sɛ mo yɛn nnipa a wɔmpɔwee a so eyi yɛ amansan adwuma? Hwɛ nnipa a y'atetew. Nnipa a w'apɔw. Wonni suban bɔne biara te sɛ, aguamanbɔ, asanom, namdi ana kyakya tow Wɔn nyinaa yɛ mmrante. W'apa wɔn ho afi suban yi nyinaa ho. Eyi ne amansan adwuma.

Bhaktadāsa: Śrīla Prabhupāda, wɔpɛ sɛ wohu nsunsuanso a efi Hare Kṛṣṇa kuw yi mu ba? Prabhupāda: Sɛ nipa so Hare Kṛṣṇa kuw yi mu a biribiara ho bɛtew. Yasyāsti bhaktir bhagavaty akiñcanā sarvair guṇais tatra samāsate surāḥ (SB 5.18.12). Sɛ som yi terɛw a obiara ho bɛtew. Nanso y'aso saa som yi mu a, adesua biara no nni mfaso sɛnea yɛkae no anɔpa no. Wɔrekasa waa. Prabhupāda: Asɛm bɛn na yesusuw ho no?

Bahulāśva: Psychology, anɔpa yi

Prabhupāda: nsunsuanso no ne sɛ nipa re hwehwe ase. Nanso wɔde ahwehwɛ abɔ wɔn ho ban.

Bahulāśva: Wɔ Berkeley sukuumu no, bere bi a atwa mu no na wohuruw fi abansoro so kum wɔn ho dabiara Enti wɔhyehyɛe ahwehwe wɔhɔ sɛnea sukuufo rentumi nhuruw Enti Prabhupāda kyerɛɛ mu sɛ wɔn adesua ara ne sɛ wowie sukuua na w'asɛn wɔn ho (serew)

Prabhupāda: Eyi nnyɛ ntetewee. Vidyā dadhāti namratā. Adesua kyerɛ sɛ onipa no ho dwo, w'apɔw, ɔwɔ nimdeɛ, ɔde ne nimdeɛ bɔ ne bra, ɔwɔ ntɔboase, odi n'adwene so, ɔhyɛ ne ho so. Eyi ne adesua. Dɛn ne saa adesua yi?

Asɛmbisafo: So wopɛ sɛ wotew sukuu ana?

Prabhupāda: Yiw, eyi ne ade a meba abɛyɛ, na yɛde atetew nnipa sɛnea ɛsɛ. Nkakra nkakra Na wɔn a w'apɔw no wɔhɔ dedaw Enti ɛsɛ sɛ yenya nnipa a w'apɔw eyi ne nea w'atetew no na odi n'adwene so, ɔhyɛ ne ho so, ne ho tew, nokwaredifo, na ɔwɔ abotare, Nimdefo, ɔde ne nimdeɛ bɔ ne bra na ɔwɔ gyedi mapa wɔ Onyame mu. Eyi ne onipa a w'apɔw.