AK/Prabhupada 0130 - Krishna is Appearing in so Many Incarnations



Lecture on BG 4.5 -- Bombay, March 25, 1974

Kṛṣṇa yi neho adi akwan horow bebree so. Nea ehia ne sɛ wobɛte Kṛṣṇa tebea ase. Ɔte obiara koma mu. Īśvaraḥ sarva-bhūtānāṁ hṛd-deśe 'rjuna tiṣṭhati (BG 18.61). NaƆrema obiara akwankyerɛ. Abɔde dɔɔso bebree. Enti ɛsɛ sɛ ɔma akwankyerɛ akwan ahorow bebree so ma abɔde ahorow bebree. Dwene ho dwuma dodow a ɛsɛsɛ ɔyɛ. Nanso, ne tebea nsesa, saa ara na ɔte daa. Goloka eva nivasaty akhilātma-bhūtaḥ (Bs. 5.37). Goloka eva nivasati. Kṛṣṇa wɔ ne trabea, Goloka Vṛndāvana. Na ɔne Śrīmatī Rādhārāṇī regye wɔn ani. Saa dwumadi yi ɛnnyɛ.......Ɛnnyɛ Māyāvādī nkyerɛkyerɛ. Efisɛ, Ɔte koma ahorow bebree mu, Eyi nkyerɛ sɛ onni Ne trabea. Dabi, Ɔwɔ hɔ. Kṛṣṇa Pūrṇasya pūrṇam ādāya pūrṇam evāvaśiṣyate (Īśo Nnianim asɛm). Eyi yɛ asɛmpɔw a ɛwɔ Vedic kyerɛ no mu. Mpo.....Yɛwɔ abrabɔ mu mfatoho bi. Sɛ wowɔ rupee, na wofa anna biako a, na ayɛ anna dunum. sɛ wofa anna abien a, ɛyɛ anna dunnan Sɛ wofa annadunnum a, wonya hwee. Nanso, Kṛṣṇa nte sa. Otumi kyekyɛ no ho bebree Eyi nyinaa akyi, Kṛṣṇa daso wɔ hɔ. Kṛṣṇa ni. Yenim pefee sɛ, wowɔ ade biako na wotew biako fi fi mu a, wonya hwee. Nanso ɔsoro hɛ de......Ɛhɔ yɛ kronkron Sɛ wotew biako fi ɔpepepem mmɔho ɔpepepem mu a, biako no ara na wonya. Oyi ne Kṛṣṇa no. Advaitam acyutam anādim ananta-rūpam (Bs. 5.33). Enti saa Krsna yi wontumi nte n'ase mfi Vedic kyerɛw no sua mu.. Ɛwɔmu sɛ, Vedas ase kyerɛ, Vedanta ase kyerɛ sɛ, wo bɛte Kṛṣṇa ase. Vedaiś ca sarvair aham eva vedyaḥ (BG 15.15). Nanso esiane sɛ, yɛnfa yɛnho nto Kṛṣṇa ana ne somfo so no nti, Yɛnte Veda no ase Asɛm yi asekyerɛ wɔ kratafa ason no mu. Mayy āsakta-manāḥ pārtha.... Mayy āsakta-manāḥ pārtha yogaṁ yuñjan mad-āśrayaḥ. Mad-āśrayaḥ. Asaṁśayaṁ samagraṁ māṁ yathā jñāsyasi tac chṛṇu (BG 7.1). Sɛ wopɛ sɛ wote Kṛṣṇa ase asaṁśayam, a akyinnye nni ho a, na, samagram a ɛnode ɛsɛ sɛ so sɔ yoga yi hwɛ. Dɛn ne Yoga? Man-manā bhava mad-bhakto mad-yājī māṁ namaskuru (BG 18.65). Mad-āśrayaḥ yogaṁ yuñj... Yogaṁ yuñjan, mad-āśrayaḥ. Mad-āśrayaḥ, saa asɛm yi no ia yiye Mat kyerɛ sɛ "sɛ wobɛ fa no puturu...."- eyi yɛ den "....fa woho to me so, ana nea ɛde ne ho ato Noso. Ɛtesɛ yɛwɔ anyinam kanea farebae na yɛwɔ nea wɛde so. Nea wɔde sɔ no, wode n'ahama si anyinam kanea no ania wo nso wobenya anyinak kanea. Saa ara, w'akyerɛw wɔ ɔfa yi mfitiase, evaṁ paramparā-prāptam imaṁ rājarṣayo viduḥ (BG 4.2). Sɛ wode wo ho to paramparā nhyehyɛe yi so a.... Mfantoho yi ara bio. Sɛ wofa ahama a wɔde asi anyinam kaneaa ani a wobenya anyinam kanea Saa ara na wode woho to nea ɔwɔ paramparā nhyehyɛe yi mu a, paramparā nhyehyɛe no wɔ hɔ. Kṛṣṇa, de nkyerɛkyerɛ no maa Lord Brahmā. Lord Brahmā de maa Nārada. Nārada kaa asɛm yi kyerɛɛ Vyāsadeva. Vyāsadeva de nkyerɛkyerɛ no maa Madhvācārya. . Madhvācārya faa akwan ahorow bebree so de nkyerɛkyerɛ yi mae. Afei, Mādhavendra Purī. Mādhavendra Purī kyerɛɛ Īśvara Purī. Efi Īśvara Purī so na ɛbaa , Lord Caitanya so. Ɛnam saa kwan yi so na paramparā nhyehyɛe no bae. Yɛwɔ akuw anan a nhyehyɛe yi gyina so. W'ato din se Vaiṣṇava sampradāya. Eyi ne Rudra-sampradāya, Brahma-sampradāya, Kumāra-sampradāya, ɛne Lakṣmī-sampradāya, Śrī-sampradāya. Enti, sampradāya-vihīnā ye mantrās te niṣphalā matāḥ. Sɛ w'anfa sampradāya yi so annya nkyerɛkyerɛ anfi Kṛṣṇa hɔ a Na niṣphalā matāḥ, na mfaso biara enni nea wosua no so. Mfaso biara nni so. Asɛe. Enti nipa bebree resua Bhagavad-gītā, nanso wɔnte Kṛṣṇa ase. Esiane sɛ wɔn annya asɛm no anfi evaṁ paramparā-prāptam (BG 4.2). Sɛ w'amfa paramparā no so a, ....mfantoho koro no ara Sɛ wanfa anyinam kanea anfi ahama a wɔde asi anyinam ahoɔden no ani a, mfaso bɛn na ɛwɔ kanea on ne hama no so? Mfaso nni so. Enti, ɔkwan a Kṛṣṇa nam so kyekyɛ ne ho mu mo yɛ .vedeṣu durlabha. sɛ wo wɔ sukuu nimdeɛ nkutoo a, ɛnnyɛ yie Vedeṣu durlabham adurlabham ātma-bhaktau (Bs. 5.33). Saa asɛm yi wɔ Brahma-saṁhitā mu