AK/Prabhupada 0133 - I Want One Student Who Follows my Instruction



Arrival Lecture -- San Francisco, July 15, 1975

Enti ɛtɔdabi a nipa kamfo me bɔ m'aba so sɛ m'ayɛ adwuma nwonwaso wɔ ewiase aman so. Nanso, mennim sɛ meyɛ onipa nwonwafo, Nea menim ne sɛ nsɛm a Krsna aka dedaw na me si so dua. Ɛno ara nen. Menfa bi nka ho na mennyi bi mfi mu. Enti, mekyerɛ Bhagavad-gita no sɛnea ɛte no. Abasobɔde a metumi agye no ne sɛ, menfa hwee nka ho na mennyi hwee mfiri mu. Na mehu sɛ, adwuma no adi mu Meyɛ Indiani ohiani, menhyɛɛ Amerikani ana Ennyiresi ni biara nsɛm yɛ. Mede sika rupee aduanan na ɛbaa Amerika, mprenpren mewɔ rupee mpem aduanan. Enti nkonyaa biara enni mu. Wobetumi akɔ akyi. W'ani kum. Enti asumasɛm a ɛwɔ mu ara ne sɛ nokware mu wopɛ sɛ woyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a... Wo pɛ sɛ woyɛ ɔdadaafo a eyi yɛ asɛm foforo. Ndadaafo bebree wɔhɔ. Nipa nso pɛ ndadaa. Sɛ yɛka se "wo pɛ sɛ wobedi m'akyi a, nneɛma anan bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wogyae: gyae aguaman bɔ, asanom, gyae tee ne tawa, namdi ne kyakyatow," eyi nti wɔkasa de tia me, "Swamiji asɛm yɛ den.' Nanso meka se "obiara nnyɛ ahuhuwde biara ne nea ɔpɛ biara. wode gye saa mpae yi na ma me Amerika sika ₵125, eyi na wɔpɛ. Esiane sɛ wɔ Amerika no dollar 125 nnyɛ skia biara. obiara betumi atua. Sɛ mede atoro na ɛyɛɛ adwuma a anka m'anya dollar ɔpepepem Nanso mempɛ no sa. Nea mehwehwɛ ne osuani biako a obedi me mmarasɛm so. Mempɛ ɔpepem Ekas candras tamo hanti na ca tara-sahasrasah. Sɛ ɔsram biako pue wɔ wim a,ɛhyerɛn babiara. Asram apepepem ho enhia. Enti nea me hia ara ne sɛ menya osuani biako a ɔbɛtu mpɔn abɛyɛ ɔkronkron ni Ɛwɔmu sɛ, mewɔ asuafo nokwarefo a wɔyɛ kronkron bebree. Meti na ayɛ yie Nanso sɛ menyaa biako pɛ a m'ani bɛsɔ. Asram apepepem ho nhia Enti akwankyerɛ no wɔhɔ na, ɛyɛ tiawa, na yɛte Bhagavad-gita mu nsɛm no ase na yesua Srimad-Bhagavatam a, Na mpo sɛ w'ansua a, Caitanya Mahaprabhu ama akwankyerɛ tiawa. W'asi asɛm yi so dua wɔ kyerɛw kronkron no mu:

harer nāma harer nāma harer nāmaiva kevalam
kalau nāsty eva nāsty eva nāsty eva gatir anyathā
(CC Adi 17.21)

Sɛ yɛpɛ sɛ yesua Vedic nkyerɛkyerɛ no a, ɛyɛ asɛm pa. Eyi bɛma nnyinaso pa. Enti mprenpren yi yɛwɔ nhoma ahorow aduonum. Mo nsua. Monnyɛ abenfo wɔ nimdeɛ, ɔsom ne abɔde ho nkitaho mu. Biribiara wɔ Srimad-Bhagavatam mu. Amanyɔ sɛm mpo wɔmu. Monnyɛ nnipa mu a nimdeɛ ahyɛ mo ma. Sɛ mpo w'adwene kyerɛ wo sɛ wo nni bere, wonnyɛ adenim fo anaa wo ntumi nkenkan nhoma yi nyinaa a, tow Hare Krsna. Emu biara a wobɛyɛ no, wobedi mu. Wontumi nkenkan nhoma a, tow Hare Krsna. Wo bra besi wo yie. Na se wo kenkan nhoma na wosan tow Hare Krsna a, eye paa. Nfomso biara enni mu Sɛ wotumi tow Hare Krsna mpae kukudam no na mpo wontumi nkenkan nhoma a, ɔhaw biara enni mu. Wonhwere hwee. Saa ntrontron yi dɔɔso. Na mmom sɛ wotumi kenkan nhoma no a wobetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ akyinnyegye fo Eyi bɛboa asɛmka no Esiane sɛ woka nsɛm pa no a wobeyi nsɛm bebree ano na w'ahyia akyinnyegyefo bebree nti sɛ wokenkan nhoma no nya fapem pa wɔ Vedic nkyerɛkyerɛ no mu a Krsna pɛ w'asɛm. Krsna se:

na ca tasmāt manuṣyeṣu
kaścit me priya-kṛttamaḥ
(BG 18.69)
ya imaṁ paramaṁ guhyaṁ
mad-bhakteṣu abhidhāsyati
(BG 18.68)

obibiara a ɔka saa nsɛm pa yi no, sarva-dharman parityajya mam ekam saranam vraja (BG 18.66), sɛ otumi bɔ asɛm yi ho dawuru wɔ wiase yi mu a, ɛhɔ ara Awurade hu no.