AK/Prabhupada 0136 - By Disciplic Succession Knowledge has Come Down



Lecture with Translator -- Sanand, December 25, 1975

Enti Bhagavān ase kyerɛ sɛ ɔsoro abɔde nyinaa agya. Nokware mapa da adi akwan abiɛsa mu: brahmeti paramātmeti bhagavān iti śabdyate (SB 1.2.11). Nokware no mfitiase no ye hu no sɛ Brahman a onni hunam su Eyi ne jñānī fo botae. Nea ɛtɔso bio ne Paramātmā, a ɛyɛ yogafo botae, nea etwa to, asɛm a etwa to korakora wɔ Anyamesɛm mu ntease mu no ne ɔtease fo Ɔsoro nyinaa Agya a ɔwɔ nipa dua. Asɛm a etwa to ne Ɔsoro Agya, mfantoho ne awia kurukuruwa a yehu no ɔsoro no. saa ara na yɛwɔ ade nyinaa Agya anaa sūrya-nārāyaṇa, ana awia hene a ɔwɔ atrae wɔ awia mu. Ne din a w'ama no Bhagavad-gītā mu ne Vivasvān. Awurade aka wɔ Ti anan no mu sɛ, imaṁ vivasvate yogaṁ proktavān aham avyayam: (BG 4.1) "Medii kan kyerɛkyerɛ saa yoga nsɛmpa yi a w'ada no adi wɔ Bhagavad-gītā, mu no kyerɛɛ Vivasvān, awia wura." Vivasvān manave prāhur manur ikṣvākave 'bravīt. Na Vivasvān, awia wura nso kyerɛɛ my kyerɛɛ Manu, na Manu kyerɛɛ mu kyerɛɛ ne ba. Enti ɔkwan yi so na w'afa ada saa na nimdeɛ yi adi akyerɛ ama esian fam abɛto nkyirimma Enti nimdeɛ jñāna wɔ hɔ yi wosua fi onipa nkyɛn. Enti Bhagavān, ne asɛm a etwa to koraa wɔ Nokware no ntease mu. W'asi asɛm yi so dua wɔ Bhagavad-gītā mu.

Enti asɛm a Vyāsadeva si so dua wɔ ha ne, bhagavān uvāca. W'anka se kṛṣṇa uvāca, efisɛ mmere bi wɔ hɔ a sɛbe nkwaseafo nte kṛṣṇa ase. Enti bhagavān uvāca, asɛm yi kyerɛ sɛ asɛm a Ɔka biara no yɛ nokware turodoo a asɛm biara enni ho. Ɛfa no sɛ nipa tesɛ yɛn de, yɛwɔ sintɔ ahorow anan: bhrama pramāda vipralipsā kara-ṇāpāṭava. Enti abɔde nyinaa Agya Kṛṣṇa ana onipa biara a w'aben wɔ Kṛṣṇa som mu de, Kṛṣṇa asomfo a w;ate Kṛṣṇa ase no, ssa nipakuw yi de, bɔne enni wɔh ho. Wɔyɛ ahotewfo mapa. Eyi nti na Kṛṣṇa ahyɛ sɛ,

tad viddhi praṇipātena
paripraśnena sevayā
upadekṣyanti tad jñānaṁ
jñāninas tattva-darśinaḥ
(BG 4.34)

Sua nimdeɛ fi nea w'ahu nokware no nkyɛn. Enti ehia sɛ yɛbɛ kɔ onipa saa nan so akosua Nyamesɛm. Annyɛ saa a, sɛ yɛkɔ ɔpapahwekwaa bi nan so a yenna nimdeɛ pa. Enti tirimkafo rentumi nte Nyame ase. Enti wɔyɛ mfomso ka se "NYame te sɛ," "Nyame te sa," "Nyame biare enni hɔ," "Su biara enni hɔ." Esiane sɛ nipa yi enni mu no nti wɔka saa nkwaseasɛm a ɛte sɛ. Enti Bhagavān se, avajānanti māṁ mūḍhā mānuṣīṁ tanum āśritāḥ (BG 9.11). Efisɛ yɛn nti Ɔda ne ho adi honam dua mu, na nkwaseafo ne asesaafo susuw sɛ Ɔyɛ onipa tesɛ yen. Sɛ Bhagavān ka se, ahaṁ bīja-pradaḥ pitā (BG 14.4), "Me ne agya a aba nyinaa fi me mu a," Yenim sɛ m'agya ya onipa, n'agya yɛ onipa, ɔno nso n'agya yɛ onipa, enti adɛn nti na ɛsɛsɛ ade nyinaa agya no de onni nipadua? Adɛn? Enti yesua fi Bhagavān, nipa nyinaa agya no nkyɛn, nimdeɛ mapa. Enti Bhagavad-gītā yɛ nimdeɛ kronkron a efi ɔsoro Agya no nkyɛn. Yentumi nsesa asɛm fua mpo wɔ Bhagavad-gītā yi mu. Ɛyɛ nkwaseasɛm. Enti Kṛṣṇa som yi ne fapem ni. Yɛmmɔ yɛn tirim nnyɛ ade. Asɛm a Ade nyinaa Agya de ato gua no ɛno na yɛbɔ ho dawuro da no adi. Na ɛre yɛ adwuma nso.