AK/Prabhupada 0141 - Mother Supplies Milk, and You are Killing the Mother



Garden Conversation -- June 14, 1976, Detroit

Jayādvaita: sɛ yɛkɔ nsɛmpaka wɔ kɔlege a, me ne Satsvarūpa Mahārāja kasa fa varṇāśrama-dharma ho. Esiane sɛ wɔpɛsɛ wɔte biribi fa Hindu amammerɛ ho no nti, wogye yɛn to mu eyi nti. Na yɛkasa fa varṇāśrama-dharma ho. Wonni nimdeɛ biara a wɔbegyina so agye akyinnye. Wonni nnyinaso biara enti wontumi nnye akyinnye

Prabhupāda: wose dɛn?

Jayādvaita: Wɔwɔ nimdeɛ kakra. Wontu mpɔn esiane sɛ wonim nkyekyemu a ɛwɔ hɔ esiane awo no nti.

Prabhupāda: Dabi, eyi nnyɛ nokware.

Jayādvaita: Dabi.

Prabhupāda: Nnyinaso no.

Jayādvaita: Sɛ yɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn a, wotena hɔ komm. Wonni nsɛmbisa biara. Nanso sɛ yebisa wɔn se den ne mo botae sɛ ekuw a? wonni mmuae biara

Prabhupāda: Sɛ y'andi nnɔboa a, yɛrentumi nnyɛ biribiara yiye. nkyekyɛmu wɔ honam dua yi mu - eti, nsa, yafunu ne nan. Saa ara, nipa kuw mu nso ɔsɔ sɔ yenya eti, anyansafo, asɔfo. Eyi na biribiara bɛkɔ so dwodwoo. Mprenpren yi, yenni anyansafo Nip fa kɛse no ara yɛ nkoa, nipa kuw a ɛtɔso anan no Kuw a edi kan ne abien no ebi enni hɔ. Enti basabasa yɛ afa nipa nommum. Nyansa enni hɔ.

Jayādvaita: nea wɔne yɛn nnyɛ adwene wɔ ho ara ne sɛ yɛwɔ brahmacārī, gṛhastha, vānaprastha, sannyāsa, na wɔmpɛ atie yɛn asɛm esiane sɛ wosusuw sɛ yetia wiase anigye

Prabhupāda: Yiw. Ewiase anigye yɛ mmoa anibuei. Na nhyɛso ne nipa anibuei. Ewiase anigye ɛnnyɛ nipa anibuei. Dabi. Wonnim Wɔn botae ne ewiase anigye Eyi ne wɔn haw. Wodi ewiase anibuei akyi susuw sɛ eyi ne nipa anibuei. Eyi ne ɔhaw no. Ewiase anigye yɛ mmoa anibuei. Wɔyɛ mmoa Sɛ wotumi kum wɔn mma a na wɔyɛ mmoa. tesɛ nnyinamoa, nkraman, wokum wɔn mma. Dɛn ni? Ɛyɛ aboa. Hena na na ɔre ka se wɔde abɔfra bi ato adesoa bi so no?

Hari-śauri: Kɔba bi a wɔde nnesoa sie mu. Ɛyɛ Trivikrama Mahārāja wɔ Japan man mu Ose mmɔfra boro mpem aha abien wogyaw wɔn wɔ kɔba yi mu na wɔkɔ.

Prabhupāda: Hyɛn gyinabea? Keteke gyinabea? Wogyaw adesoa? Fa hyɛ mu, to mu na mma bio. Na nka bɔne bi tu a....Eyi na ɔrekɔso. Eyi yɛ mmoa anibuei. Twe nnantwi nufusu na kum no. Eyi na wogu so reyɛ. Wɔtwe ne nufusu nyinaa na w'akum nantwi no. Na w'akum no. Nufusu ho hia mo, mony nufusu bebree, w'annya nufusu a wontume.... Na aboa a ɔma wo nufusu no wo yɛ wo na. Wɔn werɛ fi eyi. Ɛna ma wo nufusu na w'akum no? Eyi yɛ anibuei? Kum wo na? Na nufusu ho hia. Enti wokyi ne nyinaa. Annyɛ sa a dɛn nti na wotwe nufusu no fii nantwi mu? Ɛho hia. Enti adɛn na womma no ntena ase na ɔmma wo nufusu? wobetumi de nufusu ayɛ nnuan dɛdɛ ahorow bebree sa nyansa no wɔ he? Nufusu yɛ mogya Mfa mogya no mmom fa nufusu no na bɔ bra a ɛfata onipa a n'ani abue. Dabi. Wɔn ani mmuei. Asesaafo, kudasefo, sɛ wopɛ sɛ wodi nam a kum mmoa bi tesɛ mprako ne nkraman a wɔn ho nni mfaso. Monni wɔn nam, sɛ mopɛ a Kwan da hɔ, mprako ne nkraman de wotumi di. Esiane sɛ onibuei ni biara renni nam. Wɔn a w'ani mmuei no. Wɔn na wɔwɔ ho kwan sɛ wobedi nam. "Eye, mobetumi adi mprako, śvapaca." Nnipa a w'anni mmuei, wɔn na wodi mprako ne kraman nam. Wɔda so di. Enti wopɛ sɛ wodi nam a, kum na di mmoa wɔn ho enhia. Adɛn na wokum mmoa a wohia wɔn nufusu? Nyansa bɛn na ɛwɔ mu? Sɛ wofa Kṛṣṇa a, Okum Pūtanā na ɔmaa no nena dibea Esiane sɛ Kṛṣṇa susuw sɛ "Pūtanā yɛ Me Na esiane sɛ m'anum ne nufu Enti sɛ yenya nufusu firi nantwi ho a so nantwi ɛnnyɛ yɛn na? Hena na obetumi atena a ɔnnom nufusu? Na hena na ɔnnom nufusu da? Anɔpa biara yɛhia nufusu. Na aboa ma yɛn nufusu a so ɔnnyɛ yɛn maame a? Nyansa bɛn na ɛwɔmu? nimdeɛ diawuo. Na wɔpɛ sɛ wɔn ani gye? Eyi nti berebiara ako akɛse, ne awuwu awuwu rekɔ so.