AK/Prabhupada 0154 - Keep Your Weapon Always Sharpened



Room Conversation -- May 7, 1976, Honolulu

Tamāla Kṛṣṇa: Wɔ asɛm bi a w'akyerɛw no wɔ Back to Godhead nhoma no mu no, w'aka se Marx yɛ nipa hunu.

Prabhupāda: Yiw, dɛn ne ne botae? Sɛ wɔtoatoa adwene?

Tamāla Kṛṣṇa: Adwene kyerɛ bi a ɛkyerɛ sɛ adwene kyerɛ a ɛda nsew ma nsesa ba nipa abrabɔ mu.

Prabhupāda: ENti y'akyerɛw sunsum mu adwenekyerɛ ho asɛm biako.

Hari-śauri: Harikeśa de.

Prabhupāda: Harikeśa.

Tamāla Kṛṣṇa: Yiw. Kenkan kyerɛ yɛn. Ɔrekan nsɛm pa ɛyɛ me sɛ wɔ Enyiresi apuei mantɛm. Y'anya nkra. So w'akyerɛw wo nhoma?

Prabhupāda: Yiw. M'ate. Na ogu so de?

Tamāla Kṛṣṇa: Nkra a aba no kyerɛ sɛ mpɛn bi wɔ hɔ a ɔkɔ Enyiresi apuei aman so Mpɛn bebree ne fa kɛse no wɔ Enyiresi Aburokyiri, Gyaaman ɛne Skandinavia. W'atew kuw a wodi adanse san kyekyɛ nhoma. Na heefa amanso na ɔkɔ?

Osuani: Czechoslovakia, Hungary, ne Budapest.

Tamāla Kṛṣṇa: Ɔsan nso kɔ Kɔmunist aman so

Osuani: Wɔde wɔn nhoma so sie ngua no ase wɔ afiri no mu sɛnea wodu ɔhye no so a wɔrenhu. Wɔde nhoma no nyinaa sie nkongua no ase wɔ afiri no mu. WOdu kurow no so a na w'akyerkyɛ ama sukuufo.

Tamāla Kṛṣṇa: Nsakrae.

Prabhupāda: Eye koraa.

Devotee: Mpɛn bi wɔ hɔ a asɛm a ɔka no ɛnnyɛ ɛno na nea ɔkyerɛkyerɛ nsɛm no mu no ka efisɛ...

Tamāla Kṛṣṇa: Mpɛn bo wɔ hɔ a ne werɛ fi- mpɛn bebree nso ɔhwɛ ne ho yie ne nsɛmka mu Mpɛn abien ana abiɛsa bi de, odi Krishna ho adanse pɛpɛɛpɛ nɛ nea ɔkyerɛ mu no hwɛ no a ɔrenkyerɛ mu wɔ kuruow no mu kaka mu. Berebi wɔ hɔ a ne werɛ firi ne ho na w'adi Kṛṣṇa ho adanse sɛ ade nyinaa Agya. Na nea ɔkyerɛ kasa no mu no hwɛ no. Mmom ɔtaa kyerɛ nsɛm no nyinaan mu.

Prabhupāda: W'abɔ adwuma.

Tamāla Kṛṣṇa: Ɔwɔ ahoɔden na ɔsan yɛ onimdefo.

Prabhupāda: Enti saa no...Mowɔ nimdeɛ, mobetumi ahyehyɛ nneɛma. Botae a edi kan no ne sɛ mobɛkyekyɛ nsoma no Bhāgavata nam abɛbu so akyerɛ mo sɛ yɛ wɔ honam dua yi ne afa bi a ɛkeka ho. Ɛte sɛ Arjuna a ɔte pɔnkɔfiri so no. Ɔhyɛnkafo no, apɔnkɔ ne ahama nyinaa wɔ hɔ. Asase, ne pia ne agyan. W'aka no abebu mu. Enti eyi na yɛde bekum nopa a wɔmpɛ Kṛṣṇa som yi. na ɔde saa nneɛma yi nyinaa ama. yɛn.. Ɛte sɛ ako akyi no, ɛyɛ nkunim nkutoo, na w'akum wɔn. Saa ara na honam dua yi wɔ hɔ, nyansa wɔ hɔ na atenka nso wɔ hɔ. Enti momfa ne nyinaa nso ntia ewiase asetena. Na afei fi honam dua yi mu na kɔ fie.

Tamāla Kṛṣṇa: So, osusani no, mekyerɛ sɛ wohyɛ yɛn nkuran bere biara sɛ yɛnko nkɔ yɛn anim...

Prabhupāda: Eyi botae ne sɛ mobɛyɛ krado. Eyi nso w'akyerɛkyerɛ mu. Sɛ wosom wokyerɛkyerɛfo no no wosiesie wo ho. Na w'asrɛ mmoa afiri Kṛṣṇa. hɔ. Ɔkyerɛkyerɛfo no nsɛm ne yɛn akode. Na, yasya prasādad bhagavata...Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ani gye a na Kṛṣṇa de mmoa bɛba. Ɔma wo ahoɔden. Sɛ wowɔ pia na wonni ahoɔden a, dɛn ne pia no ho mfaso? Kṛṣṇa bɛma wo ahoɔden, na w'akyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so ako akum w'atamfo. W'akyerɛ biribiara mu. Enti, Caitanya Mahāprabhu (se) guru-kṛṣṇa-kṛpāya (CC Madhya 19.151), Fa ɔkyerɛkyerɛfo nsɛm sew w'akode no ano na Kṛṣṇa bɛma wo ahoɔden na w'adi nkunim. Ɛyɛ me sɛ me kyerɛɛ abɛbu yi ase nnɛra anadwo. Asɛm bi wɔ ha, acyuta bala, acyuta bala. Puṣṭa Kṛṣṇa wɔ ha?

Hari-śauri: Puṣṭa Kṛṣṇa?

Prabhupāda: Yɛyɛ Kṛṣṇa asraafo, Arjuna nkoa. Nea ehia ara ne sɛ wobedi nsɛm no so, na w'adi nkonim wɔ w'atamfo so. Wɔdɔɔso de nanso, wonni tumi biara Ɛte sɛ Kurufo ne Pāṇḍavafo no. Wonni ahoɔden, yatra yogeśvaraḥ kṛṣṇaḥ (BG 18.78). Ma Kṛṣṇa nnyina wo nkyɛn, na biribiara besi wo yiye. Tatra śrīr vijayo.