AK/Prabhupada 0159 - Big, Big Plans to Educate People How to Work Hard



Lecture on SB 5.5.15 -- Vrndavana, November 3, 1976

Nkurow akɛse akɛse te sɛ Calcutta, Bombay, London, New York mu no, obiara reyɛ adwuma den. Ɛnnyɛ sɛ kurow akɛse mu no wommrɛ na wo nsa akɔ w'ano. Daabi. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ aduma. Na obiara yɛ adwuma den. So wo susuw sɛ obiara wɔ dibea koro mu ana? Daabi. Ɛnte sa. Hyɛbrɛ. Hyɛbrɛ. Obi yɛ adwuma den awia ne anadwo, daa nyinaa; nanso n'akatua ara ne capātī abien, ɛno ara nen. Y'ahu saa wɔ Bombay. Wɔn asetena nnye koraa, enti ade akye mpo a wɔsɔ kerosin kanea. Wɔte fi mu. So eyi kyerɛ sɛ obiara a ɔwɔ Bombay te yie? Daabi. Saa ara, kurow biara. Ɛnnyɛ yie Ɛnnyɛ adwuma den nko na ɛbɛma wo mpuntu. Ɛnte sa. Sɛ wobɛyɛ adwuma den ana wonnyɛ, nea wo hyɛberɛ ahyehyɛ ato hɔ ama wo no ɛno na wobenya. Enti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔden yɛ...mal-loka-kāmo mad-anugrahārthaḥ. Ɛsɛ sɛ yɛse yɛn ahoɔden yɛ nnwuma a ɛbɛsɔ Kṛṣṇa ani. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ni. Eyi na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔden yɛ, ɛnnyɛ sɛ yɛbɛsɛe yɛn bere ayɛ adwuma a yesusuw sɛ ɛbɛmɛ yɛn anigye Mɛyɛ sɛɛ. Mɛyɛ saa. Mɛfa saa kwan yi so ayɛ adwuma anya sika. Mɛ....." Dɔtenwenefo no anansesɛm no. Dɔte nwenefo yi susuw sɛ. Ɔwɔ kutu kakra na ɔyɛ n'adwene sɛ, "Afei a mɛnya kutu anan yi, mɛtɔn. Menya mfaso. Na manwene kutu du. Na matɔn kutu du yi anya mfaso. Menya dutu aduonu, na aduasa, aduanan. Saa ara na mada osikani. Saa bere no mɛware, na m'ahyɛ meyere so. Sɛ w'annyɛ osetie a, metu me nana abɔ no sɛɛ." Enti otuu ne nan na ne nan kɔbɔɔ ne kutu no na ne nyinaa bobɔe. (Serew). Enti ne dae so no nyinaa ayera. W'ahu? Saa ara, yɛreso dae nkutoo. Nkutu kakraa a yɛwɔ, yɛso dae sɛ "kutu yi bɛyɛ bebree", na asa. Nnya daeso, yw nhye hyɛe. Ɛne sɛ.. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne aban no hwɛ no yiye sɛ "Saa asesaa fo yi rennya nhyehyɛe. Saa ɔsesaafo yi rennyɛ nhyehyɛe a ɛbɛmɛ no anigye. "Na yojayet karmasu karma-mūḍhān. Eyi yɛ karma-jagat, ewiase yi. Saa na ewiase yi te. W'ayɛ wɔn adwene dedaw, enti mfaso bɛn na ɛwɔ so? Loke vyayāyāmiṣa-madya-sevā nityāstu jantuḥ. Ɛte sɛ mpa mu agoru. Mpa mu agoru yɛ agoru a wodi. Ɛho nhia sɛ obi bɛkɔ sukuu pɔn akosua sɛnea wodi mpa mo agoru. Nipa de begye wɔn ani. Obiara enni hɔ a wɔkyerɛɛ no sɛnea wɔserew ana sɛnea wosu ana sɛnea wodi mpa mu agoru. Bengalifo wɔ abebu bi. Eyi yɛ ade a wɔnkyerɛ Saa karma yi, sukuukɔ biara ho ho enhia. Mprenpren yi, wɔyɛ nsusuwii akɛse a wɔde bɛkyerɛ nipa akwan a wɔbɛyɛ adwuma den. Eyi nyinaa yɛ beresɛe. Ɛsɛ sɛ sukuu yɛ bea bi a wɔkyerɛ akwan a nipa bɛfaso anya Nyame suro, ɛnnyɛ biribi foforo bi. Eyi yɛ bere sɛe, esiane sɛ saa ade yi ɛnnyɛ yie. Tal labhyate duḥkhavad anyataḥ sukhaṁ kālena sarvatra gabhīra-raṁhasā. Abɔde ho mmara reyɛ adwuma Prakṛteḥ kriyamāṇāni guṇaiḥ karmāṇi sarvaśaḥ (BG 3.27).

Nea ebesi biara...Enti yɛn Vedic anibuei ne sɛ sɛ nipa ani sɔ nea ɔwɔ ne tebea a ɔwɔ mu, brāhmaṇa, kṣatriya, vaiśya, śūdra. Nea Awurade adom obenya no, n'ani bɛsɔ. N'ahoɔden no ɔde yɛ adwuma sɛnea obenya Kṛṣṇa ahumɔbɔ. Eyi na ehia. sɛnea yebesua ahobrɛase ama Kṛṣṇa. Afei, ahaṁ tvāṁ sarva-pāpebhyo mokṣayiṣyāmi (BG 18.66). Eyi ne awiei. India kurow mu yenhu no sa... Anyamesurofo mapa a w'adi kan no, wɔkyerɛw nhoma bebree, nanso wɔte dɔte dan mu. Ahemfo ne amanyɔfo nkutoo na esiane sɛ ɛsɛ sɛ wodi aman so no nti wosisi adan akɛse. Wɔnko too. Wɔn asetena yɛ awɛmfo asetena. Wɔnsɛe wɔn bere wɔ mpuntu, adan si ne akwan akɛse ne nea ɛkekaho ho. Eyi nnyɛ Vedic anibuei. Ɛyɛ abonsamfo anibuei.